Yeremia 31:1-40

  • Israelfo a aka no bɛsan abɛtena wɔn asaase so (1-30)

    • Rahel resu ne mma (15)

  • Apam foforo (31-40)

31  “Saa bere no,” Yehowa asɛm ni, “mɛyɛ Israel mmusua nyinaa Nyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me man.”+   Nea Yehowa aka ni: “Nnipa a sekan ankunkum wɔn no nyaa adom wɔ sare soBere a Israel nam kwan so rekɔ ne homebea no.”   Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ me wɔ akyirikyiri, na ɔkae sɛ: “Ɔdɔ a enni awiei na mede adɔ wo. Ɛno nti na mede ɔdɔ a enni huammɔ atwe wo aba me nkyɛn no.*+   Mɛsan ama wo so asi hɔ ama woagyina bio.+ O Israel baabun, wobɛsan afa wo mpintin,Na woapue de anigye akɔsaw.*+   Wobɛsan ayeyɛ bobe mfuw wɔ Samaria mmepɔw so,+Na adwumayɛfo no bedua na wɔadi so aba.+   Na ɛda bi reba a awɛmfo a ɛwɔ Efraim mmepɔw so bɛteɛm sɛ: ‘Monsɔre, momma yɛmforo nkɔ Sion, na yɛnkɔ Yehowa, yɛn Nyankopɔn no nkyɛn.’”+   Efisɛ nea Yehowa aka ni: “Momfa anigye nni ahurusi wɔ Yakob ho. Mommɔ ose efisɛ moadi kan wɔ amanaman no mu.+ Mommɔ no dawuru; munyi Onyankopɔn ayɛ, na monka sɛ,‘O Yehowa, gye wo man, Israelfo a aka no.’+   Mede wɔn befi atifi fam asaase so asan aba.+ Mɛboaboa wɔn ano afi asaase ano akyirikyiri.+ Wɔn a wɔbɛka ho bi ne anifuraefo ne mmubuafo,+Apemfo ne wɔn a awo aka wɔn. Mɛboaboa wɔn nyinaa ano. Na wɔbɛsan aba ha sɛ asafo kɛse.+   Osũ na wɔde bɛba,+ Medi wɔn anim bere a wɔresrɛ hwehwɛ adom. Mɛkyerɛ wɔn kwan akɔ asuten* ho;+Mede wɔn bɛfa ɔkwan a ɛda so so, na wɔrenhintiw. Efisɛ meyɛ Israel Agya, na Efraim yɛ m’abakan.”+ 10  Amanaman, muntie Yehowa asɛm,Na monka wɔ nsupɔw a ɛwɔ akyirikyiri no so sɛ:+ “Nea ɔbɔɔ Israel hwetee no, ɔbɛboaboa wɔn ano. Na ɔbɛhwɛ wɔn sɛnea oguanhwɛfo hwɛ ne nguan.+ 11  Efisɛ Yehowa begye Yakob,+Na obegye no* afi nea ne ho yɛ den sen no no nsam.+ 12  Wɔbɛba abɛbɔ ose wɔ Sion bepɔw so,+Na wɔadi Yehowa papayɛ* ho ahurusi,Hwiit* ne bobesa foforo+ ne ngo ho,Ɛne nguan mma ne anantwi ho.+ Wɔbɛyɛ* sɛ turo a anya nsu pii,+Na wɔrenyɛ hahaaha bio da.”+ 13  “Saa bere no, mmaabun de anigye bɛsaw,Mmerante ne nkwakoraa nso saa ara.+ Mɛma wɔn awerɛhow adan anigye.+ Mɛkyekye wɔn werɛ, na mɛma wɔadi ahurusi; wobefi wɔn awerɛhow no mu.+ 14  Na mɛma asɔfo no* aduan* adi amee,Na me papayɛ bebu so ama me man,”+ Yehowa asɛm ni. 15  “Nea Yehowa aka ni: ‘Wɔte nne bi wɔ Rama,+ awerɛhow su ne osu yayaayaw: Ɛyɛ Rahel na ɔresu ne mma mmarima.*+ Wɔkyekye ne werɛ wɔ ne mma mmarima no ho a, ɔmpene,Efisɛ wonni hɔ bio.’”+ 16  Nea Yehowa aka ni: “‘Gyae su na popa w’ani ase nisu,Efisɛ w’adwuma so akatua wɔ hɔ,’ Yehowa asɛm ni. ‘Wɔbɛsan afi ɔtamfo no asaase so aba.’+ 17  ‘Anidaso wɔ hɔ ma wo,’+ Yehowa asɛm ni. ‘Wo mma mmarima bɛsan aba wɔn asaase so bio.’”+ 18  “Mate paa sɛ Efraim redi abooboo sɛ,‘Woateɛ me so, na magye nteɛso no atomTe sɛ nantwi ba a wɔntetee no. San fa me bra, na mɛsan aba dodo,Efisɛ wone Yehowa me Nyankopɔn. 19  Na bere a mesan bae no, minyaa adwensakra;+Na bere a wɔma metee ase no, mede awerɛhow bɔɔ me srɛ ho. Mefɛree, na m’ani wui,+Efisɛ mesoaa me mmeranteberem animguase.’” 20  “Efraim nyɛ me ba a ɔsom bo ma me anaa? Ɔnyɛ me dɔba anaa?+ Mekasa tia no mpɛn pii mpo a, meda so kae no. Ɛno nti na me yam* hyehye me wɔ ne ho no.+ Nea ɛte biara, mehu no mmɔbɔ,” Yehowa asɛm ni.+ 21  “Fa nneɛma sisi ɔkwan no so fa hyɛ no nsow ma ɛmmoa wo,Na fa ahyɛnsode sisi hɔ.+ Hwɛ ɔkwantempɔn no yiye, ɔkwan a wobɛfa so no.