Yeremia 34:1-22

  • Atemmusɛm a wɔka kyerɛɛ Sedekia (1-7)

  • Wobuu apam a ɛma wogyaa nkoa no so (8-22)

34  Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn. Ɛbae bere a Babilon hene Nebukadnesar* ne n’asraafo nyinaa, ne asaase so ahenni a ɛhyɛ n’ase nyinaa, ne aman nyinaa, bɛtow hyɛɛ Yerusalem ne ne nkurow nyinaa so ne wɔn bɛkoe no.+ Asɛm no ni:  “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Kɔ Yuda hene Sedekia+ nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Hwɛ mede kurow yi bɛhyɛ Babilon hene nsa, na ɔde ogya ahyew.+  Na worentumi nguan mfi ne nsam, efisɛ nea ɛte biara wɔbɛkyere wo, na wɔde wo ahyɛ ne nsa.+ Wode w’ani behu Babilon hene, na ɔne wo akasa, na wobɛkɔ Babilon.’+  Nanso tie Yehowa asɛm, O Yuda hene Sedekia, ‘Nea Yehowa aka afa wo ho ni: “Ɛnyɛ sekan na ebekum wo.  Asomdwoe mu na wubewu,+ na wɔbɛhyew aduhuam ama wo sɛnea wɔhyew bi maa w’agyanom, ahemfo a wodii wo kan no. Na wobesu wo sɛ, ‘Ao yɛn wura!’ efisɛ ‘me na maka asɛm yi,’ Yehowa asɛm ni.”’”’”  Ɛnna odiyifo Yeremia kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Yuda hene Sedekia wɔ Yerusalem.  Saa bere no, na Babilon hene asraafo ne Yerusalem ne Yuda nkurow a aka nyinaa,+ kyerɛ sɛ, Lakis+ ne Aseka+ reko; efisɛ nkurow yi nko ara ne Yuda nkurow a wɔabɔ ho ban a na aka.  Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn. Ɛbae bere a Ɔhene Sedekia ne Yerusalemfo nyinaa yɛɛ apam sɛ wɔmma obiara mfa ne ho nni,+  na obiara mma ne nkoa a wɔyɛ Hebrifo, mmarima ne mmea nyinaa, mfa wɔn ho nni, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara remfa ne nua Yudani nyɛ n’akoa bio. 10  Enti mpanyimfo no ne ɔman no nyinaa tiei. Ná wɔayɛ apam sɛ obiara mma ne nkoa ne ne mfenaa mfa wɔn ho nni, na wɔmmfa wɔn nnyɛ nkoa bio. Wotiei, na wogyaa wɔn ma wɔkɔe. 11  Nanso akyiri yi, wɔsan kɔfaa nkoa ne mfenaa a na wɔagyaa wɔn no bae, na wɔhyɛɛ wɔn de wɔn yɛɛ nkoa bio. 12  Ɛno nti Yehowa asɛm fi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn sɛ: 13  “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Me ne mo agyanom yɛɛ apam+ ɛda a miyii wɔn fii Egypt asaase so, fii nkoafi hɔ no.+ Mekae sɛ: 14  “Obiara a wɔbɛtɔn ne nua Hebrini ama no no, sɛ ɔsom wo mfe asia a, afe a ɛto so ason no, ma ɔmfa ne ho nni; gyaa no ma ɔnkɔ.”+ Nanso mo agyanom antie, na wɔanyɛ aso amma me. 15  Mo de, nnansa yi ara,* mosesaa mo adwene, na moyɛɛ nea ɛteɛ wɔ m’ani so. Momaa mo nkoa faa wɔn ho dii, na moyɛɛ apam wɔ m’anim wɔ ofi a me din da so no mu. 16  Nanso mosan sesaa mo adwene, na muguu me din ho fĩ,+ efisɛ mutwaa mo ho kɔfaa nkoa ne mfenaa a mugyaa wɔn sɛ wɔmfa wɔn ho nni sɛnea wɔpɛ* no, na mosan hyɛɛ wɔn de wɔn yɛɛ nkoa.’ 17  “Ne saa nti, nea Yehowa aka ni: ‘Moantie me amma mo nkoa amfa wɔn ho anni, na mo mu biara annyaa ne nua anaa ne yɔnko.+ Ɛno nti,’ Yehowa asɛm ni, ‘me ara mɛrebɛma mo ahofadi. Mede mo rebɛma sekan ne nsanyare a edi awu* ne ɔkɔm,+ na mɛma moadan biribi a ɛyɛ hu ama asaase so ahenni nyinaa.+ 18  Na mmarima a wɔabu m’apam so a wɔanni apam a me ne wɔn yɛe no mu nsɛm so, apam a wɔyɛe wɔ m’anim bere a wɔpaee nantwi ba mu abien na wɔfaa ɔfã ne ɔfã no ntam no,+ 19  kyerɛ sɛ, Yuda mpanyimfo ne Yerusalem mpanyimfo ne ahemfi mpanyimfo ne asɔfo ne asaase no sofo nyinaa, wɔn a wɔfaa nantwi ba a wɔapae mu no ntam no: 20  Mede wɔn bɛhyɛ wɔn atamfo nsa ne wɔn a wɔpɛ sɛ wokunkum wɔn* no nsa, na wɔn afunu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asaase so mmoa.+ 21  Na mede Yuda hene Sedekia ne ne mpanyimfo bɛhyɛ wɔn atamfo nsa ne wɔn a wɔpɛ sɛ wokunkum wɔn* no nsa ne Babilon hene asraafo a wɔresan wɔn akyi akɔ no nsa.’+ 22  “‘Hwɛ, mede ahyɛde bi bɛma,’ Yehowa asɛm ni, ‘na mede wɔn bɛsan aba kurow yi so bio, na wɔne kurow yi bɛko, na wɔbɛfa na wɔde ogya atom;+ na mɛma Yuda nkurow asɛe a obiara rentena mu.’”+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.
Nt., “ɛnnɛ.”
Anaa “sɛnea wɔn kra pɛ.”
Anaa “ɔyare.”
Anaa “wɔpɛ sɛ wogye wɔn kra.”
Anaa “wɔpɛ sɛ wogye wɔn kra.”