Solomon Dwom 4:1-16

  • Oguanhwɛfo (1-5)

    • “Me komam hemmaa, wo ho yɛ fɛ” (1)

  • Ababaa (6)

  • Oguanhwɛfo (7-16a)

    • “M’ayeforo, woawia me koma” (9)

  • Ababaa (16b)

4  “Hwɛ, me komam hemmaa, wo ho yɛ fɛ! Mise, ahoɔfɛ aguare wo! W’ani te sɛ aburuburuw ani wɔ wo nkataanim mu. Wo nwi yɛ fɛ te sɛ mpɔnkye a wɔabom yuuA wɔresian Gilead mmepɔw.+   Wo se yɛ fɛ te sɛ nguankuw a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforoA wɔaguare wɔn seesei ara,Nguan a wɔn nyinaa awowo ntaA obiara ba nwui.   W’ano yɛ fɛ te sɛ hama kɔkɔɔ,Na w’anom kasa yɛ dɛ. W’afono* yɛ fɛ wɔ wo nkataanim mu;Ɛte sɛ granate akutu* a wɔapae mu.   Wo kɔn+ te sɛ Dawid abantenten,+Abantenten a wɔde abo ahyehyɛ,Abantenten a akyɛm apem sensɛn ho,Mmarima akatakyi akyɛm nyinaa.+   Wo nufu abien no te sɛ atwe nkumaa abien,Ɔtwe mma ntaafo+A wɔredidi wɔ nhwiren* mu.”   “Mɛkɔ kurobow bepɔw so,Na makɔ ɛhyɛ* bepɔw* so+Ansa na mframa abɔ brɛoo,* na sunsuma ayera.”   “Me komam hemmaa, wo ho yɛ fɛ fi soro besi fam,+Dɛm biara nni wo ho.   M’ayeforo, bra ma yemfi Lebanon,Bra ma yemfi Lebanon+ nkɔ. Sian fi Amana* atifi,Sian fi Senir atifi; fi Hermon+ atifi sian,Fi agyata buw no mu, na fi asebɔ mmepɔw no so sian.   Me nuabea, m’ayeforo, woawia me koma,+Wode w’ani ahwɛ me baako pɛ de awia me koma;Ade baako a ɛda wo kɔnmuade ano nti, me koma anan. 10  Wo dɔ yɛ fɛ,+ me nuabea, m’ayeforo! Wo dɔ yɛ dɛ koraa sen nsã,*+Na wo sradehuam yɛ huam sen aduhuam biara!+ 11  M’ayeforo, ɛwo sosɔ fi w’ano.*+ Ɛwo ne nufusu wɔ wo tɛkrɛma ase,+Na wo ntaade mu yɛ huam te sɛ Lebanon hua. 12  Me nuabea no, m’ayeforo no, ɔte sɛ turo a wɔato mu,Turo a wɔato mu, asuti a wɔatua ano. 13  Wo nkorabata* asow granate akutu dɔsɔɔ; ɛte sɛ paradise.*Nnuaba pa nko ara na ɛwom; lele ne nardo, 14  Nardo+ ne safron, sibiri huamhuam*+ ne sinamon,+Ne ɛhyɛ* nnua nyinaa, kurobow ne pɛprɛ,+Ne nnuhuam mu nnuhuam nyinaa.+ 15  Wote sɛ turom asuti, asubura a ɛma nsupa,Ne nsu a ɛtene fi Lebanon.+ 16  Atifi mframa, sɔre ɛ;Anaafo mframa, bra. Bɛhome* gu me turo so. Ma ne huam nnye baabiara.” “Ma me dɔfo mmra ne turomNa ommedi emu nnuaba pa.”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “W’asontɔrem.”
Anaa “pomegranate.”
Anaa “sukooko.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “ɛda no ahome.” Anaa “onwini adwo.”
Anaa “koko.”
Anaa “Mmepɔw a Ɛne Lebanon Mmepɔw Di Nhwɛanim no.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “w’ano sosɔ sɛ ɛwokyɛm.”
Ebetumi nso akyerɛ, “honam.”
Anaa “turo.”
Ɛyɛ afifide bi a ɛyɛ huam. Nanso obiara nhyɛ da nnim afifide pɔtee a ɛyɛ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Bɛbɔ brɛoo.”