Sakaria 6:1-15

  • Anisoadehu 8: Nteaseɛnam anan (1-8)

  • Mfefɛwee no bɛyɛ ɔhene ne ɔsɔfo (9-15)

6  Afei mehwɛɛ ɔsoro bio, na mihui sɛ nteaseɛnam anan fi mmepɔw abien ntam reba, na na mmepɔw no yɛ kɔbere mmepɔw.  Teaseɛnam a edi kan no, apɔnkɔ kɔkɔɔ na na ɛretwe, na teaseɛnam a ɛto so abien no, apɔnkɔ tuntum+ na na ɛretwe.  Teaseɛnam a ɛto so abiɛsa no, apɔnkɔ fitaa na na ɛretwe, na teaseɛnam a ɛto so anan no, apɔnkɔ a wɔn ho yɛ damedame ne nsisiinsisii+ na na ɛretwe.  Na mibisaa ɔbɔfo a ɔne me rekasa no sɛ: “Me wura, eyinom nso ɛ?”  Ɛnna ɔbɔfo no ka kyerɛɛ me sɛ: “Eyinom yɛ ɔsoro ahonhom anan no.+ Wobegyinagyinaa asaase nyinaa Wura no anim,+ na wɔapue rekɔ.  Nea* apɔnkɔ tuntum retwe no rekɔ atifi fam asaase so;+ apɔnkɔ fitaa no rekɔ po agya, ɛnna apɔnkɔ damedame no rekɔ anaafo fam asaase so.  Na apɔnkɔ nsisiinsisii no de, na wɔrepɛ ntɛm apue akokyinkyin asaase so.” Ɛnna ɔkae sɛ: “Monkɔ, munkokyinkyin asaase so.” Na wofii ase kyinkyin asaase so.  Ɛnna ɔteɛɛm frɛɛ me, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ, wɔn a wɔrekɔ atifi fam asaase so no ama Yehowa honhom ahome wɔ atifi fam asaase no so.”  Yehowa asɛm san baa me nkyɛn bio sɛ: 10  “Gye nea Heldai ne Tobiya ne Yedaia de fi wɔn a wɔatu wɔn ase kɔ obi man so hɔ bae no; na saa da no, wo ne wɔn a wofi Babilon aba no nkɔ Sefania ba Yosia fi. 11  Fa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ yɛ ahenkyɛw,* na fa hyɛ Yehosadak ba Yosua a ɔyɛ ɔsɔfo panyin no ti.+ 12  Na ka kyerɛ no sɛ,“‘Nea asafo Yehowa aka ni: “Oyi ne ɔbarima a ne din de Mfefɛwee+ no. Ɔbɛfefɛw wɔ ne tenabea, na obesi Yehowa asɔrefi no.+ 13  Ɔno na obesi Yehowa asɔrefi no, na ɔno na obenya anuonyam no. Ɔbɛtena n’ahengua so adi hene, na ɔbɛsan ayɛ ɔsɔfo wɔ n’ahengua so,+ na asomdwoe bɛtena abien no ntam.* 14  Na ahenkyɛw* no bɛyɛ nkae ade ama Helem ne Tobiya ne Yedaia+ ne Sefania ba Hen wɔ Yehowa asɔrefi hɔ. 15  Na nnipa a wofi akyirikyiri bɛba, na wɔabesi Yehowa asɔrefi no bi.” Na mubehu sɛ asafo Yehowa na asoma me mo nkyɛn. Sɛ mutie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm a, eyinom nyinaa bɛba mu.’”

Ase Hɔ Nsɛm

Kyerɛ sɛ, teaseɛnam no.
Anaa “ahenkyɛw kɛse.”
Kyerɛ sɛ, asomdwoe bɛtena adwuma a ɔyɛ sɛ ɔhene ne ɔsɔfo no ntam.
Anaa “ahenkyɛw kɛse.”