Yeremia 36:1-32

  • Yeremia kasae ma wɔkyerɛwee wɔ nhoma mmobɔwee mu (1-7)

  • Baruk kenkan nhoma mmobɔwee no mu nsɛm den (8-19)

  • Yehoiakim hyew nhoma mmobɔwee no (20-26)

  • Wɔsan kyerɛw nsɛm no wɔ nhoma mmobɔwee foforo so (27-32)

36  Na Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no ahenni afe a ɛto so anan mu no, Yehowa asɛm yi baa Yeremia nkyɛn sɛ:  “Fa nhoma mmobɔwee, na kyerɛw nsɛm yi nyinaa wom, nsɛm a meka kyerɛɛ wo a etia Israel ne Yuda+ ne aman no nyinaa,+ efi da a edi kan a me ne wo kasae wɔ Yosia bere so besi nnɛ no.+  Sɛ Yuda fi te mmusu a mabɔ me tirim sɛ mede bɛba wɔn so no nyinaa a, ebia wɔbɛsan afi wɔn akwammɔne so, na mede wɔn mfomso ne wɔn bɔne akyɛ wɔn.”+  Ɛnna Yeremia frɛɛ Neria ba Baruk,+ na Yeremia kaa nsɛm a Yehowa aka akyerɛ no no nyinaa, na Baruk kyerɛwee wɔ nhoma mmobɔwee no mu.+  Na Yeremia ka kyerɛɛ Baruk sɛ: “Me de, wɔaka me ahyɛ dan mu. Mintumi nkɔ Yehowa fi hɔ.  Enti wo na wobɛkɔ hɔ akɔkenkan Yehowa nsɛm a meka ma wokyerɛwee wɔ nhoma mmobɔwee mu no; wobɛkenkan no den. Kenkan wɔ Yehowa fi hɔ ma nkurɔfo no nte, ɛda a wɔbɛyɛ akɔnkyen* no. Ɛbɛma woakenkan akyerɛ Yudafo a wofi wɔn nkurow mu ba hɔ no nyinaa.  Ebia Yehowa betie wɔn nkotosrɛ, na wɔasan afi wɔn akwammɔne so, efisɛ Yehowa abufuw ne n’abufuhyew a waka sɛ ɔde bɛba ɔman yi so no so.”  Enti Neria ba Baruk yɛɛ nea odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ no no nyinaa; ɔkenkan Yehowa nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu no den wɔ Yehowa fi hɔ.+  Na Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no ahenni afe a ɛto so anum, bosome a ɛto so akron mu no, Yerusalemfo nyinaa ne nkurɔfo a wofi Yuda nkurow mu baa Yerusalem no nyinaa yɛɛ akɔnkyen wɔ Yehowa anim.+ 10  Ɛnna Baruk kenkan Yeremia nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu no den wɔ Yehowa fi hɔ maa nkurɔfo no nyinaa tee. Ɔkenkanee wɔ ɔkyerɛwfo Safan ba+ Gemaria+ adidibea a ɛwɔ atifi fam no adiwo hɔ, wɔ Yehowa fi pon foforo no ano.+ 11  Bere a Safan ba Gemaria ba Mikaia tee Yehowa nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu no nyinaa no, 12  osian kɔɔ ɔhene no fi,* na ɔkɔɔ ɔkyerɛwfo no adidibea hɔ. Ná mpanyimfo* no nyinaa tete hɔ: Ɔkyerɛwfo Elisama+ ne Semaia ba Delaia ne Akbor ba+ Elnatan+ ne Safan ba Gemaria ne Hanania ba Sedekia ne mpanyimfo a aka no nyinaa. 13  Na nsɛm a Mikaia tee sɛ Baruk rekenkan no den afi nhoma mmobɔwee no mu ama nkurɔfo no ate no, ɔkaa ne nyinaa kyerɛɛ wɔn. 14  Ɛnna mpanyimfo no nyinaa somaa Kusi ba Selemia ba Netania ba Yehudi kɔɔ Baruk nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa nhoma mmobɔwee a wokenkan emu nsɛm maa ɔman no tee no, na bra.” Enti Neria ba Baruk faa nhoma mmobɔwee no kuraa ne nsam, na ɔkɔɔ wɔn nkyɛn. 15  Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, tena ase na kenkan no den kyerɛ yɛn.” Enti Baruk kenkan kyerɛɛ wɔn. 16  Bere a wɔtee nsɛm yi nyinaa ara pɛ, obiara de akomatu hwɛɛ ne yɔnko anim, na wɔka kyerɛɛ Baruk sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛka nsɛm yi nyinaa kyerɛ ɔhene.” 