Numeri 7:1-89

  • Nneɛma a wɔde bɔɔ afɔre bere a wohyiraa ntamadan no so (1-89)

7  Da a Mose sii ɔsom ntamadan no wiei no,+ ɔsraa ɔsom ntamadan no,+ na ɔtew ho, ɛne emu nneɛma nyinaa, afɔremuka no, ne ɛho nneɛma nyinaa.+ Bere a ɔsraa saa nneɛma yi nyinaa tew ho wiei no,+  Israel mpanyimfo,+ mpanyimfo a wɔdeda wɔn agyanom abusuafi ano no de nneɛma a wɔde bɛbɔ afɔre bae. Mmusuakuw mpanyimfo yi a wɔhwɛ ma wɔkyerɛw din no  de nneɛma a wɔde bɛbɔ afɔre yi baa Yehowa anim: Nteaseɛnam asia a wɔakata so ne anantwi 12. Mpanyimfo baanu biara de teaseɛnam baako bae, na ɔpanyin biara de nantwi* baako bae. Wɔde ne nyinaa baa ɔsom ntamadan no anim.  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Gye nneɛma a wɔde aba no, na wɔde bɛyɛ ahyiae ntamadan no ho adwuma. Fa ma Lewifo no; nea obiara behia de ayɛ n’adwuma no, fa ma no.”  Enti Mose gyee nteaseɛnam ne anantwi no, na ɔde maa Lewifo no.  Ɔde nteaseɛnam abien ne anantwi anan maa Gersonfo no, efisɛ ɛno na na wobehia de ayɛ wɔn adwuma;+  na ɔde nteaseɛnam anan ne anantwi awotwe maa Merarifo no, efisɛ ɛno na na wobehia de ayɛ wɔn adwuma. Ɔsɔfo Aaron ba Itamar na na ɔhwɛ wɔn adwuma no so.+  Nanso Kohatfo no de, wamma wɔn bi, efisɛ kronkronbea hɔ na na wɔyɛ adwuma,+ na na wɔsoa nneɛma kronkron no wɔ wɔn mmati.+ 10  Mpanyimfo no de nneɛma a wɔde bɛbɔ afɔre no bae da a wɔsraa afɔremuka no hyiraa so* no. Bere a mpanyimfo no de nneɛma no baa afɔremuka no anim no, 11  Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ma mpanyimfo no mfa nneɛma a wɔde bɛbɔ afɔre no mmra mmaako mmaako; ɔpanyin baako de ne de ba nnɛ a, na ɔpanyin foforo de ne de aba da a edi hɔ. Saa na wɔmfa mmra mma wonhyira afɔremuka no so.” 12  Nea ɔde ne nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔre bae da a edi kan no ne Aminadab ba Naason+ a ofi Yuda abusuakuw mu no. 13  Nneɛma a ɔde bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre ne dwetɛ ayowa baako a emu duru yɛ nnwetɛbona* 130 ne dwetɛ kankyee baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 70, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.*+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduan afɔre.+ 14  Nea ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa* a emu duru yɛ nnwetɛbona 10 a aduhuam ayɛ no ma; 15  afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre;+ 16  ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre;+ 17  ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne adwennini nkumaa anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre.+ Eyi ne nneɛma a Aminadab+ ba Naason de bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre. 18  Da a ɛto so abien no, Suar ba Netanel+ a ɔyɛ Isakarfo abusuapanyin no de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔre no bae. 19  Nneɛma a ɔde bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre ne dwetɛ ayowa baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 130 ne dwetɛ kankyee baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 70, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduan afɔre.+ 20  Nea ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona 10 a aduhuam ayɛ no ma; 21  afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre;+ 22  ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre;+ 23  ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne adwennini nkumaa anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre.+ Eyi ne nneɛma a Suar ba Netanel de bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre. 24  Da a ɛto so abiɛsa no, Helon ba Eliab+ a ɔyɛ Sebulonfo abusuapanyin no 25  de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔre no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 130 ne dwetɛ kankyee baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 70, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduan afɔre.+ 26  Nea ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona 10 a aduhuam ayɛ no ma; 27  afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre;+ 28  ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre;+ 29  ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne adwennini nkumaa anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre.+ Eyi ne nneɛma a Helon ba Eliab+ de bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre. 30  Da a ɛto so anan no, Sedeo ba Elisur+ a ɔyɛ Rubenfo abusuapanyin no 31  de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔre no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 130 ne dwetɛ kankyee baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 70, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduan afɔre.+ 32  Nea ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona 10 a aduhuam ayɛ no ma; 33  afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre;+ 34  ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre;+ 35  ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne adwennini nkumaa anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre.+ Eyi ne nneɛma a Sedeo ba Elisur+ de bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre. 36  Da a ɛto so anum no, Surisadai ba Selumiel+ a ɔyɛ Simeonfo abusuapanyin no 37  de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔre no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 130 ne dwetɛ kankyee baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 70, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduan afɔre.+ 38  Nea ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona 10 a aduhuam ayɛ no ma; 39  afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre;+ 40  ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre;+ 41  ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne adwennini nkumaa anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre.+ Eyi ne nneɛma a Surisadai ba Selumiel+ de bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre. 42  Da a ɛto so asia no, Deuel ba Eliasaf+ a ɔyɛ Gadfo abusuapanyin no 43  de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔre no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 130 ne dwetɛ kankyee baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 70, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduan afɔre.+ 44  Nea ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona 10 a aduhuam ayɛ no ma; 45  afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre;+ 46  ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre;+ 47  ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne adwennini nkumaa anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre.