Solomon Dwom 2:1-17

  • Ababaa (1)

    • “Me de, meyɛ nhwiren”

  • Oguanhwɛfo (2)

    • ‘Me komam hemmaa te sɛ nhwiren’

  • Ababaa (3-14)

    • ‘Monnkanyan ɔdɔ kosi sɛ ne bere bɛso’ (7)

    • Oguanhwɛfo no anom asɛm (10b-14)

      • “Ahoɔfɛdua, bra ma yɛnkɔ” (10b,13)

  • Ababaa no nua mmarima (15)

    • “Monkyere sakraman no mma yɛn”

  • Ababaa (16, 17)

    • “Me dɔfo wɔ hɔ ma me, na me nso mewɔ hɔ ma no” (16)

2  “Me de, meyɛ nhwiren a misi mpoano asaasetraa so,Nhwiren* a misi bon mu.”+  2  “Sɛnea nhwiren* te wɔ nsɔe mu no,Saa ara na me komam hemmaa te wɔ mmabaa mu.”  3  “Sɛnea aprɛ dua te wɔ kwae mu nnua mu no,Saa ara na me dɔfo te wɔ mmerante mu. M’ani agyina sɛ mɛtena ne nwini mu,Na n’aduaba yɛ me dɛ.  4  Ɔde me aba apontow fi,*Na ohim ne dɔ wɔ me so sɛ frankaa.  5  Momfa bobe keeki nnwudwo me koma;+Momfa aprɛ mmrɛ me mma minnya ahoɔden,Na ɔdɔ abɔ me yare.  6  Ɔde ne nsa benkum ahyɛ me ti ase,Na ɔde ne nsa nifa abam me.+  7  O Yerusalem mma mmea,Mede ɔtwe+ ne wuram ɔwansan* ka ntam gu mo so sɛ: Monnkanyan ɔdɔ wɔ me mu kosi sɛ ne bere bɛso.+  8  Mete sɛ me dɔfo reba! Hwɛ! Ɔno na ɔreba no,Ɔreforo mmepɔw, na ɔrehuruw tra nkoko.  9  Me dɔfo te sɛ ɔtwe, ɔte sɛ ɔwansan ba.+ Hwɛ, ɔno na ogyina yɛn dan akyi no,Ɔrehwɛ mfɛnsere mu,Ɔde n’ani afa nkantankantan mu. 10  Me dɔfo kasae, ɔka kyerɛɛ me sɛ: ‘Me komam hemmaa, sɔre ɛ,Ahoɔfɛdua, bra ma yɛnkɔ. 11  Hwɛ! awɔwbere* atwam. Osutɔbere atwam; ɛkɔ. 12  Nhwiren apae asaase no so,+Bere aso sɛ wotwitwa nnua ho,+Yɛte aburuburuw su wɔ yɛn asaase so.+ 13  Borɔdɔma aba a edi kan abere wɔ ne dua so;+Bobe agu nhwiren, na ɛreyi hua. Me komam hemmaa, sɔre bra ɛ. Ahoɔfɛdua, bra ma yɛnkɔ. 14  O m’aburuburuw a wowɔ ɔbotan mu,+Wo a wohyɛ bepɔw mu,Ma minhu wo, na mente wo nne ɛ,+Na wo nne yɛ dɛ, na wo ho twa.’”+ 15  “Monkyere sakraman no mma yɛn,Sakraman nketewa a wɔresɛe yɛn bobefuw* no,Efisɛ yɛn bobe no agu nhwiren.” 16  “Me dɔfo wɔ hɔ ma me, na me nso mewɔ hɔ ma no.+ Ɔrehwɛ ne nguan+ wɔ nhwiren* mu.+ 17  O me dɔfo, san bra ntɛmTe sɛ ɔtwe+ anaa ɔwansan mma+ a wɔwɔ mpaapaemu mmepɔw* so,Ansa na mframa abɔ brɛoo,* ansa na sunsuma ayera.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sukooko.”
Anaa “sukooko.”
Nt., “nsã dan.”
Anaa “ɔwansanbere.”
Anaa “osutɔbere.”
Anaa “bobeturo.”
Anaa “sukooko.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Beter mmepɔw.” Anaa “mmepɔw a emu apaapae.”
Nt., “ɛda no ahome.” Anaa “onwini adwo.”