Sefania 3:1-20

  • Yerusalem yɛ atuatew kurow ne kurow a aporɔw (1-7)

  • Atemmu bɛba wɔn so; wɔbɛsan de wɔn aba (8-20)

    • Wɔbɛsesa wɔn kasa ama wɔaka kasa kronkronkron bi (9)

    • Wobegye ahobrɛasefo ne mmɔborɔwafo (12)

    • Yehowa bedi Sion ho ahurusi (17)

3  Kurow tuatewfo, kurow a ne ho agu fĩ, kurow a ɔyɛ nhyɛso, asɛm ato wo!+   Wantie obiara asɛm,+ na wantie kasakyerɛ.*+ Wamfa ne ho anto Yehowa so;+ wammɛn ne Nyankopɔn.+   Ne mpanyimfo a wɔwɔ ne mu yɛ agyata a wɔbobom.+ N’atemmufo yɛ anadwo mpataku.Wɔwe biribiara; dompe mpo, wonnyaw bi mma ade nkye so.   N’adiyifo yɛ dwae,* na nnaadaa ayɛ wɔn ma.+ N’asɔfo gu nneɛma kronkron ho fĩ;+Wɔmfa mmara no nyɛ hwee.+   Yehowa yɛ ɔtreneeni wɔ kurow no mu;+ ɔnyɛ bɔne. Anɔpa biara ɔma wohu n’atemmu.+ Ɛte sɛ adekyee; enni huammɔ. Nanso ɔbɔnefo nnim aniwu.+   “Mesɛee aman, na wɔn ntwea so abantenten yɛɛ pasaa. Mesɛee wɔn akwan, na obiara amfa so. Wɔn nkurow asɛe pasaa; obiara nni mu, na obiara nte hɔ.+   Mekae sɛ, ‘Sɛnea ɛte biara, wubesuro me na woatie kasakyerɛ,’*+ Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrensɛe ne tenabea.+Mɛtwe n’aso wɔ nea wayɛ nyinaa ho.* Nanso afei koraa na na wɔn ani abere redi bɔne.+   ‘Enti momfa ntoboase ntwɛn me,’*+ Yehowa asɛm ni,Nkosi sɛ mɛsɔre abɛsesaw nneɛma a wɔanya afi ɔko mu,*Efisɛ m’atemmusɛm ne sɛ mɛka aman nyinaa abom, na maboaboa ahenni nyinaa ano.Na mehwie m’abufuw, m’abufuhyew nyinaa agu wɔn so.+Na m’ani a abere sɛ ogya no bɛma asaase no nyinaa ahyew.+   Afei mɛsesa aman no kasa ama wɔaka kasa kronkron bi,*Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛbɔ Yehowa din,Na ama wɔde baakoyɛ asom no.’*+ 10  Na wɔn a wɔrepa me kyɛw, me nkurɔfo a wɔabɔ wɔn ahwete no babea noDe akyɛde befi Etiopia nsubɔnten ho abrɛ me.+ 11  Saa da no, nneɛma a woyɛ de tew me so atua no,+W’ani renwu wɔ ho bio.Efisɛ meyi ahantanfo a wɔhoahoa wɔn ho no afi wo mu,Na woremma wo ho so bio wɔ me bepɔw kronkron no so.+ 12  Mɛma ahobrɛasefo ne mmɔborɔwafo aka wɔ wo mu,+Na wɔde Yehowa din bɛyɛ wɔn guankɔbea. 13  Israelfo a wɔbɛka no+ renyɛ adebɔne;+Wɔrenni atoro, na wɔrennaadaa nkurɔfo;*Wobedidi na wɔadwudwo wɔn ho, na obiara renhunahuna wɔn.”+ 14  O Sion babea, di ahurusi! O Israel, bɔ ose!+ O Yerusalem babea, ma w’ani nnye na fi wo koma mu nyinaa di ahurusi!+ 15  Yehowa ayi atemmu a etia wo no afi hɔ.+ Wama wo tamfo asan n’akyi.+ Israel hene Yehowa ka wo ho.+ Worensuro amanehunu biara bio.+ 16  Saa da no, wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ: “O Sion, nsuro.+ Na mma w’aba mu mmmu.* 17  Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.+ Ɔyɛ Otumfo, na obegye nkwa. N’ani begye na wadi wo ho ahurusi.+ Ne dɔ nti, ɔbɛyɛ komm.* Na wo nti, ɔde anigye bɛbɔ ose. 18  Wɔn a wonni w’afahyɛ ase nti wɔredi awerɛhow no, mɛboaboa wɔn ano;+Wɔnka wo ho, efisɛ n’animguase da wɔn so.+ 19  Hwɛ! Saa bere no, wɔn a wɔhyɛ wo so nyinaa, me ne wɔn bedi.+Megye nea ɔtɔ gu so no,+Na maka wɔn a wɔahwete no aboa ano.+ Na mɛma nkurɔfo ayi wɔn ayɛ na wɔagye dinWɔ asaase a wɔn anim guu ase wɔ so no nyinaa so. 20  Sɛ meboaboa mo ano saa bere no a,Saa bere no na mede mo bɛba. Na sɛ meboaboa mo nkurɔfo a wɔakyere wɔn kɔ no ano de wɔn brɛ mo a,Mɛma moagye din, na nkurɔfo ayi mo ayɛ+ wɔ asaase sofo nyinaa mu,” Yehowa na waka.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “nteɛso.”
Anaa “N’adiyifo mmu hwee.”
Anaa “woagye nteɛso.”
Anaa “Mɛma wabu nea wayɛ nyinaa ho akontaa.”
Anaa “nhwɛ me kwan.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Nkosi sɛ mɛsɔre sɛ ɔdansefo.”
Anaa “mmati koro asom no.”
Anaa “kasa bi a wɔmfraa mu.”
Anaa “wɔrenhu nnaadaa tɛkrɛma wɔ wɔn anom.”
Anaa “mma wo nsam nngow.”
Anaa “ne koma bɛtɔ ne yam.”