Yeremia 4:1-31

  • Adwensakra de nhyira ba (1-4)

  • Amanehunu befi atifi fam aba (5-18)

  • Amanehunu a ɛreba nti, Yeremia dii yaw (19-31)

4  “O Israel, sɛ wobɛsan w’akyi a,” Yehowa asɛm ni,“Sɛ wobɛsan aba me nkyɛnNa woayiyi w’abosom fĩ no afi m’anim a,Ɛnde worenyɛ ɔkobɔfo bio.+   Na sɛ woka ntamWɔ nokware, atɛntrenee, ne trenee mu sɛ, ‘Sɛ́ Yehowa te ase yi!’ a,Ɛnde amanaman no nam no so benya nhyira,Na wɔbɛhoahoa wɔn ho wɔ ne mu.”+  Na nea Yehowa aka akyerɛ Yudafo ne Yerusalemfo ni: “Mumfuntum asaase pa mfa,Na ɛnsɛ sɛ mokɔ so dua ade wɔ nsɔe mu bio.+   Muntwa twetia mma Yehowa,Na muntwa mo koma twetia,+Mo Yuda mmarima ne Yerusalemfo,Anyɛ saa a, nneɛma bɔne a moyɛ nti,M’abufuw bɛdɛw sɛ ogya,Na ɛbɛhyew a obiara rentumi nnum no.”+   Monka wɔ Yuda, na mommɔ no dawuru wɔ Yerusalem. Monteɛm na mommɔ abɛn wɔ asaase no so baabiara.+ Monteɛm denneennen, na monka sɛ: “Mommoaboa mo ano,Na momma yenguan nkɔ nkurow a wɔabɔ ho ban no mu.+   Momma ahyɛnsode* so na momfa ani nkyerɛ Sion. Mompɛ baabi nhintaw, na munnnyina hɔ.” Efisɛ mede amanehunu fi atifi fam reba,+ ɔsɛe kɛse bi.   Wapue te sɛ gyata a ofi ne dɔtɔ mu reba;+Nea ɔsɛe amanaman no atu reba.+ Watu afi ne tenabea sɛ ɔrebɛma w’asaase ayɛ tantaantan. Ɔbɛsɛe wo nkurow pasaa, na obiara rentena mu.+   Eyi nti mumfura awerɛhow ntama,*+Munni awerɛhow* na munsu nteɛteɛm,Efisɛ Yehowa abufuhyew no nnan mfii yɛn so.   “Saa da no,” Yehowa asɛm ni, “ɔhene koma betu,+Na atitiriw nso koma betu;Asɔfo bɛbɔ hu, na adiyifo ho bedwiriw wɔn.”+ 10  Ɛnna mekae sɛ: “Ao, Awurade Tumfo Yehowa! Ampa, woadaadaa ɔman yi+ ne Yerusalem paa. Wokae sɛ: ‘Mubenya asomdwoe,’+ nanso sekan na ɛda yɛn menem.”* 11  Saa bere no, wɔbɛka akyerɛ ɔman yi ne Yerusalem sɛ: “Mframa a emu yɛ hyew befi sare so nkoko a ɛso ayɛ kwabokwabo so,Na ɛbɛbɔ afa me man babea* so;Ɛremma mmehuw hwiit so, na ɛremmeyiyi mu fĩ. 12  Mɛma mframa a ano yɛ den paa afi saa mmeae hɔ aba. Afei mɛka atemmusɛm agu wɔn so. 13  Hwɛ! Ɔbɛba te sɛ omununkum,Ne nteaseɛnam te sɛ mframa a ano yɛ den.+ N’apɔnkɔ ho yɛ hare sen akɔre.+ Asɛm ato yɛn, efisɛ wɔasɛe yɛn awie! 14  O Yerusalem, hohoro wo koma ho fi bɔne ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye wo.+ Wobɛkɔ so adwen adwemmɔne akosi da bɛn? 15  Ɛnne bi rekasa fi Dan,+Ɛrebɔ mmusu ho dawuru fi Efraim mmepɔw so. 16  Monka ho asɛm, yiw, monka ho asɛm nkyerɛ amanaman;Mommɔ no dawuru nkyerɛ Yerusalem.” “Atɛwfo* fi akyirikyiri asaase bi so reba,Na wɔbɛma wɔn nne so atia Yuda nkurow. 17  Wofi afã ne afã nyinaa ba no so te sɛ awɛmfo a wɔwɛn afuw,+Efisɛ watew me so atua,”+ Yehowa asɛm ni. 18  “Wɔde wo ara w’abrabɔ ne wo nneyɛe bɛba wo so.