Yeremia 48:1-47

  • Nkɔmhyɛ a etia Moab (1-47)

48  Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka afa Moab ho ni:+ “Asɛm ato Nebo,+ efisɛ wɔasɛe no! Wɔagu Kiriataim+ anim ase, wɔadi no so nkonim. Wɔagu guankɔbea a ɛyɛ den* no anim ase, na wɔayɛ no pasaa.+   Obiara nni hɔ a oyi Moab ayɛ bio. Wɔabɔ ne sɛe ho pɔw wɔ Hesbon+ sɛ: ‘Mommra mma yenyi no mfi hɔ, na wanyɛ ɔman bio.’ Na wo, Madmin nso, yɛ komm,Efisɛ sekan di w’akyi reba.   Wɔte osũ wɔ Horonaim,+Efisɛ kurow no asɛe, na adwiriw agu pasaa.   Wɔabubu Moab. Ne mma resu.   Osũ nko ara na wɔde foro Luhit koko. Na wɔresian afi Horonaim nso a, wɔte osũ yayaayaw, ɔsɛe a aba no nti.+   Munguan; munguan mpere mo nkwa!* Monyɛ sɛ sare so ɔpopaw dua.   Esiane sɛ wode wo ho ato wo nnwuma ne w’agyapade so nti,Wo nso, wobedi wo so nkonim. Na wobetu Kemos+ ase akɔ obi man so,Ɔne n’asɔfo ne ne mpanyimfo nyinaa bɛbom akɔ.   Ɔsɛefo no bɛba kurow biara so,Na kurow biara remfa ne ho nni.+ Asaasetraa* no bɛsɛe,Na wɔbɛsɛe asaase a ɛda fam* no, sɛnea Yehowa aka no.   Momfa ahyɛnsode nsi ɔkwan so mma Moab,Efisɛ sɛ wɔsɛe no pasaa a, obeguan,Na ne nkurow bɛdan biribi a ɛyɛ hu,Na obiara rentena mu.+ 10  Nnome nka nea ɔyɛ Yehowa adwuma biarabiara! Nnome nka nea ɔmfa ne sekan nhwie mogya ngu! 11  Moabfo atena hɔ dwoodwoo fi wɔn mmofraberem,Te sɛ bobesa a asi hɔ akyɛ a ada ase. Wonhwiee wɔn nguu ade foforo biara mu da,Na wontuu wɔn ase nkɔɔ obi man so da. Ɛno nti na wɔn dɛ nsesae,Na wɔn hua nso nsesae no. 12  “‘Enti hwɛ! Nna bi reba,’ Yehowa asɛm ni, ‘na mɛsoma nkurɔfo ama wɔakɔdan wɔn abutuw. Wɔbɛdan wɔn abutuw, na wɔahwie wɔn afi ade a wogu mu no mu, na wɔbɛbobɔ wɔn nhina akɛse no pasapasa. 13  Na Moabfo ani bewu Kemos ho, sɛnea Israel fi ani awu Betel a wɔde wɔn ho too so ho no.+ 14  Mone hena a moka sɛ: “Yɛyɛ mmarima akatakyi a yɛayɛ krado rekɔ ɔko”?’+ 15  ‘Wɔasɛe Moab,Wɔatow ahyɛ ne nkurow so,+Na wɔn mmerante a wodi mu nso, wɔakunkum wɔn,’+ Ɔhene a ne din de asafo Yehowa no asɛm ni.+ 16  Moabfo amanehunu rebobɔ ba,Na wɔn sɛe de mmirika reba.+ 17  Wɔn ho bɛyɛ wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa mmɔbɔ,Wɔn a wonim wɔn din nyinaa. Monka nkyerɛ wɔn sɛ: ‘Ao, ahoɔden poma no, dua fɛfɛɛfɛ no na abubu yi!’ 18  Si fi w’anuonyam so,Na tena osukɔm mu,* O ɔbabea a wote Dibon.+Efisɛ Moab sɛefo no aba wo so,Na wo nkurow a ɛyɛ den no, ɔbɛsɛe no.+ 19  Wo a wote Aroer,+ gyina ɔkwan ho na hwɛ. Bisa ɔbarima a ɔreguan ne ɔbea a ɔrepɛ baabi afa no sɛ, ‘Asɛm bɛn na asi?’ 20  Wɔagu Moab anim ase, na ehu aka no. Munsu, munsu nteɛteɛm. Mommɔ no dawuru wɔ Arnon+ sɛ wɔasɛe Moab. 21  Atemmu aba asaase a ɛda fam* no so,+ aba Holon ne Yahas+ ne Mefaat+ so; 22  aba Dibon+ ne Nebo+ ne Bet-Diblataim so; 23  aba Kiriataim+ ne Bet-Gamul ne Bet-Meon+ so; 24  aba Keriot+ ne Bosra so; aba Moab asaase so nkurow nyinaa so, nea ɛwɔ akyirikyiri ne nea ɛbɛn nyinaa. 25  ‘Wɔatwa Moab ahoɔden* akyene;Wɔabu ne nsa* mu,’ Yehowa asɛm ni. 26  ‘Momma ɔnnom nsã mmow+ efisɛ wama ne ho so atia Yehowa.+ Moab munumunum wɔ ne fe mu,Na wadan ade a wodi ho fɛw. 27  Ɛnyɛ wo na wudii Israel ho fɛw no?