Yeremia 27:1-22

  • Babilon kɔndua no (1-11)

  • Wɔka kyerɛɛ Sedekia sɛ ɔmfa ne ho nkɔhyɛ Babilon ase (12-22)

27  Yosia ba Yehoiakim a ɔyɛ Yuda hene no ahenni mfiase no, asɛm yi fi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn sɛ:  “Nea Yehowa aka akyerɛ me ni, ‘Yeyɛ kɔndua ne nhama a wɔde suso mu, na fa gu wo kɔn ho.  Afei fa ma asomafo a wɔaba Yuda hene Sedekia nkyɛn wɔ Yerusalem no na wɔmfa nkɔma Edom+ hene ne Moab+ hene ne Ammonfo+ hene ne Tiro+ hene ne Sidon+ hene.  Fa ahyɛde yi ma wɔn na wɔmfa nkɔma wɔn wuranom sɛ: “‘“Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni; nea monkɔka nkyerɛ mo wuranom ni,  ‘Me na mede m’ahoɔden kɛse ne me basa a mateɛ mu yɛɛ asaase ne nnipa ne mmoa a ɛwɔ asaase so, na mede ma obiara a mepɛ.*+  Na mede nsaase yi nyinaa ahyɛ m’akoa Babilon hene Nebukadnesar nsa;+ mede wuram mmoa mpo ama no sɛ wɔnsom no.  Aman nyinaa bɛsom no, ɔne ne ba, ne ne banana, akosi sɛ ɔno ara nso asaase bere bɛso+ ama aman ne ahemfo akɛse pii de no ayɛ wɔn akoa.’+  “‘“‘Sɛ ɔman ne ahenni bi ansom Babilon hene Nebukadnesar, na wɔamfa wɔn kɔn anhyɛ Babilon hene kɔndua ase a, mede sekan+ ne ɔkɔm ne nsanyare a edi awu bɛtwe saa ɔman no aso,’ Yehowa asɛm ni, ‘akosi sɛ mɛfa ne nsa so ama wɔn nyinaa asã.’  “‘“‘Ɛno nti, mo adiyifo, ne wɔn a mokɔ wɔn nkyɛn abisa, ne mo adaesofo ne mo nkonyaayifo ne mo asumanfo a wɔka kyerɛ mo sɛ: “Morensom Babilon hene” no, munntie wɔn. 10  Efisɛ wɔhyɛ nkɔm a ɛnyɛ nokware kyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛfa mo afi mo asaase so akɔ akyirikyiri na wɔabɔ mo ahwete, na moayera. 11  “‘“‘Na ɔman a wɔde wɔn kɔn bɛhyɛ Babilon hene kɔndua ase na wɔasom no no de, mɛma wɔakɔ so atena* wɔn asaase so,’ Yehowa asɛm ni, ‘na wɔbɛdɔw so na wɔatena so.’”’” 12  Yuda hene Sedekia+ nso, saa ara na meka kyerɛɛ no sɛ: “Momfa mo kɔn nkɔhyɛ Babilon hene kɔndua ase na monsom ɔne ne man, na mobɛkɔ so atena nkwa mu.+ 13  Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔde sekan+ ne ɔkɔm+ ne nsanyare a edi awu+ kunkum wo ne wo manfo, sɛnea Yehowa kae sɛ ɛbɛto ɔman a wɔrensom Babilon hene no? 14  Adiyifo a wɔka kyerɛ mo sɛ, ‘Morensom Babilon hene’ no, munntie wɔn,+ efisɛ nkɔm a wɔhyɛ kyerɛ mo no nyɛ nokware.+ 15  “‘Mensomaa wɔn,’ Yehowa asɛm ni, ‘na nkɔm a ɛnyɛ nokware na wɔhyɛ wɔ me din mu sɛnea ɛbɛyɛ a mɛbɔ mo ahwete, na moayera, mo ne adiyifo a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ mo no nyinaa.’”+ 16  Asɔfo ne ɔman yi nyinaa nso, meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Mo adiyifo a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ mo sɛ: “Hwɛ! Ɛrenkyɛ koraa, wɔde Yehowa fi nneɛma no befi Babilon aba!” no, munntie wɔn nsɛm no,+ efisɛ nkɔm a wɔhyɛ kyerɛ mo no nyɛ nokware.+ 17  Munntie wɔn. Monsom Babilon hene, na mobɛkɔ so atena nkwa mu.+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ kurow yi dan amamfo? 18  Na sɛ wɔyɛ adiyifo ampa, na sɛ Yehowa asɛm na wɔka a, ɛnde momma wɔnsrɛ asafo Yehowa, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremmɛfa nneɛma a aka wɔ Yehowa fi, ne Yuda hene fi,* ne Yerusalem no nkɔ Babilon.’ 19  “Efisɛ eyi ne nea Yehowa aka wɔ adum+ ne Ɛpo no*+ ne trɔk a wɔde twe nsu+ ne nneɛma a aka wɔ kurow yi mu no ho, 20  nneɛma a Babilon hene Nebukadnesar gyawee bere a ɔfaa Yehoiakim ba Yekonia a ɔyɛ Yuda hene no ne Yuda ne Yerusalem adehye nyinaa fii Yerusalem kɔe no;+ 21  yiw, nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka afa nneɛma a aka wɔ Yehowa fi ne Yuda hene fi* ne Yerusalem nyinaa ho ni: 22  ‘“Babilon na wɔde bɛkɔ,+ na ɛhɔ na ɛbɛwɔ de akosi da a mɛdan m’ani aba so,” Yehowa asɛm ni. “Afei mɛsan akɔfa na mede aba ha.”’”+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “mede ma obiara a ɛteɛ m’ani so sɛ mede bɛma no.”
Nt., “ahome.”
Anaa “ahemfi.”
Kyerɛ sɛ, kɔbere Po a ɛwɔ asɔrefi hɔ no.
Anaa “ahemfi.”