+ Mmusu a ɛbɛba wo so no yɛ nwene sɛ!Efisɛ awura wo koma mu tɔnn!” 19  Me nsono mu oo! Me nsono mu oo!* Mete yaw kɛse wɔ me komam.* Me koma rebɔ paripari wɔ me mu. Mintumi nyɛ komm,Efisɛ mate* abɛn nnyigyei,Ɛyɛ ɔko torobɛnto.*+ 20  Amanehunu rekɔ, na amanehunu reba; ɛno ara na yɛte,Efisɛ wɔasɛe asaase no nyinaa. Mpofirim ara na wɔsɛee me ntamadan,Prɛko pɛ na wɔsɛee ntama a wɔde ayɛ me ntamadan no.+ 21  Mɛkɔ so ahu ahyɛnsode* yi akosi da bɛn?Na mɛkɔ so ate abɛn nnyigyei yi akosi da bɛn?+ 22  Efisɛ me man yɛ nkwaseafo;+Wɔmfa me nyɛ hwee. Wɔyɛ mma agyimifo a wonni ntease. Ɛba bɔne a, wɔn ani atew,*Na papa de, wonnim ho hwee.” 23  Mehwɛɛ asaase no, na hwɛ! na hwee nni so, na na asɛe pasaa.+ Mehwɛɛ ɔsoro, na na ne hann nni hɔ bio.+ 24  Mehwɛɛ mmepɔw, na hwɛ! na ɛrewosow,Na na nkoko rehinhim.+ 25  Mehwɛe, na hwɛ! na onipa biara nni hɔ,Na na wim nnomaa nyinaa atutu kɔ.+ 26  Mehwɛe, na hwɛ! asaase a nturo ayɛ so ma no adan sare,Na wɔasɛe ɛso nkurow nyinaa.+ Yehowa na ɔyɛe,N’abufuhyew nti na ɔyɛe. 27  Na nea Yehowa aka ni: “Asaase no nyinaa bɛdan amamfo,+Nanso merensɛe no pasaa. 28  Ɛno nti asaase no bedi awerɛhow,+Na ɔsoro beduru sum,+ Efisɛ me na makasa, na me na masi gyinae.Merensesa m’adwene,* na merentwe nsan* nso.+ 29  Wɔn a wɔtete apɔnkɔ so ne wɔn a wɔtotow agyan no dede nti,Kurow no nyinaa aguan.+ Wɔakɔhyehyɛ adɔtɔ mu,Na wɔaforo abotan.+ Kurow biara ada mpan,Na onipa biara nte mu bio.” 30  Afei a wɔayɛ wo pasaa yi, dɛn na wobɛyɛ? Kan no, wufuraa ntama kɔkɔɔ,Wode sika kɔkɔɔ agude hyehyɛɛ wo ho,Wokekaa w’ani ase* tumm sɛnea ɛbɛyɛ a w’ani aba bepuepue yiye. Nanso w’ahosiesie no nyinaa ankosi hwee,+Efisɛ wɔn a wɔpɛ wo no mpo apo wo.Seesei wɔrepɛ wo akum wo.*+ 31  Mete nne bi te sɛ ɔbea yarefo nne,Me ho yeraw me te sɛ ɔbea a ɔrewo n’abakan,Ɛyɛ Sion babea nne; ɔhome a ensi so. Watrɛw ne nsam, na ɔka sɛ:+ “Asɛm ato me, efisɛ awudifo nti mabrɛ!”*

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “frankaa.”
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Mommobɔ mo koko.”
Anaa “nanso sekan ato yɛn kra.”
Ɛyɛ anwensɛm a wɔde ka ɔman no ho asɛm te sɛ onipa. Ebia wɔde rekyerɛ tema ne ayamhyehye.
Kyerɛ sɛ, nnipa a wɔkɔtetɛw kurow bi hwɛ bere a eye sɛ wɔtow hyɛ so.
Anaa “Me yam hyehye me! Me yam hyehye me!”
Nt., “me koma afasu mu.”
Anaa “me kra ate.”
Ebetumi nso akyerɛ, “ɔko nteɛm.”
Anaa “frankaa.”
Anaa “wɔyɛ anyansafo.”
Anaa “Merennu me ho.”
Anaa “merensan mfi ho.”
Anaa “Wototoo w’ani akyi.”
Anaa “wɔrehwehwɛ wo kra.”
Anaa “me kra abrɛ.”