Yeremia 30:1-24

  • Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛsan de wɔn aba wɔn asaase so na wasa wɔn yare (1-24)

30  Asɛm a efi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn ni:  “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Kyerɛw nsɛm a mɛka akyerɛ wo no nyinaa wɔ nhoma mu.  Na “hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “mɛboaboa me nkurɔfo a wɔakyere wɔn kɔ no ano, Israel ne Yuda,”+ Yehowa asɛm ni, “na mɛsan de wɔn aba asaase a mede maa wɔn agyanom no so, na wɔbɛsan abɛtena so bio.”’”+  Eyi ne nsɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Israel ne Yuda.   Nea Yehowa aka ni: “Yɛate nnipa a wɔn ho repopo nne;Ehu nko ara, asomdwoe biara nni hɔ.   Mepa mo kyɛw, mummisa nhwɛ sɛ ɔbarima betumi akyem awo anaa. Ɛnde, adɛn nti na mihu sɛ ɔbarima hoɔdenfo biara de ne nsa ato n’afuru so*Te sɛ ɔbea a awo aka no yi?+ Adɛn nti na obiara anim ayɛ hoyaa yi?   Ao! Ɛda no yɛ hu* sɛ.+ Ɛso bi mmae da;Ɛyɛ amanehunu bere ma Yakob. Nanso wobegye no afi mu.”  “Na ɛda no,” asafo Yehowa asɛm ni, “mebubu kɔndua no mu afi wo kɔn ho, na wo nhama nso, mɛtew mu abien; na ahɔho* remfa no* nyɛ wɔn akoa bio.  Wɔbɛsom Yehowa, wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid a meyi no ama wɔn no.”+ 10  “Na wo, m’akoa Yakob, nsuro,” Yehowa asɛm ni,“Na mmɔ hu, O Israel.+ Efisɛ megye wo afi akyirikyiri,Na magye wo mma afi asaase a wɔakyere wɔn kɔ so no so.+ Na Yakob bɛsan aba; ɔbɛtena hɔ dwoodwoo, na obiara renteetee no,Na obiara renhunahuna wɔn.”+ 11  “Efisɛ meka wo ho, na megye wo,” Yehowa asɛm ni, “Na aman a mabɔ wo ahwete so no, mɛhyew wɔn nyinaa ase.+Nanso wo de, merenhyew w’ase.+ Mɛteɛ wo so sɛnea ɛfata,Na meremma womfa wo ho nni da.”+ 12  Na nea Yehowa aka ni: “Pira a woapira no, wɔsa a ɛrenyɛ yiye.+ Wo kuru nni aduru. 13  Obiara nni hɔ a ɔbɛka bi ama wo,Wɔrentumi nsa wo kuru no. Ayaresa biara nni hɔ mma wo. 14  W’adɔfo a wɔnte wo ho gyae no nyinaa werɛ afi wo.+ Wɔnhwehwɛ w’akyi kwan bio. Efisɛ ɔtamfo abaa na mede abɔ wo,+Na otirimɔdenfo asotwe na mede atwe w’aso,Esiane sɛ wo bɔne so, na w’amumɔyɛ dɔɔso nti.+ 15  Adɛn nti na pira a woapira nti, woresu? Wo yaw no renkɔ da! Esiane sɛ wo bɔne so, na w’amumɔyɛ dɔɔso nti+Na mayɛ wo saa no. 16  Ɛno nti, wɔn a wɔsɛe wo nyinaa, wɔbɛsɛe wɔn,+Na w’atamfo nyinaa nso, wɔbɛkyere wɔn akɔ.+ Wɔn a wɔfom wo nneɛma no, wɔbɛfom wɔn nneɛma,Na wɔn a wɔsesaw wo nneɛma no, wɔn nso mɛma nkurɔfo asesaw wɔn nyinaa nneɛma.”+ 17  “Ɛwom sɛ wɔfrɛɛ wo nea wɔapo no, na wɔkae sɛ:‘Sion a obiara nhwehwɛ n’akyi kwan no ni,’+ Nanso mɛma wo ho atɔ wo na masa w’akuru no,”+ Yehowa asɛm ni. 18  Nea Yehowa aka ni: “Hwɛ, mereboaboa Yakob ntamadan mufo a wɔakyere wɔn kɔ no ano,+Na mehu ne ntamadan no mmɔbɔ. Wɔbɛsan akyekye kurow no asi ne bepɔw no so,+Na abantenten no bɛsan asi baabi a na esi no bio. 19  Na wɔbɛte aseda ne ɔserew wɔ wɔn mu.+ Mɛma wɔadɔɔso, na wɔrenyɛ kakraa bi;+Mɛma wɔayɛ bebree,*Na wɔrenyɛ ketewaa bi.+ 20  Ne mma bɛsan ayɛ sɛ tete no,Na n’asafo betim wɔ m’anim.+ Me ne wɔn a wɔhyɛ no so no nyinaa bedi.+ 21  Ne tumfo befi ɔno ara nkurɔfo mu,Na ne mu na ne hene befi aba. Mɛma wabɛn na waba me nkyɛn.” “Anyɛ saa a, hena na obesi ne bo* aba me nkyɛn?” Yehowa asɛm ni. 22  “Na mobɛyɛ me man,+ na me nso mayɛ mo Nyankopɔn.”+ 23  Hwɛ! Yehowa ahum de abufuw betu.+Ɛbɛyɛ sɛ mframa dennen a ɛpra nneɛma; ebetwa ne ho wɔ abɔnefo apampam. 24  Yehowa abufuhyew rensan,Gye sɛ wayɛ nea wasusuw wɔ ne komam no awie.+ Awiei nna no mu na mobɛte eyi ase.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “de ne nsa asi n’asen.”
Nt., “Ɛda no yɛ da kɛse.”
Anaa “ananafo.”
Anaa “wɔn.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Mɛhyɛ wɔn anuonyam.”
Nt., “hena na ɔde ne koma besi awowa.”