Solomon Dwom 6:1-13

  • Yerusalem mma mmea (1)

  • Ababaa (2, 3)

    • “Mewɔ hɔ ma me dɔfo, na me dɔfo nso wɔ hɔ ma me” (3)

  • Ɔhene (4-10)

    • “Wo ho yɛ fɛ te sɛ Tirsa” (4)

    • Mmea no anom asɛm (10)

  • Ababaa (11, 12)

  • Ɔhene (ne ebinom) (13a)

  • Ababaa (13b)

  • Ɔhene (ne ebinom) 13c)

6  “O mmea mu hoɔfɛfo,Ɛhe na wo dɔfo kɔ? Ɛhe na wo dɔfo de n’ani akyerɛ? Ma yɛne wo nyinaa nkɔhwehwɛ no.”   “Me dɔfo asian kɔ ne turo mu,Ɔkɔ baabi a aduhuam nkofi wɔ.Ɔrekɔhwɛ ne nguan wɔ nturo no muNa watetew nhwiren.*+   Mewɔ hɔ ma me dɔfo,Na me dɔfo nso wɔ hɔ ma me.+ Ɔrehwɛ ne nguan wɔ nhwiren* mu.”+   “Me komam hemmaa,+ wo ho yɛ fɛ te sɛ Tirsa,*+Wo ho twa te sɛ Yerusalem,+Wote sɛ asraafodɔm a wɔahyia wɔ wɔn frankaa ase; mihu wo a, na mabɔ birim.+   Yi w’ani+ fi m’anim,Na ɛregyigye me. Wo nwi yɛ fɛ te sɛ mpɔnkye a wɔabom yuuA wɔresian Gilead mmepɔw.+   Wo se yɛ fɛ te sɛ nguankuwA wɔaguare wɔn seesei ara,Nguan a wɔn nyinaa awowo ntaA obiara ba nwui.   W’afono* yɛ fɛ wo nkataanim mu;Ɛte sɛ granate akutu* a wɔapae mu.   Ahemmaa 60,Mpenafo* 80,Ne mmabaa pii wɔ hɔ de,+   Nanso baako pɛ na ɔyɛ m’aburuburuw+ a ne ho twa.* Ɔno na ɔda ne maame koma so, Ɔyɛ ne maame a ɔwoo no no dɔba.* Mmabaa hu no, na woyi no ayɛ;Ahemmaa ne mpenafo hu no, na wɔkamfo no. 10  ‘Ɔbea bɛn na ɔhyerɛn* sɛ adekyee,A ne ho yɛ fɛ te sɛ ɔsram a atwa puruw yi?Ɔhyerɛn sɛ owia;Ɔte sɛ asraafodɔm a wɔahyia wɔ wɔn frankaa ase; wuhu no a, na woabɔ birim.’”+ 11  “Misian kɔɔ atea* turom+Kɔhwɛɛ nnua a afefɛw wɔ subon mu,Mekɔhwɛe sɛ bobe afefɛw anaa,Mekɔhwɛe sɛ granate akutu nnua agu nhwiren anaa. 12  Bere a m’ani baa me ho so no,Na ahwehwɛ-ahwehwɛ*De me akopue me man adehye* nteaseɛnam so.” 13  “O Sulamni ababaa, san bra, san bra! San bra, san bra ɛ!Bra ma yɛnhwɛ w’ahoɔfɛ!” “Adɛn nti na mohwɛ Sulamni ababaa no saa?”+ “Ɔte sɛ akuw abien asaw!”*

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “sukooko.”
Anaa “sukooko.”
Anaa “Anika Kurow.”
Anaa “pomegranate.”
Anaa “W’asontɔrem.”
Tete mmere mu no, na wɔyɛ mmea a wɔto aware so, kyerɛ sɛ, mmea a nkurɔfo aware wɔn aka wɔn yere ho.
Anaa “dɛm biara nni ne ho.”
Nt., “nea asɛm biara nni ne ho.”
Nt., “ɔhwɛ fam.”
Ná dua a wɔreka ho asɛm yi wɔ Israel, na ɛte sɛ atea.
Anaa “me kra.”
Anaa “ayamyefo.”
Anaa “Ɔte sɛ Mahanaim asaw!”