Yoel 1:1-20

  • Ntutummɛ a wɔdɔɔso (1-14)

  • “Yehowa da no abɛn” (15-20)

1  Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ Petuel ba Yoel* ni:  2  “Mpanyimfo, muntie,Na asaase sofo nyinaa, monyɛ aso. Saa ade yi, so ebi asi wɔ mo bere soAnaa mo agyanom bere so pɛn?+  3  Monka ho asɛm nkyerɛ mo mma,Na mo mma nka nkyerɛ wɔn mma,Na wɔn mma nso nka nkyerɛ awo ntoatoaso a edi hɔ.  4  Nea ntutummɛ a wɔsɛe nneɛma di ma ɛkae no, ntutummɛ a wotu yuu adi;+Nea ntutummɛ a wotu yuu di ma ɛkae no, ntutummɛ a wonni ntaban adi;Nea ntutummɛ a wonni ntaban di ma ɛkae no, ntutummɛ a wodidi fuu adi.+  5  Asabofo, munnyan+ na munsu! Asanomfo nyinaa, muntwa adwo,Efisɛ munni nsã* dɔkɔdɔkɔ bio.+  6  Ɔman bi aba m’asaase so; emu nnipa ho yɛ den na wɔn dodow nni ano.+ Wɔn se te sɛ gyata se,+ na wɔwɔ gyata apantan.  7  Wɔasɛe me bobe na wɔama me borɔdɔma ayɛ dunsin,Wɔapompan ho ma ayɛ kwabokwabo, na wɔatow aguAma ne nnubaa ho ayɛ fitafita.  8  Twa adwo sɛnea ɔbaabun* fura awerɛhow ntama*Twa adwo wɔ ne mmabaabere mu kunu ho.  9  Aduan afɔre+ ne nsã afɔre+ a wɔde ba Yehowa fi no, afei de wɔagyae;Yehowa asomfo a wɔyɛ asɔfo no resu. 10  Afuw mu nneɛma asɛe, asaase no redi awerɛhow,+Efisɛ hwiit* asɛe, bobesa foforo ayow, na ngo ase atu.+ 11  Hwiit ne baali* nti, akuafo abotow, Na bobefuw* mu adwumayɛfo twa adwo,Efisɛ afuw mu nnɔbae asɛe. 12  Bobe akyenkyen,Na borɔdɔma nso akisa. Granate akutu* ne abɛ ne aprɛ duaNe wuram nnua nyinaa awuwu;+Ahurusi adan aniwu wɔ nnipa mu. 13  Asɔfo, mumfura awerɛhow ntama* na munni awerɛhow;*Afɔremuka asomfo, muntwa adwo.+ Me Nyankopɔn asomfo, mumfura awerɛhow ntama* anadwo mũ nyinaa,Efisɛ obiara nni hɔ a ɔde aduan afɔre+ ne nsã afɔre+ ba mo Nyankopɔn fi bio. 14  Momma wɔnyɛ akɔnkyen.* Momma wɔnyɛ nhyiam titiriw.+ Mommoaboa mpanyimfo no ne asaase no sofo nyinaa anoMmra Yehowa mo Nyankopɔn fi,+ na munsu mfrɛ Yehowa na ɔmmoa mo. 15  “Ɛda no nti munnue! Yehowa da no abɛn,+Na ɛbɛba sɛ ɔsɛe a efi ade nyinaa so Tumfo no nkyɛn! 16  Aduan nyera mfii yɛn anim anaa?Na anigye ne ahurusi nso mfii yɛn Nyankopɔn fi? 17  Aba* a wɔadua a wɔde sofi reyɛ ho adwuma no atwintwam. Adekora adan ada mpan. Aburopata adwiriw agu, efisɛ nnɔbae asɛe. 18  Nyɛmmoa mpo si apini! Anantwikuw nnya adidibea, enti wɔnenam basabasa. Na nguankuw hu amane. 19  O Yehowa, wo na mesu afrɛ wo,+Efisɛ ogya ahyew sare so adidibea,Na ogyaframa ahyew wuram nnua nyinaa. 20  Wuram mmoa mpo ani agyina wo,Efisɛ nsubon no mu nsu ayoyow,Na ogya ahyew sare so adidibea.”

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛkyerɛ, “Yehowa Ne Onyankopɔn.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “ababaa.”
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.
Anaa “bobeturo.”
Anaa “Pomegranate.”
Nt., “mommɔ abɔso.”
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “mommɔ abubuw.”
Anaa “wonni mmuada.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Borɔdɔma a awo.”