Yoel 3:1-21

  • Yehowa bu aman nyinaa atɛn (1-17)

    • Yehosafat Bon (2, 12)

    • Atemmu bon (14)

    • Yehowa bɛyɛ abannennen ama Israel (16)

  • Yehowa hyira ne nkurɔfo (18-21)

3  “Hwɛ! Nna no mu,Sɛ mede Yuda ne Yerusalemfo a wɔakodi obi man so no san ba saa bere no a,+   Mɛboaboa amanaman nyinaa nso ano,Na mede wɔn asian aba Yehosafat* Bon mu.* Me man ne m’agyapade Israel nti,Mebu wɔn atɛn wɔ hɔ,+Efisɛ wɔabɔ wɔn ahwete amanaman no mu,Na wɔakyɛ m’asaase afa.+   Wɔbɔɔ me man so ntonto,+Wɔtɔn mmarimaa de kɔfaa tuutuufo,Na wɔtɔn mmeawa gyee nsã* nomee.   Tiro ne Sidon ne Filistia nkurow nyinaa,Dɛn na mowɔ tia me? Mayɛ mo biribi na moreyɛ bi atua me ka anaa? Sɛ moretua me biribi so ka a,Ɛnde mɛyɛ ntɛm adan mo akatua no aba mo so.+   Moafa me dwetɛ ne me sika kɔkɔɔ,+Na mode m’akorade a ɛsom bo akogu mo abosomfi;   Yuda ne Yerusalemfo nso, moatɔn wɔn ama Greecefo+Sɛnea ɛbɛyɛ a mubetu wɔn afi wɔn asaase so akɔ akyirikyiri;   Ɛno nti mɛma wɔafi beae a motɔn wɔn kɔe no aba,+Na mɛdan mo akatua no aba mo so.   Mɛtɔn mo mma mmarima ne mo mma mmea ahyɛ Yudafo nsa,+Na wɔn nso bɛtɔn wɔn ama Sabafo, ɔman a ɛwɔ akyirikyiri,Yehowa na waka.   Mommɔ dawuru wɔ amanaman mu sɛ:+ ‘Munsiesie mo ho nkɔko!* Monkanyan mmarima akatakyi! Momma mmarima a wɔkɔ ɔsa nyinaa ntwiw mmɛn, momma wɔmmra!+ 10  Momfa mo nsɔw nyɛ sekan a wɔde kɔ ɔko, na momfa mo kantankrankyi* nyɛ mpeaw. Nea ɔyɛ mmerɛw no, ma ɔnka sɛ: “Me ho yɛ den.” 11  Aman a moatwa ahyia nyinaa, mommɛboa; mommoaboa moho ano.’”+ O Yehowa, fa w’ahoɔdenfo* no bra hɔ. 12  “Momma amanaman no nsɔre mmra Yehosafat Bon mu,*Na ɛhɔ na mɛtena abu amanaman a atwa ahyia nyinaa atɛn.+ 13  “Montow kantankrankyi, na nnɔbae no awo* sɛ wotwa. Mommra mmetiatia so, efisɛ amoa a wokyĩ nsã wom no ayɛ ma.+ Ade a wokyĩ nsã gu mu no ayɛ ma abu so; wɔn bɔne adɔɔso. 14  Nnipadɔm, nnipadɔm wɔ atemmu bon no mu,*Na Yehowa da no abɛn wɔ atemmu bon no mu.*+ 15  Owia ne ɔsram beduru sum,Na nsoromma renhyerɛn bio. 16  Yehowa bɛbobom afi Sion,Na ɔbɛma ne nne so afi Yerusalem. Ɔsoro ne asaase bɛwosow,Nanso Yehowa bɛyɛ guankɔbea ama ne man,+ Na ɔbɛyɛ abannennen ama Israelfo. 17  Mubehu sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn a mete Sion, me bepɔw kronkron so no.+ Yerusalem bɛyɛ beae kronkron,+Na ahɔho* rentwam mfa hɔ bio.+ 18  Saa da no, nsã* dɔkɔdɔkɔ bɛsosɔ afi mmepɔw so;+Nufusu bɛsen afi nkoko so,Na nsu bɛsen Yuda nsubon nyinaa mu. Nsu bepue afi Yehowa fi,+Na ɛbɛma Ɔkanto Nnua Bon* no anya nsu pii. 19  Egypt de, ɛbɛdan asaase a obiara nte so,+Na Edom nso adan sare pradadaa,+Efisɛ wɔde atirimɔdensɛm dii Yudafo,+Na wohwiee mogya a edi bem gui wɔ wɔn asaase so.+ 20  Nanso Yuda de, nnipa bɛtena hɔ daa,Na Yerusalem nso bɛtena hɔ awo ntoatoaso nyinaa mu.+ 21  Wɔn mogya a mammu no bem no, mebu no bem,+Na Yehowa bɛtena Sion.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛkyerɛ, “Yehowa Ne Ɔtemmufo.”
Anaa “Asaasetraa no so.”
Anaa “bobesa.”
Nt., “Montew ɔko ho!”
Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ dade bi a ɛyɛ nnam a ɛhyɛ dua ano. Ɛte sɛ kookoo sosɔw.
Anaa “wo nnɔmmarima.”
Anaa “Asaasetraa no so.”
Anaa “ahoa; aguan.”
Anaa “asaasetraa no so.”
Anaa “asaasetraa no so.”
Anaa “ananafo.”
Anaa “Subon.”
Anaa “bobesa.”