Rut 3:1-18

  • Naomi maa Rut akwankyerɛ (1-4)

  • Rut kɔɔ Boas nkyɛn wɔ awiporowbea hɔ (5-15)

  • Rut san kɔɔ Naomi nkyɛn (16-18)

3  N’ase Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: “Me ba, ɛsɛ sɛ mehwehwɛ homebea ma wo+ na asi wo yiye. 2  Boas nyɛ yɛn ho nipa anaa?+ Ne mmaawa na wo ne wɔn yɛɛ adwuma no. Hwɛ, anwummere yi, obehuw baali* so wɔ awiporowbea hɔ. 3  Enti guare na sra ngo huamhuam; hyɛ w’ataade na kɔ awiporowbea hɔ. Mma ɔbarima no nnhu wo kosi sɛ obedidi na wanom awie. 4  Sɛ ɔkɔda a, hwɛ faako a ɔbɛda, na koyi ne nan ho ntama na da hɔ bi. Ɔno ara bɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ.” 5  Ɛnna ɔno nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Nea woaka biara mɛyɛ.” 6  Enti osiim kɔɔ awiporowbea hɔ kɔyɛɛ nea n’ase ka kyerɛɛ no nyinaa. 7  Ɛbae sɛ bere a Boas adidi na wanom ama n’ani agye ne komam no, ɔkɔdaa baali a wɔaboa ano no akyi. Ɛnna Rut yɛɛ brɛoo koyii ne nan ho ntama daa hɔ. 8  Eduu anadwo dasum no, ɔbarima no ho fii ase popoe, na ɔmaa ne mu so. Ɔnkɔhwɛ a, ɔbea bi na ɔda ne nan ase yi! 9  Enti ɔkae sɛ: “Hena ni?” Na obuae sɛ: “Ɛyɛ me, w’afenaa Rut. Trɛw wo ntama mu kata w’afenaa so, efisɛ woyɛ abusua mu ogyefo.”+ 10  Ɛnna ɔkae sɛ: “Yehowa nhyira wo, me ba. Ɔdɔ a enni huammɔ a woada no adi nnɛ yi sen kan de no koraa,+ efisɛ woankodi mmerante akyi, sɛ́ wɔyɛ ahiafo anaa asikafo. 11  Na afei me ba, nsuro. Nea wobɛka biara mɛyɛ ama wo,+ efisɛ kurom hafo nyinaa* nim sɛ woyɛ ɔbea pa. 12  Ɛwom sɛ meyɛ abusua mu ogyefo de,+ nanso ogyefo bi wɔ hɔ a ɔbɛn sen me.+ 13  Da ha anadwo yi, na ade kye anɔpa na sɛ obegye wo a, eye, ma onnye wo!+ Sɛ ɔmpɛ sɛ ogye wo nso a, ɛnde sɛ Yehowa te ase yi, me na megye wo. Da ha ma ade nkye.” 14  Enti ɔdaa ne nan ase kosii anɔpa, na ɔsɔree no, na anim ntetewee a obi behu no. Afei ɔbarima no kae sɛ: “Mma obiara nnhu sɛ ɔbea bi baa awiporowbea ha.” 15  Ɛnna ɔsan kae sɛ: “Fa wo nkataso no bra na trɛw mu.” Ɔtrɛw mu no, osusuw baali susukuruwa asia* guu mu de soaa no. Afei ɔbarima no siim kɔɔ kurom. 16  Ababaa no sii kwan so kɔɔ n’ase hɔ, na n’ase kae sɛ: “Me ba, wokɔe ɛ?”* Ɛnna ɔkaa nea ɔbarima no yɛ maa no nyinaa kyerɛɛ no. 17  Afei ɔkae sɛ: “Baali susukuruwa asia yi nyinaa, ɔbarima no na ɔde maa me, na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mfa nsapan nkɔ w’ase hɔ.’ ” 18  Ɛnna Naomi kae sɛ: “Me ba, tena ha twɛn kosi sɛ wubehu nea ebesi, na ɔbarima no anni ho dwuma anwie nnɛ a, ne ho rentɔ no.”

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.
Nt., “me nkurɔfo apon nyinaa.”
Bɛyɛ seah susude asia anaa lita 44 (olonka 14 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.
Nt., “woyɛ hena?”