Obadia 1:1-21

  • Edom yɛ ahantan; wɔbɛbrɛ no ase (1-9)

  • Edom de awudisɛm dii Yakob (10-14)

  • Da a Yehowa bebu aman nyinaa atɛn (15, 16)

  • Wɔbɛsan akyekye Yakob fi (17-21)

    • Yakob bɛhyew Edom (18)

    • Ahenni no bɛyɛ Yehowa dea (21)

 Obadia* anisoadehu: Nea Awurade Tumfo Yehowa aka afa Edom ho ni:+ “Yɛate amanneɛbɔ bi afi Yehowa hɔ;Wasoma obi kɔ amanaman no mu sɛ: ‘Monsɔre, momma yɛmmoaboa yɛn ho ne no nkɔko.’”+   “Hwɛ, mayɛ wo ketewa wɔ amanaman no mu;Wɔmfa wo nyɛ hwee.+   Wo komam ahantan adaadaa wo,+Wo a wote abotan so;Wode mmepɔw atenten ayɛ wo fi, na woka wɔ wo komam sɛ,‘Hena na ɔbɛtwe me aba asaase so’?   Sɛ wokɔtena ɔsorosoro* te sɛ ɔkɔre,Anaa woyɛ wo berebuw wɔ nsoromma ntam mpo a,Mɛtwe wo afi hɔ aba fam,” Yehowa asɛm ni.   “Sɛ awifo ba wo so, anaa akorɔmfo-werɛmfo ba wo so anadwo a,Ɛnyɛ nea wɔpɛ nkutoo na wɔbɛfa? Na sɛ wɔn a wɔtetew bobe ba wo so a, Wɔrennyaw bi wɔ ase mma nkurɔfo mmɛsesaw anaa?+Nanso, w’atamfo de, wɔbɛsɛe wo pasaa!*   O, hwɛ sɛnea wɔatu wɔn ani asi Esau so! Wɔatweetwee mu akohu n’akorade a ahintaw!   Wɔakogyaw wo asi ɔhye so noho. Wɔn a wɔne wo ayɛ apam nyinaa adaadaa wo. Wɔn a wɔne wo te asomdwoe mu no adi wo so. Wɔn a wɔne wo to nsa didi* no besum wo afiri,Nanso worenhu.   Saa da no,” Yehowa asɛm ni,“Edom anyansafo no, merensɛe wɔn anaa,+Na merenyi nhumu mfi Esau mmepɔw so anaa?   Na wo, Teman,+ ehu bɛka w’akatakyi,+Efisɛ wɔn a wɔwɔ Esau mmepɔw so nyinaa, wobekunkum wɔn.+ 10  Awudisɛm a wode dii wo nua Yakob nti,+W’anim begu ase,+Na wɔbɛsɛe wo afebɔɔ.+ 11  Da a wotwee wo ho gyinaa nkyɛn,Na ahɔho kyeree n’asraafo kɔe,+Na ananafo hyɛn ne kurow pon mu bɔɔ Yerusalem so ntonto no,+Wukogyinaa wɔn afã.* 12  Wo nua amanehunu da nyɛ da a anka ɛsɛ sɛ w’ani gye;+Yudafo sɛe da nyɛ da a anka ɛsɛ sɛ wudi ahurusi;+Na wɔn ahohia da nso, ɛnsɛ sɛ anka wohoahoa wo ho. 13  Me man amanehunu da no, ɛnsɛ sɛ anka wuwura wɔn kurom.*+N’ahohia da no, anka ɛnsɛ sɛ w’ani gye;Na ɛnsɛ sɛ anka woteɛ wo nsa ka n’agyapade n’amanehunu da.+ 14  Ɛnsɛ sɛ anka wugyina nkwanta so kunkum wɔn a wɔreguan no;+Ahohia da nso, ɛnsɛ sɛ anka wuyi wɔn a wɔafi mu afi no ma.+ 15  Yehowa da a ɔbɛba amanaman no so no abɛn.+ Nea woayɛ no, wɔde bi bɛyɛ wo.+ Nea wode ayɛ nkurɔfo no, ɛno ara na ɛbɛba wo so. 16  Na sɛnea moanom nsã wɔ me bepɔw kronkron so no,Saa ara na amanaman no nyinaa bɛkɔ so anom m’abufuw.+ Wɔbɛnom atwe no mii,Na wɔbɛyera te sɛ nea wɔmmaa wiase da. 17  Nanso wɔn a wobefi mu afi no, Sion Bepɔw so na wɔbɛkɔ,+Na ɛhɔ bɛyɛ kronkron;+Na Yakob fi bɛfa n’agyapade.+ 18  Yakob fi bɛyɛ ogya,Na Yosef fi ayɛ ogyaframa.Esau fi bɛyɛ sɛ sare;Na wɔbɛhyew wɔn dwerɛbee.Obiara renka wɔ Esau fi,+Efisɛ Yehowa na waka. 19  Wɔbɛfa Negeb ne Esau mmepɔw,+ Ne Sefela ne Filistifo nsaase.+ Wɔbɛfa Efraim nsaase ne Samaria nsaase adi so,+Na Benyamin bɛfa Gilead adi so. 20  Israelfo a wɔkyereewɔn fii akoban* yi akyi kɔe no,+ Wɔbɛfa Kaanan nsaase akosi Sarefat.+ Yerusalemfo a wɔkyeree wɔn kɔe a na wɔwɔ Sefarad nso, wɔbɛfa Negeb nkurow no adi so.+ 21  Na agyefo bɛforo akɔ Sion Bepɔw so,Na wɔabu Esau mmepɔw no atɛn;+Ahenni no bɛyɛ Yehowa dea.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛkyerɛ, “Yehowa Somfo.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Sɛ wutu kɔ soro.”
Ebetumi nso akyerɛ, “wɔbɛsɛe wo akodu he?”
Anaa “wɔn a wɔne wo di paanoo.”
Anaa “Woyɛe sɛ wɔn mu baako.”
Nt., “wɔn kurow pon mu.”
Esiw anaa ɔfasu a wogyina so ko anaa wɔde bɔ kurow ho ban.