Solomon Dwom 5:1-16

  • Oguanhwɛfo (1a)

  • Yerusalem mmea (1b)1b)

    • “Monnom ɔdɔ na ɛmmow mo!”

  • Ababaa (2-8)

    • Ɔkaa dae a ɔsoe

  • Yerusalem mma mmea (9)

    • “Dɛn koraa na wo dɔfo de kyɛn ɔdɔfo foforo biara?”

  • Ababaa (10-16)

    • “Nnipa mpem du gyinagyina hɔ a, ɔda mu fua” (10)

5  “Me nuabea, m’ayeforo,Maba me turo mu.+ Matetew me kurobow ne m’aduhuam.+ Madi me wokyɛm ne me wo;Manom me nsã* ne me nufusu.”+ “Nnamfo pa, munnidi! Monnom ɔdɔ na ɛmmow mo!”+   “Mada nanso me koma anyan.+ Mate sɛ me dɔfo rebɔ pon mu!” ‘Bue me, me nuabea, me komam hemmaa,M’aburuburuw, wo ho twa!* Obosu ama me tirim afɔw,Anadwo bosu afɔw me ti nwi.’+   Mayi m’ataade. Mensan nhyɛ bio anaa? Mahohoro me nan ho. Mensan nyɛ ho fĩ bio anaa?   Ɛnna me dɔfo twee ne nsa fii ɔpon tokuru no mu,Ne nti, me yam nkosua nyinaa bobɔe.   Mesɔree sɛ merekobue me dɔfo;Me nsa ho kurobow sosɔe,Kurobow nsunsu a ɛwɔ me nsateaa ho sosɔe,Ɛsosɔ guu korɔkorɔ no ho.   Ɛnna mibuee ɔpon no sɛ me dɔfo mmra mu,Nanso na me dɔfo adan ne ho; ná ɔkɔ. Bere a mihui sɛ ɔkɔ no,ebubuu me.* Mehwehwɛɛ no, nansomanhu no.+ Mefrɛɛ no, nanso wannye me so.   Awɛmfo a wɔnenam kurow no mu huu me. Wɔbobɔɔ me, wopirapiraa me. Awɛmfo a wɔwɛn afasu no yii me nkataanim.   O Yerusalem mma mmea, meka ntam gu mo so sɛ: Sɛ muhu me dɔfo a,Monka nkyerɛ no sɛ, ɔdɔ abɔ me yare.”   “O mmea mu hoɔfɛfo,Dɛn koraa na wo dɔfo de kyɛn ɔdɔfo foforo biara? Dɛn koraa na wo dɔfo de kyɛn ɔdɔfo foforo biaraA enti woaka ntam a ɛnte sɛɛ agu yɛn so yi?” 10  “Me dɔfo te sɛ ahwehwɛ; ɔbere* kama;Nnipa mpem du gyinagyina hɔ a, ɔda mu fua. 11  Ne ti yɛ sika kɔkɔɔ, sika kɔkɔɔ amapa. Ne ti nwi te sɛ berɛw a ɛredi ahim,*Ɛyɛ tumm sɛ kwaakwaadabi. 12  N’ani te sɛ mmuruburuw a wɔwɔ nsu ho,Mmuruburuw a wɔreguare nufusu mu,Mmuruburuw a wosisi nsu ano.* 13  N’afono te sɛ nkofi a aduhuam ayɛ so ma,+Nkofi a nnuhuam gu so. N’ano yɛ nhwiren;* ɛsosɔ kurobow.*+ 14  Ne nsateaa yɛ sika kɔkɔɔ a wɔde sikabereboahyehyɛ mu, Ne yafunu yɛ asonse* a wɔatwiw ho a wɔde hoabo adura ho. 15  Ne nan yɛ abohemmaa adum a ne nnyinaso yɛ sika kɔkɔɔ amapa. N’ahoɔfɛ te sɛ Lebanon; ɔda mu fua te sɛ Lebanon sida nnua.+ 16  Ade a ɛyɛ dɛ wɔ n’anom,*Ne ho biribiara yɛ fɛ.+ Yerusalem mma mmea, oyi ne me dɔfo; ɔdɔ-yɛ-wu.”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “bobesa.”
Anaa “dɛm biara nni wo ho.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Bere a ɔrekasa no, me ho mmoa nyinaa guanee.”
Anaa “ɔyɛ kɔkɔɔ.”
Ebetumi nso akyerɛ, “adobɛ aba.”
Anaa “asukɔn so.”
Anaa “sukooko.”
Anaa “kurobow nsunsu.”
Anaa “asono se.”
Nt., “ne dodom.”