Sakaria 8:1-23

  • Yehowa ama Sion anya asomdwoe na wama nokwaredi akɔ so wɔ hɔ (1-23)

    • Yerusalem yɛ “nokware kurow” (3)

    • “Obiara nka nokware nkyerɛ ne yɔnko” (16)

    • Akɔnkyen ne adidi (18, 19)

    • ‘Momma yɛnkɔhwehwɛ Yehowa akyi kwan’ (21)

    • Nnipa du besuso Yudani baako ataade mu (23)

8  Asafo Yehowa asɛm san bae bio sɛ:  “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Mede ahokeka kɛse bedi ama Sion,+ na mede abufuw kɛse bedi ama no.’”  “Nea Yehowa aka ni, ‘Mɛsan aba Sion+ na mabɛtena Yerusalem;+ na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ nokware kurow,+ na wɔafrɛ asafo Yehowa bepɔw no sɛ bepɔw kronkron.’”+  “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Nkwakoraa ne mmerewa bɛsan abɛtenatena Yerusalem mmɔnten so bio, na onyinkyɛ nti* obiara bekura ne poma.+  Na mmarimaa ne mmeawa bɛhyɛ kurow no mmɔnten so ma, na wɔadi agoru wɔ hɔ.’”+  “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Ɔman yi mu nnipa a aka saa bere no, sɛ ɛbɛyɛ den ama wɔn a, me nso ɛbɛyɛ den ama me anaa?’ asafo Yehowa asɛm ni.”  “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Hwɛ, megye me man afi apuei asaase so ne atɔe asaase so.*+  Na mede wɔn bɛba, na wɔabɛtena Yerusalem;+ na wɔbɛyɛ me man na mayɛ wɔn Nyankopɔn,+ ɔnokwafo ne ɔtreneeni no.’”  “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Monhyɛ mo nsam den,*+ mo a seesei mote nsɛm yi fi adiyifo no anom no,+ nsɛm a wɔkae ɛda a wɔtoo asafo Yehowa fi fapem sɛ wɔresi asɔrefi no. 10  Efisɛ ansa na saa bere no reba no, na akatua biara nni hɔ mma onipa ne aboa;+ na ɔtamfo no nti, na ɛyɛ hu ma nea ɔrekɔ ne nea ɔreba nyinaa, efisɛ memaa nnipa nyinaa tentan wɔn ho.’ 11  “‘Na seesei de, me ne nnipa a aka yi renni sɛnea me ne wɔn dii tete no,’+ asafo Yehowa asɛm ni. 12  ‘Wobedua asomdwoe aba; bobe bɛsow n’aba, na asaase bɛma ne nnɔbae,+ na ɔsoro bɛma ne bosu. Na mede eyinom nyinaa bɛma nnipa a aka no.+ 13  O Yuda fi ne Israel fi, sɛnea moyɛɛ nnome wɔ amanaman mu no,+ saa ara na megye mo, na mobɛyɛ nhyira.+ Munnsuro!+ Monhyɛ mo nsam den.’*+ 14  “Na nea asafo Yehowa aka ni, ‘“Mebɔɔ me tirim sɛ mede mmusu bɛba mo so, efisɛ mo agyanom hyɛɛ me abufuw,” asafo Yehowa asɛm ni, “na mannu me ho.+ 15  Na seesei de, mabɔ me tirim sɛ me ne Yerusalem ne Yuda fi bedi no yiye.+ Enti munnsuro!”’+ 16  “‘Nea monyɛ ni: Obiara nka nokware nkyerɛ ne yɔnko.+ Na momfa nokware ne asomdwoe mmu atɛn wɔ mo kurow apon ano.+ 17  Obiara mmmɔ ne yɔnko ho pɔw bɔne wɔ ne komam,+ na mommma mo ani nnnye ntam hunu ho,+ efisɛ mikyi eyinom nyinaa,’+ Yehowa asɛm ni.” 18  Asafo Yehowa asɛm san baa me nkyɛn bio sɛ: 19  “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Akɔnkyen* a wɔyɛ no bosome a ɛto so anan,+ akɔnkyen a wɔyɛ no bosome a ɛto so anum,+ akɔnkyen a wɔyɛ no bosome a ɛto so ason,+ ne akɔnkyen a wɔyɛ no bosome a ɛto so du mu+ nyinaa bɛyɛ anigye ne ahurusi bere ama Yuda fi; ɛbɛyɛ afahyɛ ahorow a ɛyɛ anigye.+ Enti munni nokware na monhwehwɛ asomdwoe.’ 20  “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Ɛbɛba sɛ aman ne nkurow pii mufo bɛba; 21  na kurow baako mu nnipa bɛkɔ kurow foforo mu akɔka sɛ: “Momma yɛnkɔ na yɛnkɔsrɛ Yehowa sɛ onhu yɛn mmɔbɔ, na yɛnhwehwɛ asafo Yehowa akyi kwan. Me nso mɛkɔ bi.”+ 22  Na aman pii ne aman akɛse bɛba abɛhwehwɛ asafo Yehowa akyi kwan wɔ Yerusalem,+ na wɔbɛkotow asrɛ Yehowa sɛ onhu wɔn mmɔbɔ.’ 23  “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Saa bere no, nnipa du a wɔka amanaman no kasa horow nyinaa+ besuso Yudani* baako ataade* mu, yiw, wobesuso mu denneennen aka sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛne mo kɔ,+ efisɛ yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.”’”+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “nna dodow nti.”
Anaa “afi owiapuei asaase so ne owiatɔe asaase so.”
Anaa “Munnya akokoduru.”
Anaa “Munnya akokoduru.”
Anaa “Mmuadadi.”
Nt., “Yudani barima.”
Anaa “ataade mmuano.”