17  Ɛnna wobisaa Baruk sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, ka nea ɛyɛe a wokyerɛw nsɛm yi nyinaa kyerɛ yɛn. Ɔno na ɔka ma wokyerɛwee anaa?” 18  Na Baruk ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔde n’ano na ɛkaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ me, ɛnna me nso mede adubiri kyerɛwee wɔ nhoma mmobɔwee yi mu.” 19  Na mpanyimfo no ka kyerɛɛ Baruk sɛ: “Kɔ na fa wo ho kosie, wo ne Yeremia nyinaa, na mommma obiara nnhu baabi a mowɔ.”+ 20  Afei wɔkɔɔ ɔhene nkyɛn wɔ adiwo hɔ, na wɔde nhoma mmobɔwee no kɔtoo ɔkyerɛwfo Elisama adidibea hɔ, na wɔkaa nsɛm a wɔate no nyinaa kyerɛɛ ɔhene no. 21  Ɛnna ɔhene somaa Yehudi+ sɛ ɔnkɔfa nhoma mmobɔwee no mmra. Enti ɔkɔfa fii ɔkyerɛwfo Elisama adidibea hɔ bae. Na Yehudi kenkan maa ɔhene ne mpanyimfo a wogyinagyina ɔhene ho no nyinaa tee. 22  Ná ɔhene te awɔw bere dan mu, bosome a ɛto so akron* no mu, na na ade a wɔasɔ ogya wɔ mu si n’anim. 23  Sɛ Yehudi kenkan nkrataa abiɛsa anaa anan biara a, na ɔhene no de ɔkyerɛwfo sekan atwitwa baabi a wɔakenkan no agu ade a wɔasɔ ogya wɔ mu no mu. Ɔyɛɛ saa ara kosii sɛ ɔhyew nhoma mmobɔwee no nyinaa wɔ ogya no mu. 24  Wɔansuro, na ɔhene ne ne nkoa a wɔka ne ho a wɔtee nsɛm yi nyinaa nso, obiara ansuan n’ataade mu. 25  Elnatan+ ne Delaia+ ne Gemaria+ paa ɔhene kyɛw sɛ ɔnnhyew nhoma mmobɔwee no, nanso wantie wɔn. 26  Afei ɔhene no ka kyerɛɛ ɔhene ba Yerahmeel ne Asrel ba Seraia ne Abdeel ba Selemia, sɛ wɔnkɔkyere ɔkyerɛwfo Baruk ne odiyifo Yeremia mmra; nanso Yehowa de wɔn siei.+ 27  Na bere a ɔhene hyew nsɛm a Yeremia ka maa Baruk kyerɛwee wɔ nhoma mmobɔwee so wiei no, Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn bio+ sɛ: 28  “Fa nhoma mmobɔwee foforo, na kyerɛw nhoma mmobɔwee a edi kan no mu nsɛm nyinaa wɔ so, nea Yuda hene Yehoiakim hyew no no.+ 29  Na ka asɛm yi tia Yuda hene Yehoiakim sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Woahyew nhoma mmobɔwee yi, na woaka sɛ, ‘Adɛn nti na woakyerɛw wɔ so sɛ: “Sɛnea ɛte biara, Babilon hene bɛba abɛsɛe asaase yi na wasɛe nnipa ne mmoa a ɛwɔ so nyinaa”?’+ 30  Ɛno nti, nea Yehowa aka atia Yuda hene Yehoiakim ni, ‘Ɔrennya obi a ɔbɛtena Dawid ahengua so,+ na ne funu nso, wobegyaw ato abɔnten, na ɔhyew aka no awia, na awɔw afa so anadwo.+ 31  Na ɔno ne n’asefo* ne ne nkoa nso, wɔn bɔne a wɔayɛ no, metua wɔn ka, na mmusu biara a maka sɛ mede bɛba wɔn so ne Yerusalemfo so ne Yuda mmarima so no, mede bɛba,+ nanso wɔantie.’”’”+ 32  Na Yeremia faa nhoma mmobɔwee foforo, na ɔde maa Neria ba ɔkyerɛwfo Baruk.+ Na Yeremia kaa nsɛm a na ɛwɔ nhoma mmobɔwee a Yuda hene Yehoiakim de ogya hyewee no mu no.+ Na ɔde nsɛm pii a ɛte sɛ ɛno kaa ho.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “wobedi mmuada.”
Anaa “ahemfi mpanyimfo.”
Anaa “ahemfi.”
November bosome no fã a etwa to ne December bosome no mfiase. Hwɛ Nkh. B15.
Nt., “n’aba.”