Numeri 5:1-31

  • Munyi nea ne ho ntew mfi mo mu (1-4)

  • Ɔnka ne bɔne na ɔnhyɛ ananmu (5-10)

  • Nsu a wɔde ma obi de hwɛ sɛ wasɛe aware anaa (11-31)

5  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, obiara a ɔyare kwata, obiara a ne ho nsu sen, ne obiara a efunu* ama ne ho agu fĩ a ɔwɔ wɔn mu no, wonyi no mfi asoɛe hɔ.+  Ɔbarima oo, ɔbea oo, munyi no mfi mo mu. Munyi no nkɔ asoɛe no akyi, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrengu wɔn a mete wɔn mu no asoɛe ho fĩ.”+  Enti Israelfo no yɛɛ saa, na woyii wɔn kɔɔ asoɛe no akyi. Sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, saa ara na Israelfo no yɛe.  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, ‘Sɛ ɔbarima anaa ɔbea kɔyɛ bɔne a nnipa taa yɛ no bi, na wanni Yehowa nokware a, saa onipa* no di fɔ.+  Ɔnka* ne* bɔne,+ na ontua ade no bo pɛpɛɛpɛ mfa mpata mma ne bɔne no, na ɔnsan nkyɛ bo no mu anum mfa baako nka ho;+ ɔmfa mma nea ɔyɛɛ no bɔne no.  Na sɛ nea wɔayɛ no bɔne no nni obusuani biara a ɔbɛn no a wobetua mpata ade no ama no a, ɛnde ɔmfa nkɔma Yehowa, na ɛbɛyɛ ɔsɔfo no dea; ɔde bɛka odwennini a ɔsɔfo no de bɛbɔ afodi afɔre de apata ama no no ho.+  “‘Ntoboa kronkron+ biara a Israelfo no de bɛma ɔsɔfo no, ɛbɛyɛ ɔsɔfo no dea.+ 10  Ade kronkron a obiara wɔ no yɛ ne de. Na ade biara a obi de bɛma ɔsɔfo no, ɛno na ɛbɛyɛ ɔsɔfo no dea.’” 11  Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 12  “Wo ne Israelfo no nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ ɔbarima bi yere anni ne kunu nokware, na ofi ne kunu akyi 13  ma ɔbarima foforo ne no da,+ na ne kunu no nnim ho hwee anaa ɔbea no mmɔɔ so nkyerɛɛ obiara, ma enti ne ho agu fĩ, nanso ɛho dansefo biara nni hɔ, na wɔnkyeree no nso a, nea ɛsɛ sɛ moyɛ ni: 14  Sɛ ɛyɛ ampa sɛ ɔbea no agu ne ho fĩ nti na ne kunu no retwe ninkunu ɛnna n’adwene yɛ no sɛ ne yere afi n’akyi oo, sɛ nso ɔbea no nguu ne ho fĩ na ne kunu no retwe ninkunu ɛnna n’adwene yɛ no sɛ ɔbea no afi n’akyi oo, 15  ɔbarima no mfa ne yere no mmrɛ ɔsɔfo no, na ɔmfa baali* esiam efa nkyem du mu baako* nka ho sɛ ɔbea no afɔre. Ɛnsɛ sɛ ohwie ngo gu so anaa ɔde ɛhyɛ* gu so, efisɛ ɛyɛ ninkuntwe ho aduan afɔre, aduan afɔre a ɛma wɔkae afodi. 16  “Afei ɔsɔfo no mma ɔbea no mmra mmegyina Yehowa anim.+ 17  Ɔsɔfo no nsaw nsu kronkron ngu kuku mu, na ɔsɔfo no mfa mfuturu a ɛwɔ fam hɔ wɔ ɔsom ntamadan no mu no bi ngu nsu no mu. 18  Ɔsɔfo no mma ɔbea no nnyina Yehowa anim na ɔnsan ɔbea no ti nwi. Afei ɔsɔfo no mfa nkae aduan afɔre no, kyerɛ sɛ, ninkuntwe ho aduan afɔre no nhyɛ ɔbea no nsam,+ na ɔsɔfo no mfa nsu nwenweenwene a ɛde nnome ba no nkura.