Numeri 4:1-49

  • Kohatfo adwuma (1-20)

  • Gersonfo adwuma (21-28)

  • Merarifo adwuma (29-33)

  • Nnipa a wɔkan wɔn no dodow (34-49)

4  Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:  “Monkan Kohatfo+ a wɔwɔ Lewifo mu, na munhu nnipa dodow a wɔwɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom abusuafi.  Monkan wɔn a wɔadi mfe 30+ kosi mfe 50+ a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiae ntamadan no mu no nyinaa.+  “Eyi ne adwuma a Kohatfo bɛyɛ wɔ ahyiae ntamadan no mu;+ ɛyɛ ade kronkron paa. Ɛne sɛ:  Sɛ wɔretu* afi baabi a wɔsoɛe no a, Aaron ne ne mma no bɛba ɔsom ntamadan no mu abeyi ntwamutam no,+ na wɔde akata Adanse Adaka+ no ho.  Afei wɔde sukraman* nhoma bɛkata so, na wɔde ntama bruu agu so, na wɔde ɛho nnua a wɔde soa no+ ahyehyɛ nea ɛhyɛ.  “Bio nso, ɔpon a wɔhyehyɛ paanoo a wɔde kyerɛ wɔ so no,+ wɔde ntama bruu bɛsɛw so, na wɔde nyowa ne nkuruwa nketewa ne nkankyee ne nkuruwa akɛse no asisi so, nkuruwa akɛse a wɔde nsã a wɔde bɔ nsã afɔre gu mu no;+ paanoo a esisi so daa no,+ ensisi so.  Afei wɔde ntama kɔkɔɔ begu so, na wɔde sukraman nhoma akata so, na wɔde ɛho nnua a wɔde soa no+ ahyehyɛ nea ɛhyɛ.  Bio nso, wɔde ntama bruu bɛkata kaneadua+ a wɔde nkanea sisi so no ho, ne ɛho nkanea,+ ne ɛho nneɛma a wɔde fa ogya,+ ne nkankyee a wɔde ogya gu mu no ho, ne nneɛma a wɔde kanea mu ngo gu mu no nyinaa ho. 10  Afei wɔde sukraman nhoma nkataso bedura kaneadua no ne ɛho nneɛma nyinaa ho, na wɔde ato dua a wɔde bɛsoa no so. 11  Ɛno akyi no, wɔde ntama bruu bɛfa sika kɔkɔɔ afɔremuka no+ ho, na wɔde sukraman nhoma akata so, na wɔde ɛho nnua a wɔde soa no+ ahyehyɛ nea ɛhyɛ. 12  Na wɔde nneɛma a wɔde som wɔ kronkronbea hɔ no nyinaa+ begu ntama bruu mu, na wɔde sukraman nhoma afa ho, na wɔde ato dua a wɔde bɛsoa no so. 13  “Wɔnsesaw afɔremuka no mu nsõ* mfi mu,+ na wɔmfa ntama afasebiri nkata so. 14  Afei wɔmfa nneɛma a wɔde som wɔ afɔremuka no so nyinaa ngu so. Nneɛma no ne, nkankyee a wɔde ogya gu mu, adinam, sofi, ne nkankyee, kyerɛ sɛ, nneɛma a wɔde yɛ afɔremuka no so adwuma nyinaa.+ Wowie a, wɔmfa sukraman nhoma nkataso nkata so, na wɔmfa ɛho nnua a wɔde soa no+ nhyehyɛ nea ɛhyɛ. 15  “Sɛ wɔretu afi baabi a wɔsoɛe no a, Aaron ne ne mma bɛkata kronkronbea no ne nneɛma a ɛwɔ kronkronbea hɔ no nyinaa ho.+ Wowie a, na Kohatfo no aba hɔ abɛsoa.+ Nanso, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho ka kronkronbea no, anyɛ saa a, wobewu.+ Eyinom ne Kohatfo no asɛde* a wɔwɔ wɔ ahyiae ntamadan no ho. 16  “Ɔsɔfo Aaron ba Eleasar+ na ɔbɛhwɛ ngo a wɔde begu kanea mu,+ ne aduhuam,+ ne daa aduan afɔre, ne ɔsrango no+ so. Ɔno na ɔbɛhwɛ ɔsom ntamadan no nyinaa ne emu nneɛma nyinaa so; kronkronbea no ne ɛho nneɛma nyinaa nso ka ho.” 17  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 18  “Monhwɛ na wɔantwa Kohatfo mmusua+ amfi Lewifo mu. 19  Monyɛ eyi mma wɔn na wɔatena nkwa mu na wɔamma nneɛma a ɛyɛ kronkron paa+ no ho ammewuwu. Aaron ne ne mma bɛba ɔsom ntamadan no mu abɛkyerɛ adwuma a obiara bɛyɛ ne nea ɔbɛsoa. 20  Ɛnsɛ sɛ wɔba hɔ* ma wɔn ani bɔ nneɛma kronkron no so ketekete mpo na wɔanwu.”+ 21  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 22  “Monkan Gersonfo+ nhu nnipa dodow a wɔwɔ wɔn agyanom abusuafi ne wɔn mmusua mu. 23  Monkan wɔn a wɔadi mfe 30 kosi mfe 50 a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiae ntamadan no mu no nyinaa. 