+ Eyi ne nneɛma a Deuel ba Eliasaf+ de bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre. 48  Da a ɛto so ason no, Amihud ba Elisama+ a ɔyɛ Efraimfo abusuapanyin no 49  de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔre no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 130 ne dwetɛ kankyee baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 70, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduan afɔre.+ 50  Nea ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona 10 a aduhuam ayɛ no ma; 51  afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre;+ 52  ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre;+ 53  ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne adwennini nkumaa anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre.+ Eyi ne nneɛma a Amihud ba Elisama+ de bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre. 54  Da a ɛto so awotwe no, Pedasur ba Gamaliel+ a ɔyɛ Manasefo abusuapanyin no 55  de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔre no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 130 ne dwetɛ kankyee baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 70, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduan afɔre.+ 56  Nea ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona 10 a aduhuam ayɛ no ma; 57  afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre;+ 58  ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre;+ 59  ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne adwennini nkumaa anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre.+ Eyi ne nneɛma a Pedasur ba Gamaliel+ de bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre. 60  Da a ɛto so akron no, Gideoni ba Abidan+ a ɔyɛ Benyaminfo abusuapanyin+ no 61  de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔre no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 130 ne dwetɛ kankyee baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 70, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduan afɔre.+ 62  Nea ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona 10 a aduhuam ayɛ no ma; 63  afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre;+ 64  ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre;+ 65  ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne adwennini nkumaa anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre.+ Eyi ne nneɛma a Gideoni ba Abidan+ de bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre. 66  Da a ɛto so du no, Amisadai ba Ahiesa+ a ɔyɛ Danfo abusuapanyin no 67  de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔre no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 130 ne dwetɛ kankyee baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 70, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduan afɔre.+ 68  Nea ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona 10 a aduhuam ayɛ no ma; 69  afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre;+ 70  ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre;+ 71  ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne adwennini nkumaa anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre.+ Eyi ne nneɛma a Amisadai ba Ahiesa+ de bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre. 72  Da a ɛto so dubaako no, Okran ba Pagiel+ a ɔyɛ Aserfo abusuapanyin no 73  de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔre no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 130 ne dwetɛ kankyee baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 70, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduan afɔre.+ 74  Nea ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona 10 a aduhuam ayɛ no ma; 75  afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre;+ 76  ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre;+ 77  ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne adwennini nkumaa anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre.+ Eyi ne nneɛma a Okran ba Pagiel+ de bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre. 78  Da a ɛto so dumien no, Enan ba Ahira+ a ɔyɛ Naftalifo abusuapanyin no 79  de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔre no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 130 ne dwetɛ kankyee baako a emu duru yɛ nnwetɛbona 70, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduan afɔre.+ 80  Nea ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona 10 a aduhuam ayɛ no ma; 81  afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre;+ 82  ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre;+ 83  ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne adwennini nkumaa anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre.+ Eyi ne nneɛma a Enan ba Ahira+ de bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre. 84  Da a wɔsraa afɔremuka no hyiraa so* no, nneɛma a Israel mpanyimfo de bae sɛ wɔmfa mmɔ afɔre ni:+ Dwetɛ nyowa 12, dwetɛ nkankyee 12, ne sika kɔkɔɔ nkuruwa 12.+ 85  Dwetɛ ayowa baako biara mu duru yɛ nnwetɛbona 130, na dwetɛ kankyee baako biara mu duru yɛ nnwetɛbona 70. Enti wɔka nneɛma a wɔde dwetɛ ayɛ no nyinaa bom a, emu duru yɛ nnwetɛbona 2,400, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ 86  Sika kɔkɔɔ nkuruwa 12 a aduhuam ayɛ no mama no biara mu duru yɛ nnwetɛbona 10, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no. Enti sika kɔkɔɔ nkuruwa no nyinaa ano si nnwetɛbona 120. 87  Anantwi a wɔde bɔɔ ɔhyew afɔre no nyinaa yɛ 12, adwennini 12, adwennini nkumaa 12 a wɔn mu biara adi afe, ne aduan afɔre, ne mpɔnkye mma 12 a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔre. 88  Na anantwi a wɔde bɔɔ asomdwoe afɔre no nyinaa yɛ 24, adwennini 60, mpɔnkye 60, adwennini nkumaa 60 a wɔn mu biara adi afe. Eyinom na wɔde bɔɔ afɔre bere a wɔsraa afɔremuka no+ hyiraa so no.+ 89  Bere biara a Mose bɛkɔ ahyiae ntamadan no mu sɛ ɔne Onyankopɔn* rekɔkasa no,+ na ɔte nne a ɛne no rekasa no fi Adanse Adaka mmuaso no so,+ wɔ kerubim abien no ntam;+ ɛhɔ na na Onyankopɔn ne no kasa fi.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “nantwinini.”
Anaa “buee ano.”
Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “sɛnea wobu dwetɛbona kronkron ano no.”
Anaa “kankyee ketewa.”
Anaa “buee ano.”
Nt., “no.”