Yeremia 21:1-14

  • Yehowa ampene Sedekia abisade no so (1-7)

  • Ɛsɛ sɛ nkurɔfo fa nkwa anaa owu (8-14)

21  Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn bere a Ɔhene Sedekia+ somaa Malkiya ba Pasur+ ne Maaseia ba, ɔsɔfo Sefania+ baa Yeremia nkyɛn no. Wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ:  “Babilon hene Nebukadnesar* ne yɛn rebɛko, enti yɛpa wo kyɛw, bisa Yehowa ma yenhu nea ɛbɛto yɛn.+ Ebia Yehowa bɛyɛ n’anwonwadwuma no bi de aboa yɛn ama wafi yɛn so akɔ.”+  Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔka nkyerɛ Sedekia sɛ,  ‘Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Hwɛ, meredan akode a ɛwɔ mo ara mo nsam no aba mo so, akode a mode reko atia Babilon hene+ ne Kaldeafo a wɔwɔ ɔfasu no akyi a wɔaka mo ahyɛ kurow no mu no. Na mɛboaboa akode no* ano aba kurow yi mfinimfini.  Na me ara mede nsa a emu ateɛ, ne basa a ɛyɛ den, ne abufuw, ne abufuhyew, ne anibere kɛse bɛko atia mo.+  Mekunkum kurow yi mufo, nnipa ne mmoa nyinaa. Mede nsanyare a edi awu* paa na ebekunkum wɔn.”’+  “‘“Ɛno akyi no,” Yehowa asɛm ni, “Yuda hene Sedekia, ne ne nkoa, ne ɔmanfo no, ne kurow yi mu nnipa a nsanyare a edi awu ne sekan ne ɔkɔm no ankunkum wɔn no, mede wɔn bɛhyɛ Babilon hene Nebukadnesar* nsa,+ ne wɔn atamfo, ne wɔn a wɔpɛ sɛ wokunkum wɔn* no nsa. Ɔde sekan bekunkum wɔn. Wɔn asɛm renyɛ no awerɛhow, ne yam renhyehye no mma wɔn, na ɔrenhu wɔn mmɔbɔ nso.”’+  “Na nkurɔfo yi de, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Hwɛ, mede nkwa kwan ne owu kwan resi mo anim.  Wɔn a wɔbɛtena kurow yi mu no, sekan ne ɔkɔm ne owuyare na ebekunkum wɔn. Na obiara a obepue de ne ho akɔma Kaldeafo a wɔaka mo ahyɛ mo kurow no mu no renwu, na obenya ne nkwa* sɛ asade.”’*+ 10  “‘“Mede m’ani asi kurow yi so; ɛnyɛ adepa na mede bɛba so, na mmom mmusu,”+ Yehowa asɛm ni. “Wɔde bɛhyɛ Babilon hene nsa,+ na ɔde ogya ahyew.”+ 11  “‘Yuda hene fifo nso, muntie Yehowa asɛm. 12  O Dawid fi, nea Yehowa aka ni: “Anɔpa biara mummu atɛntrenee,Na nea wɔresisi no no, munnye no mfi osisifo nsam,+Anyɛ saa a, nneɛma bɔne a moyɛ nti,+M’abufuw bɛdɛw sɛ ogya,+Na ɛbɛhyew a obiara rentumi nnum no.”’ 13  ‘Hwɛ, me ne wo anya, wo a wote obon mu,*Wo asaasetraa so botan,’ Yehowa asɛm ni. ‘Na mo a moka sɛ: “Hena na obesian aba yɛn so? Na hena na ɔbɛba yɛn atenae abɛtow ahyɛ yɛn so?” no de, 14  Mebu mo atɛnSɛnea mo nnwuma te,’+ Yehowa asɛm ni. ‘Na mede ogya bɛto ne kwae mu,Na ɛbɛhyew nneɛma a atwa ne ho ahyia nyinaa.’”+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.
Ebetumi nso akyerɛ, “Kaldeafo no.”
Anaa “ɔyare.”
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.
Anaa “wɔpɛ sɛ wogye wɔn kra.”
Anaa “kra.”
Anaa “biribi a wɔanya wɔ ɔko mu; ɔbɛfa ne ho adi.”
Anaa “asaasetraa so.”