Sakaria 13:1-9

  • Wobeyi ahoni ne atoro adiyifo afi asaase no so (1-6)

    • Atoro adiyifo bɛfɛre (4-6)

  • Wɔbɛbɔ oguanhwɛfo no (7-9)

    • Baako a aka no, wobeyiyi wɔn mu fĩ (9)

13  “Saa da no, wobetu abura bi ama Dawid fi ne Yerusalemfo, na wɔde bɛtew wɔn ho afi bɔne ne efĩ ho.+  “Saa da no,” asafo Yehowa asɛm ni, “mɛpopa ahoni din afi asaase no so,+ na obiara renkae wɔn bio. Na meyi adiyifo ne honhom fĩ nyinaa afi asaase no so.+  Na sɛ obi hyɛ nkɔm bio a, ne maame ne ne papa a wɔwoo no bɛka akyerɛ no sɛ, ‘Wubewu, efisɛ wode Yehowa din atwa atoro.’ Nkɔm a wahyɛ nti, ne maame ne ne papa a wɔwoo no de ade bɛwɔ ne mu.+  “Saa da no, odiyifo biara bɛfɛre sɛ ɔbɛka anisoadehu de ahyɛ nkɔm. Na wɔrenhyɛ nwi ataade+ mfa nnaadaa nkurɔfo bio.  Na ɔbɛka sɛ, ‘Menyɛ odiyifo. Meyɛ obi a ɔdɔw, na bere a meyɛ abofra na obi tɔɔ me.’  Na sɛ obi bisa no sɛ, ‘Na akuru a ɛwowɔ wo mmati* yi nso ɛ?’ Ɔbɛka sɛ, ‘Me nnamfo* fi na mipirae.’”   “O sekan, sɔre bra me guanhwɛfo no so,+Sɔre bra ɔbarima no so, ɔbarima a ɔyɛ me yɔnko no,” asafo Yehowa asɛm ni. “Bɔ oguanhwɛfo no,+ na nguan* no mmɔ nhwete,+Na mɛdan me nsa aba nkumaa* no so.”   Nea asafo Yehowa aka ni: “Asaase no sofo nyinaa,Wɔbɛkyɛ wɔn mu abiɛsa na wɔatwa emu abien agu ama wɔasɛe;*Na baako a aka no, wobegyaw wɔ so.   Na baako a aka a megyaw wɔn wɔ so no, mede wɔn bɛfa ogya mu;Na mɛnan wɔn ayiyi wɔn mu fĩ te sɛ nea wɔnan dwetɛ yiyi mu fĩ no,Na mɛsɔ wɔn ahwɛ te sɛ nea wɔsɔ sika kɔkɔɔ hwɛ no.+ Wɔbɛbɔ me din,Na me nso magye wɔn so. Na mɛka sɛ, ‘Wɔyɛ me man,’+ Na wɔn nso aka sɛ, ‘Yehowa ne yɛn Nyankopɔn.’”

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “wo nsa ntam.” Kyerɛ sɛ, wo koko so ne w’akyi.
Anaa “M’adɔfo.”
Anaa “nguankuw.”
Anaa “wɔn a wɔnsɛ hwee.”
Anaa “ama wɔawuwu.”