24  Adwuma a Gersonfo mmusua bɛyɛ ne nneɛma a wɔbɛsoa ni:+ 25  Wɔbɛsoa ɔsom ntamadan no ho ntama,+ ne ahyiae ntamadan no ho ntama, ne ne nkataso, ne sukraman nhoma nkataso a egu so,+ ne ntama a ɛsɛn ahyiae ntamadan no kwan ano,+ 26  ne ntama a ɛsensɛn adiwo no ho,+ ne ntama* a ɛwɔ adiwo no ano,+ adiwo a ɛwɔ ɔsom ntamadan no ne afɔremuka no ho no, ne ɛho nhama, ne ɛho nneɛma nyinaa ne biribiara a wɔde yɛ ɛho adwuma. Ɛno ne wɔn adwuma. 27  Aaron ne ne mma na wɔbɛhwɛ Gersonfo+ nnwuma ne nneɛma a wɔbɛsoa nyinaa so. Mode nnesoa yi nyinaa bɛma wɔn; ɛno na ɛbɛyɛ wɔn adwuma. 28  Eyi ne adwuma a Gersonfo mmusua bɛyɛ wɔ ahyiae ntamadan no mu,+ na ɔsɔfo Aaron ba Itamar na ɔbɛhwɛ wɔn adwuma no so.+ 29  “Na Merarifo+ no de, monkan wɔn nhu nnipa dodow a wɔwɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom abusuafi. 30  Monkan wɔn a wɔadi mfe 30 kosi mfe 50 a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiae ntamadan no mu no nyinaa. 31  Adwuma a wɔbɛyɛ wɔ ahyiae ntamadan no ho ni:+ wɔbɛsoa ɔsom ntamadan nnua no,+ ne ne mmeamu,+ ne ɛho adum no,+ ne ne nnyinaso,+ 32  adum+ a atwa adiwo no ho ahyia, ne adum no nnyinaso,+ ne nnua a wɔde bɔ ntamadan no mu tim fam,+ ne ɛho nhama ne emu nneɛma nyinaa, ne eyinom ho adwuma biara. Mommɔ obiara din na monkyerɛ no nneɛma a ɔbɛsoa. 33  Eyi ne adwuma a Merarifo mmusua+ bɛyɛ wɔ ahyiae ntamadan no mu, na ɔsɔfo Aaron ba Itamar na ɔbɛhwɛ wɔn adwuma no so.”+ 34  Afei Mose ne Aaron ne asafo no mu mpanyimfo+ no kan Kohatfo+ huu nnipa dodow a ɛwɔ wɔn mmusua ne wɔn agyanom abusuafi, 35  wɔn a wɔadi mfe 30 kosi mfe 50 a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiae ntamadan no mu no nyinaa.+ 36  Nnipa a wɔkan wɔn wɔ wɔn mmusua mu no, wɔn nyinaa dodow yɛ 2,750.+ 37  Wɔkan eyinom wɔ Kohatfo mmusua no mu, wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiae ntamadan no ho nyinaa. Mose ne Aaron kan wɔn sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.+ 38  Na wɔkan Gersonfo+ huu nnipa dodow a ɛwɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom abusuafi, 39  wɔn a wɔadi mfe 30 kosi mfe 50 a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiae ntamadan no mu no nyinaa. 40  Nnipa a wɔkan wɔn wɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom abusuafi no, wɔn nyinaa dodow yɛ 2,630.+ 41  Eyinom ne Gersonfo mmusua a wɔkan wɔn, wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiae ntamadan no mu no nyinaa. Mose ne Aaron kan wɔn sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.+ 42  Na wɔkan Merarifo huu nnipa dodow a ɛwɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom abusuafi, 43  wɔn a wɔadi mfe 30 kosi mfe 50 a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiae ntamadan no mu no nyinaa.+ 44  Nnipa a wɔkan wɔn wɔ wɔn mmusua mu no, wɔn nyinaa dodow yɛ 3,200.+ 45  Eyinom ne Merarifo mmusua a wɔkan wɔn, wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiae ntamadan no mu no nyinaa. Mose ne Aaron kan wɔn sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.+ 46  Enti Mose ne Aaron ne Israel mpanyimfo no kan Lewifo yi nyinaa huu nnipa dodow a ɛwɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom abusuafi. 47  Ná wɔadi mfe 30 kosi mfe 50, na na wɔn nyinaa yɛ adwuma wɔ ahyiae ntamadan no mu, na na wɔsoa ɛho nneɛma.+ 48  Nnipa a wɔkan wɔn no nyinaa dodow yɛ 8,580.+ 49  Wɔkan wɔn sɛnea Yehowa nam Mose so kae no. Wɔkan wɔn sɛnea obiara adwuma ne n’adesoa te. Sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, saa ara na wɔkan wɔn.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Israelfo no retu.”
Aboa bi a ɔwɔ nsu mu.
Anaa “srade nsõ,” kyerɛ sɛ, nsõ ne mmoa srade a adi afra.
Nt., “adesoa.”
Anaa “Kohatfo no ba hɔ.”
Anaa “ntwamutam.”