Sakaria 10:1-12

  • Monsrɛ Yehowa na ɔmma osu ntɔ, na ɛnyɛ atoro anyame (1, 2)

  • Yehowa ama ne nkurɔfo ayɛ baako (3-12)

    • Atitiriw a wofi Yuda fi (3, 4)

10  “Monsrɛ Yehowa na ɔmma osu ntɔ wɔ fefɛw bere* mu. Yehowa na ɔyɛ omununkum a ɛde osuframa ne aprannaa ba,Na ɔno na ɔma osu tɔ ma nnipa,+Na ɔma obiara nya afuw mu aduan.   Na Terafim ahoni* ka nnaadaasɛm,*Na nkɔmhyɛfo nya atoro anisoadehu. Adae hunu na wɔka ho asɛm,Na wɔde nsɛnhunu kyekye nnipa werɛ. Eyi nti, wobekyinkyin te sɛ nguan. Wobehu amane, efisɛ wonni hwɛfo.   Me bo afuw nguanhwɛfo no denneennen,Na atumfo a wɔn tirim yɛ den* no beyi wɔn ano akyerɛ me;Efisɛ asafo Yehowa atwa n’ani abɛhwɛ ne nguan,+ watwa n’ani abɛhwɛ Yuda fi.Na wayɛ wɔn sɛ ɔpɔnkɔ nuonyamfo a ɔde no kɔ ɔko.   Ne mu na otitiriw* no befi aba,Ne mu na sodifo a ɔyɛ okyigyinafo* no befi aba,Ne mu na agyan a wɔde kɔ ɔko no befi aba;Ne mu na ɔhwɛfo* biara bepue akɔ; wɔn nyinaa bɛbom afi ne mu.   Wɔbɛyɛ te sɛ akatakyiA wotiatia abɔnten so atɛkyɛ mu wɔ ɔko mu. Wɔbɛko, efisɛ Yehowa ka wɔn ho;+Na wɔn a wɔtete apɔnkɔ so no anim begu ase.+   Mɛma Yuda fi ayɛ den,Na megye Yosef fi.+ Mɛma wɔasi wɔn dedaw mu bio,Efisɛ mehu wɔn mmɔbɔ;+Na wɔbɛyɛ sɛ nnipa a mentow wɔn nkyenee da;+Efisɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn, na megye wɔn so.   Efraimfo bɛyɛ sɛ akatakyi,Na wɔn koma bedi ahurusi te sɛ nea wɔanom nsã.+ Wɔn mma behu eyi na wɔadi ahurusi;Wɔn koma ani begye wɔ Yehowa mu.+   ‘Mɛbɔ hwirema afrɛ wɔn, na maboa wɔn ano;Efisɛ megye wɔn,+ na wɔbɛyɛ bebree,Na wɔbɛkɔ so ara adɔɔso.   Mɛpete wɔn te sɛ aba agu aman horow so,Nanso bere a wɔwɔ akyirikyiri mpo wɔbɛkae me;Wɔne wɔn mma begyina wɔn nan so bio na wɔasan aba. 10  Mede wɔn befi Egypt asaase so aba,Na maboaboa wɔn ano afi Asiria aba.+Mede wɔn bɛba Gilead+ ne Lebanon asaase so,Na ɛhɔ mpo, wɔn dodow nti wɔrenkɔ hɔ.+ 11  Ɔbɛfa ɛpo no mu, na ɔbɛma ɛpo no ho ayeraw no;Na ɔde ade bɛbɔ asorɔkye no wɔ ɛpo no mu;+Nil bɛyow akodu ase tɔnn. Nea Asiria de hoahoa ne ho no, wɔbɛbrɛ no ase,Na Egypt ahempoma bɛkɔ.+ 12  Mɛma wɔayɛ den wɔ Yehowa mu,+Na wɔbɛnantew ne din mu,’+ Yehowa asɛm ni.”

Ase Hɔ Nsɛm

Ná efi ase fi April mfinimfini hɔ baabi. Hwɛ Nkh. B15.
Anaa “abusua abosom; ahoni.”
Anaa “abususɛm; ahonhonsɛm.”
Nt., “mpapo no.”
Nt., “aban a esi ntwea so.” Egyina hɔ ma ɔbarima a ne ho hia paa; ɔpanyin.
Nt., “dua a wɔasen ano a wɔde bɔ biribi tim fam.” Egyina hɔ ma obi a ɔyɛ okyitaafo; ɔkannifo.
Anaa “nea ɔhwɛ adwuma so.”