Yeremia 20:1-18

  • Pasur bɔɔ Yeremia (1-6)

  • Yeremia rentumi nnyae asɛm no ka (7-13)

    • Onyankopɔn asɛm te sɛ ogya a ɛredɛw (9)

    • Yehowa te sɛ ɔsabarima a ne ho yɛ hu (11)

  • Yeremia kaa ne haw (14-18)

20  Bere a Yeremia rehyɛ nkɔm yi nyinaa no, na Imer ba Pasur, ɔsɔfo a ɔyɛ Yehowa fi so otitiriw no retie.  Ɛnna Pasur bɔɔ odiyifo Yeremia, na ɔde no bɔɔ dua mu+ wɔ Benyamin Pon a Ɛwɔ Soro wɔ Yehowa fi no mu.  Na bere a ade kyee a Pasur yii Yeremia fii dua no mu no, Yeremia ka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa remfrɛ wo Pasur bio, na mmom wato wo din Ehu Wɔ Baabiara.+  Efisɛ nea Yehowa aka ni, ‘Mɛma wo ne wo nnamfo nyinaa abɔ hu esiane nea ɛbɛto wo no nti, na wobewuwu wɔ wɔn atamfo sekan ano ama wode w’ani ahu;+ na mede Yuda nyinaa bɛhyɛ Babilon hene nsa, na obetu wɔn ase akɔ Babilon, na ɔde sekan akunkum wɔn.+  Na mede kurow yi mu ahonyade nyinaa, ne emu nneɛma a wɔabrɛ anya nyinaa, ne emu nneɛma a ɛsom bo nyinaa, ne Yuda ahemfo agyapade nyinaa bɛma wɔn atamfo.+ Wobegye afi wɔn nsam na wɔafom de akɔ Babilon.+  Na wo Pasur, wɔbɛkyere wo ne wo fifo nyinaa akɔ. Wobɛkɔ Babilon, na ɛhɔ na wubewu, na ɛhɔ na wobesie wo ne wo nnamfo nyinaa, efisɛ woahyɛ nkɔm a ɛnyɛ nokware akyerɛ wɔn.’”+   O Yehowa, woadaadaa me, na mama woadaadaa me. Wode w’ahoɔden abu afa me so, na woadi nkonim.+ Daa nkurɔfo serew me;Obiara di me ho fɛw.+   Sɛ mekasa biara a, mede to gua, na meteɛm ka sɛ,“Awudisɛm ne ɔsɛe!” Yehowa asɛm nti, daa nkurɔfo yeyaw me na wɔserew me.+   Ɛno nti mekae sɛ: “Meremmɔ ne din bio,Na merenkasa wɔ ne din mu bio.”+ Nanso n’asɛm yɛɛ sɛ ogya wɔ me koma mu. Ɛyɛe sɛ ogya a ɛredɛw a wɔato mu wɔ me nnompe mu;Ɛhyehyee me boroo so,Na mantumi anka m’ano antom.+ 10  Metee nseku pii;Ehu twaa me ho hyiae.+ Wɔkae sɛ: “Muntwa no adapaa; momma yentwa no adapaa!” Wɔn a ɛyɛ me sɛ wɔne me te asomdwoe mu mpo pɛ sɛ asɛm to me.+ Wɔkae sɛ: “Ebia obedi nkwaseasɛm,Na yebenya no ayɛ no bi atua ka.” 11  Nanso Yehowa gyinaa m’akyi sɛ ɔsabarima a ne ho yɛ hu.+ Ɛno nti wɔn a wɔtan m’ani no behintiw, na wɔrennyina.+ Wɔn ani bewu pɔtɔɔ, efisɛ ɛrensi wɔn yiye. Wɔn aniwu no rentwam da, na obiara werɛ remfi.+ 12  Na wo, asafo Yehowa, wo na wohwehwɛ ɔtreneeni mu;Wo na wuhu onipa tirim adwene* ne ne koma mu.+ Ma minhu sɛnea wubetua wɔn ka,+Efisɛ wo na mede m’asɛm abɛdan wo.+ 13  Monto dwom mma Yehowa! Munyi Yehowa ayɛ! Na wagye mmɔborɔwa* afi abɔnefo nsam. 14  Nnome nka da a wɔwoo me! Mma ɛda a me maame woo me no nnnya nhyira!+ 15  Nnome nka ɔbarima a ɔbɛkaa asɛmpa kyerɛɛ me papa sɛ: “Wɔawo ɔbabarima ama wo!” A ɛno nti odii ahurusi no. 16  Ma saa ɔbarima no nyɛ sɛ nkurow a Yehowa sɛee no a anyɛ No yaw no. Ma ɔnte nkekawmu anɔpa, na awia ketee nso, ɔnte dede a ɛyɛ hu. 17  Adɛn nti na wankum me prɛko wɔ yafunu mu,Na me maame yam anyɛ m’amusiei,Na ne nyinsɛn anka ne yam?+ 18  Adɛn nti koraa na mifi ɔyafunu mu baeSɛ merebehu amane na madi awerɛhow,Na me nna aba awiei animguase mu?+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “sɛnea onipa te nka wɔ ne mu.” Nt., “asaabo.”
Anaa “mmɔborɔwa kra.”