+ San bra, O Israel ɔbaabun, san bra wo nkurow yi mu. 22  Ɔbabea kontomponi, wobɛkɔ ha akɔ ha akosi da bɛn? Efisɛ Yehowa abɔ ade foforo wɔ asaase so. Ɛne sɛ: Ɔbea bɛyere ne ho ahwehwɛ ɔbarima.” 23  Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Sɛ meboaboa wɔn a wɔakyere wɔn kɔ no ano a, wɔbɛsan aka asɛm yi bio wɔ Yuda asaase ne ne nkurow mu sɛ: ‘O trenee tenabea,+ bepɔw kronkron,+ Yehowa nhyira wo.’ 24  Na Yuda ne ne nkurow nyinaa bɛbom atena mu, akuafo ne wɔn a wɔhwɛ nguan nyinaa.+ 25  Na mɛma nea wabrɛ* ahome, na mahyɛ obiara* a wayɛ hahaaha ma.”+ 26  Ɛnna minyanee, na mibuee m’aniwa, na mihui sɛ mada ama me ho abae me. 27  “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “na mɛma nnipa ne nyɛmmoa adɔɔso wɔ Israel fi ne Yuda fi.”*+ 28  “Na sɛnea mede m’ani sii wɔn so sɛ metu wɔn ase, na madwiriw wɔn agu, na mabubu wɔn, na masɛe wɔn ayɛ wɔn bɔne no,+ saa ara na mɛma m’ani aba wɔn so na mama wɔn so asi hɔ na madua wɔn,”+ Yehowa asɛm ni. 29  “Saa bere no, wɔrenka bio sɛ, ‘Agyanom adi bobebun,* na mma na wɔn se afem.’+ 30  Mmom obiara bɔne nti na obewu, na obiara a obedi bobebun no, ɔno ara na ne se bɛfem.” 31  “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “na me ne Israel fi ne Yuda fi bɛyɛ apam foforo.+ 32  Ɛrenyɛ sɛ apam a me ne wɔn agyanom yɛe da a misusoo wɔn nsa dii wɔn anim fii Egypt asaase so no;+ ‘ɛwom sɛ na meyɛ wɔn wura* ankasa de, nanso wobuu m’apam so,’+ Yehowa asɛm ni.” 33  “Na eyi ne apam a me ne Israel fi bɛyɛ wɔ saa nna no akyi,” Yehowa asɛm ni. “Mede me mmara bɛhyɛ wɔn mu,+ na makyerɛw wɔ wɔn komam.+ Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me man.”+ 34  “Na obiara renkyerɛ ne yɔnko ne ne nua bio sɛ, ‘Munhu Yehowa!’+ Efisɛ wɔn nyinaa behu me, efi akumaa so kosi ɔkɛse so,”+ Yehowa asɛm ni. “Efisɛ mede wɔn mfomso bɛkyɛ wɔn, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.”+ 35  Yehowa a ɔma owia hyerɛn awia,Nea wahyehyɛ mmara ama ɔsram ne nsoromma sɛ ɛnhyerɛn anadwo,Nea ɔkanyan ɛpo ma n’asorɔkye bu fa so,A ne din de asafo Yehowa no,+Nea waka ni: 36  “‘Esiane sɛ saa ahyɛde yi bɛyɛ adwuma daa nti,’ Yehowa asɛm ni,‘Israel asefo nso bɛkɔ so ayɛ ɔman wɔ m’anim daa.’”+ 37  Nea Yehowa aka ni: “‘Sɛ obi betumi asusuw ɔsoro, na wahwehwɛ asaase fapem a, ɛnde me nso mɛpo Israel asefo nyinaa, nea wɔayɛ nyinaa nti,’ Yehowa asɛm ni.”+ 38  “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “na wɔbɛkyekye kurow no+ ama Yehowa afi Hananel Abantenten ho+ akosi Ntwea So Pon no ho.+ 39  Na susuhama+ no bepue akɔ tẽẽ akodu Gareb koko so, na adan akɔ Goa. 40  Na obon a wɔtow afunu ne nsõ* gu mu,* ne mfuw a egu mmepɔw so no nyinaa, de kosi Kidron Bon mu+ kosi Apɔnkɔ Pon ntwea so+ wɔ apuei fam no bɛyɛ ade kronkron ama Yehowa.+ Wɔrentutu ase, na wɔrennwiriw ngu bio da.”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Ɛno nti na makɔ so ada ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ wo no.”
Anaa “Na woasaw sɛ wɔn a wɔresereserew.”
Anaa “nsubon.”
Anaa “obeyi no.”
Anaa “nneɛma pa.”
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “Wɔn kra bɛyɛ.”
Anaa “asɔfo no akra.”
Nt., “srade.”
Anaa “ne mma.”
Nt., “me nsono mu.”
Anaa “ɔkra biara.”
Anaa “ɔkra a wabrɛ.”
Anaa “na medua nnipa ne ayɛmmoa sɛ aba wɔ Israel fi ne Yuda fi.”
Anaa “bobe a ɛmmeree.”
Ebetumi nso akyerɛ, “wɔn kunu.”
Anaa “srade nsõ,” kyerɛ sɛ, nsõ ne mmoa srade a adi afra.
Anaa “asaasetraa a wɔtow afunu ne nsõ gu so.”