Rut 4:1-22

  • Boas bɛyɛɛ abusua mu ogyefo (1-12)

  • Boas ne Rut woo Obed (13-17)

  • Dawid abusuasanten (18-22)

4  Afei Boas kɔtenaa kurow no pon ano.+ Ɔnkɔhwɛ a, abusua mu ogyefo a ɔkaa ne ho asɛm no+ na ɔretwam yi. Ɛnna Boas frɛɛ no sɛ: “Asiamasi ee, bra ha bɛtena ase.” Enti ɔkɔtenaa ase.  Ɛnna Boas frɛɛ kurow no mu mpanyimfo+ du bae, na ɔkae sɛ: “Montena ase.” Na wɔtenatenaa ase.  Ɛnna Boas ka kyerɛɛ ogyefo no+ sɛ: “Ɛho abehia sɛ Naomi a ofi Moab asaase so bae no+ tɔn yɛn nua Elimelek+ asaase no.  Meyɛe sɛ mɛbɔ wo amanneɛ sɛ, ‘Tɔ wɔ kurom hafo ne yɛn mpanyimfo yi anim.+ Enti sɛ wubegye a, gye; sɛ worennye nso a, ka kyerɛ me ma minhu, efisɛ wo na wowɔ tumi sɛ wugye. Wunni hɔ a, me na mewɔ hɔ.’” Ɛnna ɔkae sɛ: “Megye.”+  Afei Boas kae sɛ: “Da a wobɛtɔ asaase no afi Naomi nsam no, hu sɛ woatɔ afi Moabni Rut a ne kunu awu no nso nsam, sɛnea ɛbɛyɛ a owufo no din bɛsan aba n’agyapade so.”+  Ɛnna ogyefo no kae sɛ: “Merennye na mansɛe m’ankasa m’agyapade. Mama wo kwan, kogye, efisɛ merentumi nnye.”  Saa bere no, sɛ wɔregye biribi anaa wɔredan biribi ama obi wɔ Israel a, nea na wɔyɛ ma nhyehyɛe no di mu ni: Ná onipa baako yi ne mpaboa+ de ma ne yɔnko. Ɛno na na wɔde yɛ adanse wɔ Israel.  Enti bere a ogyefo no ka kyerɛɛ Boas sɛ: “Tɔ” no, oyii ne nan ase mpaboa.  Ɛnna Boas ka kyerɛɛ mpanyimfo no ne nkurɔfo no nyinaa sɛ: “Ɛnnɛ, moyɛ m’adansefo+ sɛ matɔ biribiara a ɛyɛ Elimelek ne Kilion ne Malon de afi Naomi nsam. 10  Moabni Rut a na ɔyɛ Malon yere no nso, merefa no aware no na owufo no din asan aba n’agyapade so,+ sɛnea ɛbɛyɛ a owufo no din renyera mfi ne nuanom mu ne ne kurom.* Mone adansefo nnɛ.”+ 11  Ɛnna nkurɔfo a wɔwɔ kurow no pon ano ne mpanyimfo no nyinaa kae sɛ: “Yɛyɛ adansefo! Yehowa mma ɔbea a ɔreba wo fi no nyɛ sɛ Rahel ne Lea a wɔn baanu akyekye Israel fi no.+ Ensi wo yiye wɔ Efrata+ na nya din pa* wɔ Betlehem.+ 12  Asefo a Yehowa de bɛma wo afi ababaa yi mu no,+ wɔmma wo fi nyɛ sɛ Tamar ne Yuda ba Peres+ fi.” 13  Enti Boas waree Rut, na ɔne no dae. Yehowa ma onyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima. 14  Ɛnna mmea no ka kyerɛɛ Naomi sɛ: “Ayeyi nka Yehowa a wamma ogyefo ammɔ wo nnɛ no. Ma wɔmmɔ abofra no din wɔ Israel! 15  Ɔno* na wama wo ho asan wo,* na ɔno na ɔbɛhwɛ wo wɔ wo mmerewabere mu, efisɛ w’ase a ɔdɔ wo,+ na ɔsen mma mmarima baason no na wawo abofra yi.” 16  Ɛnna Naomi faa abofra no de no bɔɔ ne bo, na ɔno na na ɔhwɛ no. 17  Na mpɔtam hɔfo mmea no too no din kae sɛ: “Wɔawo ɔbabarima ama Naomi.” Na wɔfrɛɛ no Obed.+ Ɔno na ɔwoo Dawid papa Yese.+ 18  Peres+ asefo* ni: Peres woo Hesron;+ 19  Hesron woo Ram; Ram woo Aminadab;+ 20  Aminadab+ woo Naason; Naason woo Salmon; 21  Salmon woo Boas; Boas woo Obed; 22  Obed woo Yese;+ na Yese woo Dawid.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “ne kurow pon ano.”
Nt., “bɔ din.”
Kyerɛ sɛ, Naomi banana no.
Anaa “wo kra ho asan no.”
Nt., “awo ntoatoaso.”