Yeremia 24:1-10

  • Borɔdɔma a eye ne borɔdɔma a enye (1-10)

24  Ɛnna Yehowa de nkɛntɛn abien a borɔdɔma wom a ɛwɔ Yehowa asɔrefi no anim kyerɛɛ me. Saa bere no, na Babilon hene Nebukadnesar* asoa Yehoiakim ba+ Yekonia,*+ Yuda hene no ne Yuda mpanyimfo ne adwumfo ne atomfo* nyinaa kɔ. Ɔde wɔn fii Yerusalem kɔɔ Babilon.+  Ná kɛntɛn baako mu borɔdɔma no ye paa te sɛ borɔdɔma aba a edi kan. Kɛntɛn baako no mu borɔdɔma no de, na enye koraa; enye koraa ma enti wudi a ɛnyɛ yiye.  Na Yehowa bisaa me sɛ: “Yeremia, dɛn na wuhu?” Ɛnna mekae sɛ: “Borɔdɔma; borɔdɔma a eye no ye paa, na nea enye no de, enye koraa; enye koraa ma enti wudi a ɛnyɛ yiye.”+  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ:  “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Sɛnea borɔdɔma a eye yi te no, saa ara na Yudafo a mituu wɔn fii ha kɔɔ Kaldeafo asaase so no, mebu wɔn sɛ woye.  Mede m’ani bedi wɔn akyi ama asi wɔn yiye, na mɛma wɔasan aba asaase yi so.+ Mede wɔn besisi hɔ, na merennwiriw wɔn ngu; medua wɔn, na merentutu wɔn ase.+  Na mɛma wɔanya koma a wɔde behu sɛ mene Yehowa.+ Wɔbɛyɛ me man na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn,+ efisɛ wɔde wɔn koma nyinaa bɛsan aba me nkyɛn.+  “‘Na borɔdɔma a enye koraa ma enti wudi a ɛnyɛ yiye no,+ nea Yehowa aka afa ho ni: “Saa ara na Yuda hene Sedekia+ ne ne mpanyimfo ne Yerusalemfo a wɔaka asaase yi so ne wɔn a wɔtete Egypt asaase so no, mebu wɔn sɛ wonye.+  Baabiara a mɛhwete wɔn akɔ no,+ mɛma wɔadan biribi a ɛyɛ hu ne abusude ama asaase so ahenni nyinaa,+ na mɛma wɔn anim agu ase, na wɔde wɔn bebu bɛ, na wɔahwɛ wɔn aserew, na wɔayɛ nnome.+ 10  Na mede sekan+ ne ɔkɔm ne nsanyare a edi awu bɛba wɔn so+ akosi sɛ wɔbɛsa afi asaase a mede maa wɔn ne wɔn agyanom no so.”’”

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.
Ɔno ara na wɔfrɛ no Yehoiakin anaa Konia no.
Ebetumi nso akyerɛ, “abantofo.”