Yeremia 11:1-23

  • Yuda buu apam a Onyankopɔn ne wɔn yɛe no so (1-17)

    • Sɛnea wɔn nkurow dɔɔso no, saa ara na wɔn anyame nso dɔɔso (13)

  • Wɔkae sɛ Yeremia te sɛ oguan ba a wɔrekokum no (18-20)

  • Yeremia kuromfo sɔre tiaa no (21-23)

11  Asɛm a efi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn ni:  “Ɔmanfo, muntie apam yi mu nsɛm! “Ka* nsɛm yi kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfo  na ma wɔnte sɛ, ‘Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Nnome nka obiara a ontie apam yi mu nsɛm.+  Saa nsɛm no na meka kyerɛɛ mo agyanom ɛda a miyii wɔn fii Egypt asaase so+ na miyii wɔn fii fononoo a wɔde nan dade mu no.+ Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Muntie me nne na monyɛ nea mahyɛ mo nyinaa, na mobɛyɛ me man na me nso mayɛ mo Nyankopɔn,+  na medi ntam a mekaa mo agyanom no so, ntam a mekae sɛ, mede asaase a nufusu ne ɛwo abu so wɔ so no bɛma wɔn no;+ na saa ara na ɛte nnɛ da yi.’”’” Na migyee so sɛ: “Amen,* O Yehowa.”  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Bɔ nsɛm yi nyinaa dawuru wɔ Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmɔnten so sɛ: ‘Muntie apam yi mu nsɛm na munni so.  Mekasa kyerɛɛ mo agyanom denneennen, ɛda a miyii wɔn fii Egypt asaase so bae no, na ɛde besi nnɛ nso matu wɔn fo mpɛn pii* sɛ: “Muntie me nne.”+  Nanso wɔantie, na wɔanyɛ aso; mmom obiara yɛɛ asoɔden dii ne koma bɔne akyi.+ Ɛno nti, apam yi mu nsɛm a meka kyerɛɛ wɔn sɛ wonni so a wɔanni so no, mede ne nyinaa baa wɔn so.’”  Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: “Yuda mmarima ne Yerusalemfo abɔ me ho pɔw. 10  Wɔasan wɔn akyi akɔyɛ bɔne a wɔn agyanom a wɔtenaa ase tete no yɛe no bi, wɔn agyanom a wɔanni m’asɛm so no.+ Wɔn nso akodi anyame foforo akyi, na wɔasom wɔn.+ Israel fi ne Yuda fi abu m’apam a me ne wɔn agyanom yɛe no so.+ 11  Enti nea Yehowa aka ni, ‘Hwɛ, mede mmusu bi reba wɔn so+ a wɔrentumi nguan. Na sɛ wosu frɛ me a, merentie wɔn.+ 12  Na Yuda nkurow ne Yerusalemfo bɛkɔ anyame a wɔbɔ afɔre* ma wɔn no hɔ sɛ wɔmmoa wɔn,+ nanso wɔrentumi nnye wɔn da wɔ wɔn amanehunu bere no mu. 13  O Yuda, sɛnea wo nkurow dɔɔso no, saa ara na w’anyame adɔɔso, na sɛnea Yerusalem mmorɔn dɔɔso no, saa ara na moasisi afɔremuka bebree ama aniwude* no, afɔremuka a mobɔ afɔre* wɔ so ma Baal no.’+ 14  “Na wo* de, mmɔ mpae mma ɔman yi. Nsu mfrɛ me mma wɔn, mmɔ mpae mma wɔn,+ efisɛ sɛ wosu frɛ me wɔ wɔn amanehunu bere no mu a, merentie. 15  Dɛn na me dɔfo repɛ wɔ me fiBere a nnipa pii adi bɔne yi? Sɛ amanehunu ba wo so a, wobetumi de nam kronkron* ayi afi hɔ anaa? Saa bere no, wubedi ahurusi anaa? 16  Bere bi, Yehowa frɛɛ wo ngodua frɔmfrɔm,Ngodua fɛfɛɛfɛ a ɛsow aba pa. Ɔde nnyigyei kɛse bi atwa gya ato ne mu,Na wɔabubu ne nkorabata. 17  “Asafo Yehowa, Nea oduaa wo+ no aka sɛ, mmusu bi bɛba wo so esiane bɔne a Israel fi ne Yuda fi yɛe nti. Wɔn na wɔbɔɔ afɔre maa Baal de hyɛɛ me abufuw.”+ 18  Yehowa kyerɛɛ me ma mihui;Saa bere no, woma mihuu nea na wɔreyɛ. 19  Me de, na mete sɛ oguan ba a odwo a wɔrekokum no; Ná minnim sɛ wɔrebɔ me ho pɔw sɛ:+ “Momma yɛnsɛe dua no ne n’aba,Na yentwa no mfi ateasefo asaase so,Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenkae ne din bio.” 20  Nanso asafo Yehowa bu atɛn wɔ trenee mu;Ɔhwehwɛ onipa tirim adwene* ne ne koma mu.+ Ma minhu sɛnea wubetua wɔn ka,Efisɛ wo na mede m’asɛm abɛdan wo. 21  Ɛno nti, eyi na Yehowa aka atia Anatot mmarima+ a wɔpɛ sɛ woyi wo nkwa* fi hɔ na wɔka sɛ: “Nhyɛ nkɔm Yehowa din mu,+ anyɛ saa a wubewu wɔ yɛn nsam” no; 22  enti nea asafo Yehowa aka ni: “Hwɛ, merebɛma wɔabu wɔn bɔne ho akontaa. Sekan na wɔde bekunkum mmerante no,+ na wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmea nso, ɔkɔm na ebekunkum wɔn.+ 23  Nkaefo biara mpo renka mma wɔn, efisɛ mede mmusu bɛba Anatot mmarima so,+ afe a wobebu akontaa no.”

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛbɛyɛ sɛ Yeremia na wɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ no.
Anaa “Ɛnyɛ hɔ.”
Nt., “mesɔre anɔpatutuutu kasa kyerɛ wɔn.”
Anaa “wɔhyew afɔrebɔde.”
Anaa “onyame a ne ho yɛ aniwu.”
Anaa “mohyew afɔrebɔde.”
Kyerɛ sɛ, Yeremia.
Kyerɛ sɛ, afɔre a wɔbɔ wɔ asɔrefi hɔ no.
Anaa “sɛnea onipa te nka wɔ ne mu.” Nt., “asaabo.”
Anaa “kra.”