Yeremia 37:1-21

  • Kaldeafo no bɛsan wɔn akyi, nanso wɔbɛsan aba (1-10)

  • Wɔde Yeremia too afiase (11-16)

  • Sedekia hyiaa Yeremia (17-21)

    • Wɔmaa Yeremia paanoo (21)

37  Na Yosia ba Ɔhene Sedekia+ besii Yehoiakim ba Konia*+ anan, na ofii ase dii ade, efisɛ Babilon hene Nebukadnesar* sii no hene wɔ Yuda asaase so.+  Nanso ɔno ne ne nkoa ne asaase no so nnipa antie Yehowa asɛm a ɔnam odiyifo Yeremia so kae no.  Na Ɔhene Sedekia somaa Selemia+ ba Yehukal ne ɔsɔfo Maaseia ba Sefania+ kɔɔ odiyifo Yeremia nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, bɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn mpae ma yɛn.”  Saa bere no, na Yeremia tumi kɔ baabiara a ɔpɛ wɔ ɔman no mu, efisɛ na wonnya mfaa no ntoo afiase.+  Ná Farao asraafo asim fi Egypt reba,+ na Kaldeafo a na wɔabetwa Yerusalem ho ahyia no tee ho asɛm. Enti wofii Yerusalem kɔe.+  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ odiyifo Yeremia sɛ:  “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Monkɔka nkyerɛ Yuda hene a ɔsomaa mo bebisaa asɛm wɔ me hɔ no sɛ: “Hwɛ! Farao asraafo a wɔreba abɛboa mo no, wɔbɛsan akɔ Egypt, wɔn asaase no so.+  Na Kaldeafo no bɛsan aba, na wɔne kurow yi bɛko, na wɔbɛfa, na wɔde ogya ahyew.”+  Nea Yehowa aka ni, “Monnnaadaa mo ho* nnka sɛ, ‘Sɛnea ɛte biara, Kaldeafo no befi yɛn so akɔ,’ efisɛ wɔrenkɔ. 10  Sɛ mukunkum Kaldeafo asraafo a wɔne mo reko no nyinaa ma ɛka wɔn mu apirafo mpo a, wɔbɛsɔre afi wɔn ntamadan mu na wɔde ogya abɛhyew kurow yi.”’”+ 11  Bere a Farao asraafo nti, Kaldeafo asraafo twee wɔn ho fii Yerusalem kɔe no,+ 12  Yeremia siim wɔ Yerusalem sɛ ɔrekɔ Benyamin asaase so+ na wakogye ne kyɛfa wɔ ne nkurɔfo mu. 13  Nanso bere a oduu Benyamin Pon no ano no, awɛmfo so panyin a ɔwɔ hɔ a wɔfrɛ no Yiria, Hanania ba Selemia ba no soo odiyifo Yeremia mu, na ɔkae sɛ: “Woreguan akɔ Kaldeafo no nkyɛn!” 14  Na Yeremia kae sɛ: “Ɛnyɛ nokware! Ɛnyɛ Kaldeafo nkyɛn na mereguan akɔ.” Nanso Yiria antie no. Ɛnna ɔkyeree Yeremia, na ɔde no kɔmaa mpanyimfo no. 15  Mpanyimfo no bo fuw Yeremia,+ na wɔhwee no, na wɔde no kɔtoo afiase*+ wɔ ɔkyerɛwfo Yehonatan fi, efisɛ na wɔde hɔ ayɛ afiase. 16  Wɔde Yeremia kɔtoo afiase,* amoa mu hɔ, na ɔdaa hɔ nna pii. 17  Na Ɔhene Sedekia soma kɔfaa no bae, na ɔhene bisabisaa no nsɛm kokoam wɔ ne fi* hɔ.+ Obisaa no sɛ: “Woate asɛm bi afi Yehowa hɔ anaa?” Ɛnna Yeremia kae sɛ: “Yiw!” Na ɔtoaa so sɛ: “Wɔde wo bɛhyɛ Babilon hene nsa!”+ 18  Ɛnna Yeremia bisaa Ɔhene Sedekia sɛ: “Bɔne bɛn koraa na mayɛ wo ne wo nkoa ne ɔman yi a enti mode me ato afiase yi? 19  Mo adiyifo a wɔhyɛɛ mo nkɔm sɛ, ‘Babilon hene remma mo so, na wɔremma asaase yi so’ no, ɛhe na wɔwɔ?+ 20  Enti afei me wura ɔhene, mepa wo kyɛw tie. Mesrɛ wo, yɛ m’abisade yi ma me. Nsan mfa me nkɔ ɔkyerɛwfo Yehonatan fi+ hɔ, anyɛ saa a, mewu wɔ hɔ.”+ 21  Enti Ɔhene Sedekia kae sɛ wɔmfa Yeremia nkɔto afiase wɔ Awɛmfo Aban no mu.+ Na wɔmaa no paanoo nkuruwankuruwa a efi paanootofo borɔn so daa+ kosii sɛ kurow no mu paanoo nyinaa sae.+ Na Yeremia kɔɔ so tenaa Awɛmfo Aban no mu hɔ.

Ase Hɔ Nsɛm

Ɔno ara na wɔfrɛ no Yehoiakin anaa Yekonia no.
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.
Anaa “mo kra.”
Nt., “wɔde no kɔtoo nkɔnsɔnkɔnsɔn fi.”
Nt., “abura dan.”
Anaa “n’ahemfi.”