+ 19  “‘Afei ɔsɔfo no mma ɔbea no nka ntam, na ɔnka nkyerɛ ɔbea no sɛ: “Sɛ ɔbarima biara ne wo nnae bere a wohyɛ wo kunu ase yi,+ na wumfii wo kunu akyi nkoguu wo ho fĩ a, ɛnde mma nsu nwenweenwene a ɛde nnome ba yi nnyɛ wo hwee. 20  Nanso sɛ woafi wo kunu akyi bere a wohyɛ n’ase akogu wo ho fĩ, na wo ne ɔbarima foforo a ɔnyɛ wo kunu akɔda a,—”+ 21  Afei ɔsɔfo no mma ɔbea no nka ntam a nnome wom, na ɔsɔfo no nka nkyerɛ ɔbea no sɛ: “Yehowa mma wonnan biribi a nkurɔfo de dome na wɔde ka ntam wɔ wo man mu, na Yehowa mma wo srɛ* nhi* na w’afuru nhon. 22  Nsu a ɛde nnome ba yi bɛkɔ wo nsono mu na ɛbɛma w’afuru ahon na ama wo srɛ* ahi.”* Owie a, ɔbea no nka sɛ: “Amen! Amen!”* 23  “‘Afei ɔsɔfo no nkyerɛw nnome yi ngu nhoma mu na ɔnhohoro ngu nsu nwenweenwene no mu. 24  Owie a, ɔmfa nsu nwenweenwene a ɛde nnome ba no mma ɔbea no nnom. Na nsu a ɛde nnome ba no bɛkɔ ɔbea no mu, na ɛbɛyɛ nwenweenwene wɔ ne mu. 25  Afei ɔsɔfo no nnye ninkuntwe ho aduan afɔre no+ mfi ɔbea no nsam, na onhim aduan afɔre no wɔ Yehowa anim, na ɔmfa mmra afɔremuka no ho. 26  Aduan afɔre no, ɔsɔfo no nsaw ne nsa ma, na ɛno nnyina hɔ mma afɔre no nyinaa, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so.+ Owie a, ɔmma ɔbea no nnom nsu no. 27  Sɛ ɔma ɔbea no nom nsu no, na sɛ ampa ɔbea no agu ne ho fĩ na wafi ne kunu akyi a, nsu a ɛde nnome ba no bɛkɔ ɔbea no mu, na ɛbɛyɛ nwenweenwene wɔ ne mu, na n’afuru bɛhon na ne srɛ* ahi,* na ɔbea no bɛdan biribi a nkurɔfo de dome wɔ ne man mu. 28  Nanso sɛ ɔbea no nguu ne ho fĩ, na ne ho tew a, ɛnde saa asotwe no remma no so, na obetumi anyinsɛn awo. 29  “‘Eyi ne ninkuntwe ho mmara a ɛwɔ hɔ.+ Sɛ ɔbea a ɔhyɛ ne kunu ase fi ne kunu akyi na okogu ne ho fĩ, 30  anaasɛ ɔbarima bi twe ninkunu, na n’adwene yɛ no sɛ ne yere afi n’akyi a, ɛsɛ sɛ ɔde ne yere no begyina Yehowa anim, na ɔsɔfo no de nea mmara yi ka nyinaa yɛ no. 31  Ɔbarima no de, ɔnyɛɛ bɔne biara, na ne yere no de, ɔbɛsoa ne bɔne.’”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ɔkra bi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ɔkra.”
Nt., “Wɔnka.”
Nt., “wɔn.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.
Efa nkyem du mu baako yɛ lita 2.2 (ennu olonka baako). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “nfɔn.” Ebetumi akyerɛ sɛ ɔrenwo.
Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa awode ho.
Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa awode ho.
Anaa “afɔn.” Ebetumi akyerɛ sɛ ɔrenwo.
Anaa “Ɛnyɛ Hɔ! Ɛnyɛ Hɔ!”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa awode ho.
Anaa “afɔn.” Ebetumi akyerɛ sɛ ɔrenwo.