+ Wohwɛ a, na ɔka akorɔmfo hoA enti ɛsɛ sɛ wowosowosow wo ti gu no so, na wokasa tia no? 28  Moabfo, munnyaw mo nkurow hɔ na monkɔtena ɔbotan so,Na monyɛ sɛ aburuburuw a ɔyɛ ne berebuw wɔ bepɔw nkyɛnmu wɔ soro.’” 29  “Yɛate Moab ahantan no; ɔyɛ dwae paa.Yɛate n’ahomaso ne n’ahantan ne n’ahokyerɛ ne sɛnea wama ne koma so no.”+ 30  “‘Minim n’abufuw,’ Yehowa asɛm ni,‘Nanso ne kasa hunu no renkosi hwee. Wɔrentumi nyɛ huu! 31  Ɛno nti na mesũ ateɛteɛm wɔ Moab ho no;Mesu Moabfo nyinaa,Na mesu Kir-Heres mmarima.+ 32  O Sibma bobe, mesu wo,+Mesu wo asen sɛnea misuu Yaser no.+ Wo dua a afefɛw no atwa ɛpo. Akodu ɛpo mu, akodu Yaser. W’ahohuru bere mu nnuaba ne bobe a woatetew no,Ɔsɛefo no atow ahyɛ so.+ 33  Wɔayi anigye ne ahurusi afi turo no muNe Moab asaase so.+ Nsã a ɛretene fi amoa a wokyĩ nsã wom mu no, mama atwa. Obiara nni hɔ a ɔde anigye bɛbɔ agye so bere a wɔrekyĩ nsã. Sɛ wɔbɔ gye so mpo a, ɛrenyɛ nnyeso papa.’”+ 34  “‘Wɔte nteɛm bi wɔ Hesbon;+ ɛkɔ ara kosi Eleale.+ Wɔteɛm denneennen ma wɔte wɔ Yahas.+Efi Soar kosi Horonaim,+ na ekosi Eglat-Selisiya. Nimrim nsu mpo, ɛbɛyera.*+ 35  Meremma obiara mmɔ afɔre wɔ sorɔnsorɔmmea,*Na meremma obiara mmɔ afɔre mma ne nyame;Mɛma ne nyinaa agyae wɔ Moab,’ Yehowa asɛm ni. 36  Ɛno nti, me koma besu* Moab te sɛ atɛntɛbɛn,*+Na me koma asu* Kir-Heres mmarima te sɛ atɛntɛbɛn.* Efisɛ ahonyade a wapɛ agu hɔ no bɛsɛe. 37  Obiara ti so apa,+Na obiara atwitwa n’abogyesɛ. Obiara de ade atwitwa ne nsa ho,+Na wɔde awerɛhow ntama* asisi wɔn asen!’”+ 38  “‘Moab adan nyinaa atifi,Ne ne mmɔnten so baabiara,Nea wote ara ne osu ne nteɛteɛm. Efisɛ mabubu MoabTe sɛ ahina a wɔatow akyene baabi,’ Yehowa asɛm ni. 39  ‘Hwɛ sɛnea ehu aka no! Munsu nteɛteɛm! Hwɛ sɛnea Moab de animguase asan n’akyi! Moab adan ade a wodi ho fɛw,Wadan biribi a ɛyɛ hu ama wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.’” 40  “Nea Yehowa aka ni: ‘Hwɛ! Sɛnea ɔkɔre tow hoo hyɛ aboa so no,+Saa na ɔbɛtrɛw ne ntaban mu aba Moab so. + 41  Wobedi ne nkurow so nkonim,Na wobegye n’abannennen. Saa da no, Moab akatakyi komaBɛyɛ sɛ ɔbea a ɔrewo.’” 42  “‘Na wɔbɛsɛe Moab na anyɛ ɔman bio,+Efisɛ ɛyɛ Yehowa na wama ne ho so atia no.+ 43  Ehu ne amoa ne afiri da mo anim,O Moabfo,’ Yehowa asɛm ni. 44  ‘Obiara a ehu no nti obeguan no, ɔbɛtɔ amoa mu,Na obiara a obepue afi amoa mu no, afiri beyi no.’ ‘Efisɛ afe a mahyɛ no du a, mɛtwe Moab aso,’ Yehowa asɛm ni. 45  ‘Wɔn a wɔreguan no akogyinagyina Hesbon nwini mu; wɔn ahoɔden asa. Efisɛ ogya befi Hesbon aba,Na ogyaframa afi Sihon aba.+ Ɛbɛhyew Moab moma so,Na ahyew mma a wɔyɛ dede no tikora.’+ 46  ‘O Moab, asɛm ato wo! Kemos nkurɔfo+ asɛe. Efisɛ wɔakyere wo mma mmarima de wɔn kɔ,Na wo mma mmea nso, wɔasoa wɔn kɔ obi man so.+ 47  Nanso awiei nna no mu no, mɛboaboa Moabfo a wɔkyeree wɔn kɔe no ano,’ Yehowa asɛm ni. ‘Ɛha na Moab ho atemmusɛm no si.’”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “abantenten.”
Anaa “kra.”
Anaa “Obon.”
Anaa “bepɔw so asaase tratraa.”
Ebetumi nso akyerɛ, “asaase a ɛso awo so.”
Anaa “bepɔw so asaase tratraa.”
Anaa “basa.”
Nt., “abɛn.”
Anaa “ɛbɛyow.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Kyerɛ sɛ, atɛntɛbɛn a wɔde bɔ awerɛhow nnwom wɔ ayi ase.
Anaa “agyigye ama.”
Kyerɛ sɛ, atɛntɛbɛn a wɔde bɔ awerɛhow nnwom wɔ ayi ase.
Anaa “begyigye ama.”
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.