Solomon Dwom 7:1-13

  • Ɔhene (1-9a)

    • “Wo ho yɛ anika, O ababaa a medɔ wo” (6)

  • Ababaa (9b-13)

    • “Mewɔ hɔ ma me dɔfo, wanhu me a, ontumi ntena” (10)

7  “O ababaa, ɔdehye,Wo nan ne mpaboa, ɛyɛ fɛ sɛ! Wo srɛ yɛ fɛ te sɛ agude,Ɛte sɛ odwumfo nsa ano adwuma.   Wo funuma te sɛ kora kurukuruwa. Nsã* a wɔafra rempa mu da. Wo yafunu te sɛ hwiit a esum hɔ,A nhwiren* atwa ho ahyia.   Wo nufu abien no te sɛ atwe nkumaa abien,Ɔtwe mma ntaafo.+   Wo kɔn+ te sɛ abantenten a wɔde asonse* asi.+ W’ani+ te sɛ Hesbon+ atare,A ɛwɔ Bat-Rabim pon ano. Wo hwene te sɛ Lebanon abantentenA ɛhwɛ Damasko.   Wo ti a esi wo kɔn so te sɛ Karmel,+Na wo ti nwi*+ a egu w’akyi te sɛ ntama afasebiri.+ Nwi a egu wo kɔn akyi nti, ɔhene nte wo ho gyae.   Wo ho yɛ fɛ, na wo ho yɛ anika,O ababaa a medɔ wo; wokyɛn afɛfɛde nyinaa!   Wo nipadua te sɛ abɛ dua,Na wo nufu te sɛ adobɛ siaw.+   Mekae sɛ, ‘Mɛforo abɛ dua no,Na makoso ne mpopa mu.’ Ma wo nufu nyɛ sɛ bobe siaw,Na wo hwenem hua nyɛ sɛ aprɛ,   Na w’anom* nyɛ te sɛ nsã* papa paa.” “Ma ɛnkɔ yɔɔ mma me dɔfo,Na ɛnsɔn ngu wɔn a wɔada anom brɛoo. 10  Mewɔ hɔ ma me dɔfo,+Wanhu me a, ontumi ntena. 11  O me dɔfo, braMa yɛnkɔ wuram;Ma yɛnkɔtena lele* nnua ase.+ 12  Ma yɛnsɔre anɔpatutuutu na yɛnkɔ bobefuw* mu,Ma yɛnkɔhwɛ sɛ bobe afefɛw anaa,Ma yɛnkɔhwɛ sɛ agu nhwiren anaa,+Na yɛnhwɛ sɛ granate akutu* nso agu nhwiren anaa.+ Ɛhɔ na mɛkyerɛ wo me dɔ.+ 13  Dudayim*+ nnuaba hua agye baabiara;Na nnuaba pa nyinaa bi wɔ yɛn apon ano.+ Foforo ne dedaw nyinaa,Mede asie ama wo, O me dɔfo.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Bobesa.”
Anaa “sukooko.”
Anaa “asono se.”
Nt., “wo ti.”
Nt., “wo dodom.”
Anaa “bobesa.”
Dua bi a wɔyam n’ahaban de yeyɛ nsa ne nan ho ma ɛyɛ kɔkɔɔ. Wotumi nso de hyɛ nneɛma foforo ma ɛyɛ kɔɔ.
Anaa “bobeturo.”
Anaa “pomegranate.”
Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ntɔmmɔ anaa santom a ɛsow aba. Ná nkurɔfo susuw sɛ ɛma awo.