Solomon Dwom 8:1-14

  • Ababaa (1-4)

    • “Minyae a, anka wote sɛ me nuabarima” (1)

  • Ababaa no nua mmarima (5a)

    • ‘Hena na ne ti da ne dɔfo so yi?’

  • Ababaa (5b-7)

    • “Ɔdɔ ho yɛ den te sɛ owu” (6)

  • Ababaa no nua mmarima (8, 9)

    • “Sɛ ɔyɛ ɔfasu a, . . . na sɛ ɔyɛ ɔpon a, . . .” (9)

  • Ababaa (10-12)

    • “Meyɛ ɔfasu” (10)

  • Oguanhwɛfo (13)

    • ‘Ma mente wo nne’

  • Ababaa (14)

    • “Ma wo ho nyɛ hare te sɛ ɔtwe”

8  “Minyae a, anka wote sɛ me nuabarima,Me nuabarima a onum me maame nufu. Anka mihu wo wɔ abɔnten a, mefew w’ano,+Na obiara remmu me animtiaa.   Anka medi w’anim;Anka mede wo bɛba me maame fi,+Nea ɔkyerɛɛ me ade no fi. Anka mɛma wo nsã* a wɔde aduhuam afra,Granate akutu* mu nsu a wɔakyĩ no foforo.   Anka ɔde ne nsa benkum bɛhyɛ me ti ase,Na ɔde ne nsa nifa abam me.+   O Yerusalem mma mmea, meka ntam gu mo so sɛ: Monnkanyan ɔdɔ wɔ me mu kosi sɛ ne bere bɛso.”+   “Hena na ofi sare so reba,A ne ti da ne dɔfo so yi?” “Aprɛ dua ase na minyan wo. Ɛhɔ na awo kaa wo maame. Ɛhɔ na awo kaa nea ɔwoo wo no.   Fa me yɛ ahyɛnsode to wo koma so,Na fa me si wo basa so sɛ ahyɛnsode,Efisɛ ɔdɔ ho yɛ den te sɛ owu,+Na sɛ obi de ne koma ma obi a, ɛte sɛ nea Ɔdamoa* kura ade mu; ennyaa mu da. Ɛte sɛ ogya a ɛredɛw brambrambram, Yah* gyaframa.+   Nsu a ɛrebu fa so rentumi nnum ɔdɔ,+Na nsubɔnten rentumi nhohoro nkɔ.+ Sɛ ɔbarima bi de ne fi agyapade nyinaa mpo ma sɛ ɔde bɛtɔ ɔdɔ a,Wobebu no* adehunu koraa.”   “Yɛwɔ nuabea kumaa bi;+Ɔmmobɔɔ nufu. Da a obi bebisa n’ase no,Ɛdɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabea yi?”   “Sɛ ɔyɛ ɔfasu a,Yɛde dwetɛ besi abantenten asi no so,Na sɛ ɔyɛ ɔpon a,Yɛde sida dua ntaaboo bɛbram ne ho.” 10  “Meyɛ ɔfasu,Na me nufu te sɛ abantenten. Enti n’ani so de,Mete sɛ obi a n’asom adwo no. 11  Ná Solomon wɔ bobefuw* bi+ wɔ Baal-Hamon. Ɔde bobefuw no maa ahwɛfo. Na sɛ wɔtew so aba a, wɔn mu biara de nnwetɛbona apem ba. 12  Mewɔ me bobefuw; ɛyɛ me ara me dea. Nnwetɛbona apem* no yɛ wo de, O Solomon,Na ahanu yɛ wɔn a wɔhwɛ bobefuw aba no so no de.” 13  “O wo a wote nturo mu,+Nnamfonom ayɛ aso retie wo nne. Ma me nso mente wo nne.”+ 14  “Me dɔfo, tu mmirika,Ma wo ho nyɛ hare te sɛ ɔtwe+Anaa ɔwansan baA ɔwɔ nnuhuam mmepɔw so.”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “bobesa.”
Anaa “Pomegranate.”
“Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tiaa.
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ebetumi nso akyerɛ, “ɔbarima no.”
Anaa “bobeturo.”
Nt., “Apem no.”