Solomon Dwom 1:1-17

  • Nnwom mu dwom (1)

  • Ababaa (2-7)

  • Yerusalem mma mmea (8)

  • Ɔhene (9-11)

    • “Yɛde sika kɔkɔɔ bɛyɛ agude ama wo” (11)

  • Ababaa (12-14)

    • ‘Me dɔfo te sɛ kurobow kotoku ma’ (13)

  • Oguanhwɛfo (15)

    • “Me komam hemmaa, wo ho yɛ fɛ”

  • Ababaa (16, 17)

    • “Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ” (16)

1  Nnwom mu dwom;* ɛyɛ Solomon dwom:+   “Ma ɔmfa n’ano mfewano mmefew m’ano,Na wo dɔ yɛ dɛ sen nsã.*+   Wo ngo yɛ huam papaapa.+ Wo din te sɛ ngohuam a wɔrehwie.+ Ɛno nti na mmabaa dɔ wo no.   Fa me di w’akyi;* ma yentu mmirika. Ɔhene de me aba ne mpia mu! Ma yɛn ani nnye na yenni ahurusi. Ma yɛnkamfo wo dɔ nsen nsã.* Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔdɔ* wo saa.   O Yerusalem mma mmea, meyɛ ɔbea tuntum, nanso me ho yɛ fɛ,Mete sɛ Kedar+ ntamadan ne Solomon ntamadan.+   Monnhwɛ me hãã, esiane sɛ mibiri nti,Esiane sɛ owia ahye me nti. Me maame mma mmarima bo fuw me;Wɔma mehwɛɛ bobefuw* so,Na me ara me bobefuw de, manhwɛ so.   Wo a matɔ wo dɔ mu,* ka kyerɛ me ɛ.Ɛhe na wode wo nguan kɔ adidi?+Ɛhe na woma wɔda awiabere? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbea a ɔde ade akata n’anim,*Na mikyinkyin wo nnamfonom nguan mu?”   “O mmea mu hoɔfɛfo, sɛ wunnim hɔ a,Kodi nguan no anammɔn akyiNa ma wo mpɔnkye mma nnidi wɔ nguanhwɛfo no ntamadan ho.”   “Me komam hemmaa, m’ani so de, wote sɛ ɔpɔnkɔbere* a ɔtwe Farao nteaseɛnam.+ 10  Agude ama w’afono ayɛ fɛ,*Kɔnmuade ama wo kɔn mu ayɛ fɛ. 11  Yɛde sika kɔkɔɔ bɛyɛ agude* ama wo,Na yɛde dwetɛ asisi so.” 12  “Bere a ɔhene te ne pon kurukuruwa ho yi,Me sradehuam*+ reyi hua. 13  Mihu me dɔfo sɛ kurobow* kotoku ma+A ɛda me nufu ntam anadwo. 14  Mihu me dɔfo sɛ lele* nhwiren+A ɛwɔ En-Gedi+ bobefuw mu.” 15  “Hwɛ, me komam hemmaa, wo ho yɛ fɛ! Mise, ahoɔfɛ aguare wo! W’ani te sɛ aburuburuw ani.”+ 16  “Aa! Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ, na wo ho nso twa.+ Ahaban momono frɔmfrɔm na ɛyɛ yɛn mpa. 17  Yɛn dan* so nnua yɛ sida nnua,Na nnua a egu yɛn dan so* yɛ ɔpopaw nnua.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Dwom a ɛsen biara.”
Anaa “bobesa.”
Nt., “Twe me di w’akyi.”
Anaa “bobesa.”
Kyerɛ sɛ, mmabaa no.
Anaa “bobeturo.”
Anaa “ɔbea a ɔde awerɛhow ntama akata n’anim.”
Anaa “Wo a me kra dɔ wo.”
Anaa “me pɔnkɔbere.”
Ebetumi nso akyerɛ, “W’afono yɛ fɛ wɔ mmɛsa mu.”
Anaa “abotiri.”
Nt., “nardo.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Dua bi a wɔyam n’ahaban de yeyɛ nsa ne nan ho ma ɛyɛ kɔkɔɔ. Wotumi nso de hyɛ nneɛma foforo ma ɛyɛ kɔɔ.
Anaa “fi kɛse.”
Anaa “yɛn mpuran.”