Numeri 9:1-23

  • Nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ ma wɔn a Twam no pa wɔn ti so (1-14)

  • Omununkum ne ogya kataa ntamadan no so (15-23)

9  Bere a Israelfo fii Egypt asaase so no, afe a ɛto so abien no bosome a edi kan mu no,+ Yehowa ka kyerɛɛ Mose wɔ Sinai sare so sɛ:  “Sɛ bere so a, Israelfo no nni Twam no.+  Bosome yi da a ɛto so 14 no anwummere* na munni. Munni wɔ bere a wɔahyɛ no. Monyɛ no sɛnea ɛho mmara nyinaa ne ɛho nhyehyɛe nyinaa te.”+  Enti Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wonni Twam no.  Na wodii Twam no bosome a edi kan no da a ɛto so 14 no anwummere.* Wodii wɔ Sinai sare so. Sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, saa pɛpɛɛpɛ na Israelfo no yɛe.  Nanso na mmarima bi wɔ hɔ a wɔde wɔn ho aka funu* ama wɔn ho agu fĩ,+ enti wɔantumi anni Twam no saa da no. Ɛnna saa mmarima no kɔɔ Mose ne Aaron anim saa da no.+  Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛde yɛn ho aka funu* ama yɛn ho agu fĩ de, nanso sɛ Israelfo de wɔn afɔre reba Yehowa anim a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ woyi yɛn fi mu?”+  Ɛnna Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montwɛn wɔ hɔ na mintie nea Yehowa bɛka afa mo ho.”+  Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 10  “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, ‘Sɛ mo mu bi anaa mo asefo no bi de ne ho ka efunu* ma ne ho gu fĩ,+ anaa otu kwan kɔ akyirikyiri mpo a, ɛsɛ sɛ odi Twam no ma Yehowa. 11  Wonni no bosome a ɛto so abien no+ da a ɛto so 14 no anwummere.* Wɔmfa paanoo a mmɔkaw* nnim ne nhaban a ɛyɛ nwene nka ho nni.+ 12  Ɛnsɛ sɛ wogyaw bi ma ade kye so,+ na ɛnsɛ sɛ wobu ne dompe biara mu.+ Wɔnyɛ no sɛnea Twam no ho mmara nyinaa te. 13  Na sɛ obi ho tew, na ontuu kwan, nanso obu n’ani gu Twam no so a, wonkum* saa onipa* no mfi ne man mu,+ efisɛ wamfa Yehowa afɔre ammrɛ no wɔ bere a wɔahyɛ no. Saa onipa no benya ne bɔne so akatua. 14  “‘Sɛ ɔhɔho bi te mo mu a, ɔno nso nni Twam no mma Yehowa.+ Onni no sɛnea Twam no ho mmara ne ɛho nhyehyɛe te.+ Mmara baako na ɛwɔ hɔ ma mo, ɔhɔho ne kuromanni nyinaa.’”+ 15  Da a wosii ɔsom ntamadan no,+ omununkum bɛkataa ɔsom ntamadan no so, Adanse ntamadan no. Nanso eduu anwummere no, biribi a ɛte sɛ ogya kataa ɔsom ntamadan no so maa ade kyee.+ 16  Saa na ɛkɔɔ so daa: Sɛ edu anɔpa a na omununkum abɛkata so, na sɛ edu anadwo a na biribi a ɛte sɛ ogya akata so.+ 17  Sɛ omununkum no fi ɔsom ntamadan no so a, ntɛm ara na Israelfo no atu,+ na baabi a omununkum no begyina no, ɛhɔ na Israelfo no bɛsoɛ.+ 18  Sɛ Yehowa ka sɛ Israelfo no ntu a, na wɔatu, na sɛ wodu baabi na Yehowa ka sɛ wɔnsoɛ a, na wɔasoɛ.+ Nna dodow a omununkum no bedi wɔ ɔsom ntamadan no so no, saa nna dodow no na wɔde bɛtena hɔ. 19  Sɛ omununkum no di nna pii wɔ ɔsom ntamadan no so mpo a, na Israelfo no tie Yehowa, na na wontu.+ 20  Ɛtɔ da a, na omununkum no di nna kakra wɔ ɔsom ntamadan no so. Sɛ Yehowa ka sɛ wɔnkɔ so ntena hɔ a, na wɔatena, na Yehowa ka sɛ wontu a, na wɔatu. 21  Ɛtɔ da nso a, na omununkum no kata so fi anwummere kosi anɔpa nko ara, na sɛ edu anɔpa na omununkum no fi so a, na wɔatu. Sɛ anɔpa na ebefi so oo, sɛ anadwo oo, saa bere no na wotu.+ 22  Enti sɛ omununkum no di nnanu anaa bosome anaa nea ɛboro saa wɔ ɔsom ntamadan no so, na sɛ emfii so a, Israelfo no kɔ so tena hɔ a wontu. Na sɛ efi so a, na wɔatu. 23  Sɛ Yehowa ka sɛ wontu a, na wɔatu, na sɛ wodu baabi na Yehowa ka sɛ wɔnsoɛ a, na wɔasoɛ. Wɔyɛɛ osetie maa Yehowa, na wɔyɛɛ nea Yehowa nam Mose so kae nyinaa.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “anwummere abien no ntam.”
Nt., “anwummere abien no ntam.”
Anaa “onipa kra.”
Anaa “onipa kra.”
Anaa “ɔkra.”
Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.
Nt., “anwummere abien no ntam.”
Anaa “wontwa.”
Anaa “ɔkra.”