Solomon Dwom 3:1-11

  • Ababaa (1-5)

    • ‘Mehwehwɛɛ nea medɔ no no anadwo’ (1)

  • Sion mma mmea (6-11)

    • Solomon ne ne dɔm

3  “Anadwo a meda me mpa so no,Mehwehwɛɛ nea medɔ no no.*+ Mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.+   Mɛsɔre akokyinkyin kurom;Mɛkɔ akɔfa mmɔnten so ne gua so,Ma menhwehwɛ nea medɔ no no.* Mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.   Awɛmfo a wɔnenam kurom no huu me.+ Ɛnna mibisaa wɔn sɛ, ‘Moahu nea medɔ no no?’*   Bere a misian wɔn ho ara pɛNa mihuu nea medɔ no no.* Misoo ne mu, na mannyaa ne muKosii sɛ mede no baa me maame fi,+Nea onyinsɛn me no dan* mu.   O Yerusalem mma mmea,Mede ɔtwe ne wuram ɔwansan* ka ntam gu mo so sɛ: Monnkanyan ɔdɔ wɔ me mu kosi sɛ ne bere bɛso.”+   “Dɛn na efi sare so reba sɛ wusiw kumɔnn yi?Dɛn na kurobow* ne ɛhyɛ*Ne oguadini nnuhuam nyinaa bi agye ho yi?”+   “Hwɛ! Ɛyɛ Solomon mpa. Mmarima akatakyi 60 atwa ho ahyia,Israel mmarima akatakyi.+   Asekan hyehyɛ wɔn nyinaa ho,Wɔn nyinaa aben wɔ ɔko mu.Obiara sekan bɔ n’asen,Sekan a ɔde wɛn, anadwo nneɛma a ɛyɛ hu nti.”   “Ɛyɛ Ɔhene Solomon apakan*A ɔde Lebanon nnua ayɛ.+ 10  Ɔde dwetɛ ayɛ ne nan,Na ɔde sika kɔkɔɔ ayɛ ne nnyinaso. N’agua yɛ ntama afasebiri;Yerusalem mma mmeaAdura emu nso fɛfɛɛfɛ.” 11  “O Sion mma mmea, mumpue.Monkɔhwɛ Ɔhene SolomonSɛ wahyɛ ayeforo kyɛw* a ne maame+ yɛ maa noƐda a ɔwaree no,Ɛda a ne koma dii ahurusi no.”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “nea me kra dɔ no no.”
Anaa “nea me kra dɔ no no.”
Anaa “nea me kra dɔ no no.”
Anaa “nea me kra dɔ no no.”
Anaa “pia.”
Anaa “ɔwansanbere.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛyɛ ade bi a ntama kata ho a wɔde soa ɔhene anaa onipa titiriw bi.
Anaa “nhwiren abotiri.”