Numeri 36:1-13

  • Mmea a wɔde wɔn agyanom agyapade ma wɔn ne aware ho mmara a ɛwɔ hɔ ma wɔn (1-13)

36  Manase ba Makir+ ba Gilead abusua no mu mpanyimfo, a wɔn nyinaa yɛ Yosef mma mmusua baa Mose ne Israel mpanyimfo a wɔyɛ wɔn mmusua mu mpanyimfo anim, na wɔbɛkaa asɛm bi kyerɛɛ wɔn.  Wɔkae sɛ: “Yehowa ka kyerɛɛ me wura sɛ ɔmmɔ ntonto mfa nkyɛ asaase no+ mma Israelfo sɛ wɔn agyapade. Na Yehowa ka kyerɛɛ me wura sɛ ɔmfa yɛn nua Selofehad agyapade mma ne mma mmea.+  Sɛ wɔware mmarima fi Israel abusuakuw foforo mu a, mmea no agyapade no befi yɛn agyanom agyapade mu akɔka abusuakuw a wɔakɔware wom no de ho. Ɛba saa a, ebefi agyapade a wɔbɔɔ ntonto de maa yɛn no mu.  Na sɛ Israelfo Ahofadi Afe+ no du a, wɔde mmea no agyapade bɛka mmusuakuw a wɔakɔware wom no agyapade ho. Ɛba saa a, wobeyi wɔn agyapade no afi yɛn agyanom mmusuakuw agyapade mu.”  Ɛnna Mose nam Yehowa asɛm so ka kyerɛɛ Israelfo sɛ: “Asɛm a Yosef mma abusuakuw aka no yɛ nokware.  Asɛm a Yehowa reka akyerɛ Selofehad mma mmea no ne sɛ: ‘Wobetumi aware obiara a wɔpɛ. Nanso ɛsɛ sɛ wɔware obi a ofi wɔn agyanom abusuakuw mmusua no bi mu.  Ɛnsɛ sɛ Israelfo agyapade fi abusuakuw baako mu kɔ abusuakuw foforo mu, na Israelni biara nkura n’agyanom abusuakuw agyapade mu.  Ɔbea biara a obenya agyapade wɔ Israel abusuakuw mu no, ɛsɛ sɛ ɔware obi a ofi ne papa abusuakuw mu,+ sɛnea ɛbɛyɛ a Israelfo nananom agyapade bɛka wɔn nsam.  Ɛnsɛ sɛ agyapade biara fi abusuakuw baako mu kɔ abusuakuw foforo mu, na Israel abusuakuw biara nkura n’agyapade mu.’” 10  Na Selofehad mma mmea no yɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no pɛpɛɛpɛ.+ 11  Enti Selofehad mma mmea+ a wɔn din de Mahla, Tirsa, Hogla, Milka, ne Noa no warewaree wɔn papa nuanom mma mmarima. 12  Wɔwarewaree Yosef ba Manase mmusua mu mmarima, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn agyapade bɛka wɔn papa abusua abusuakuw mu. 13  Eyi ne ahyɛde ne atemmusɛm a Yehowa nam Mose so de maa Israelfo wɔ Moab sare so, baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko no.+

Ase Hɔ Nsɛm