Yosua 10:1-43

  • Israel ko maa Gibeon (1-7)

  • Yehowa ko maa Israel (8-15)

    • Ɔtɔɔ asukɔtweaa guu atamfo a wɔreguan so (11)

    • Owia gyinaa dinn (12-14)

  • Wokum ahemfo baanum a wɔkɔtow hyɛɛ Gibeon so no (16-28)

  • Wɔko faa nkurow a ɛwɔ anaafo fam no (29-43)

10  Yerusalem hene Adoni-Sedek tee sɛ Yosua ako afa Ai asɛe no, na wayɛ Ai ne ne hene+ sɛnea ɔyɛɛ Yeriko ne ne hene no.+ Ɔsan tee sɛ Gibeonfo ne Israel akɔyɛ asomdwoe apam,+ na wɔne wɔn na ɛte. Ɔtee ara pɛ,  ehu kaa no papaapa,+ efisɛ na Gibeon yɛ kurow kɛse te sɛ nhenkurow no bi. Ná ɛso sen Ai,+ na na emu mmarima nyinaa nim ko yiye.  Enti Yerusalem hene Adoni-Sedek de nkra kɔmaa Hebron+ hene Hoham ne Yamut hene Piram ne Lakis hene Yafia ne Eglon hene+ Debir sɛ:  “Mommɛboa me mma yɛnkɔtow nhyɛ Gibeon so, efisɛ wɔne Yosua ne Israelfo akɔyɛ asomdwoe apam.”+  Enti Amorifo+ ahemfo baanum no, kyerɛ sɛ, Yerusalem hene ne Hebron hene ne Yamut hene ne Lakis hene ne Eglon hene ne wɔn asraafo nyinaa kaa wɔn ho boom, na wokotwaa Gibeon ho hyiae sɛ wɔne wɔn rekɔko.  Ɛnna Gibeonfo soma kɔka kyerɛɛ Yosua wɔ Gilgal+ asoɛe hɔ sɛ: “Nnyaw wo nkoa.*+ Bra ntɛm! Begye yɛn na boa yɛn! Amorifo ahemfo a wɔtete bepɔw so no nyinaa aboa wɔn ano ne yɛn rebɛko.”  Enti Yosua ne asraafo ne mmarima a wonim ko yiye a wɔka ne ho nyinaa fii Gilgal foro kɔe.+  Na Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Nsuro wɔn,+ na mede wɔn ahyɛ wo nsa.+ Wɔn mu biara rentumi nnyina w’anim.”+  Yosua de anadwo no nyinaa nantew fii Gilgal baa wɔn so mpofirim. 10  Na Yehowa maa wɔn ani so tan wɔn wɔ Israelfo no anim,+ na wokunkum dɔm kɛse wɔ Gibeon. Wotiw wɔn faa ɔkwan a ɛforo kɔ Bet-Horon no so, na wokunkum wɔn de koduu Aseka ne Makeda. 11  Bere a wɔreguan afi Israelfo anim a woduu ɔkwan a esian fi Bet-Horon so no, Yehowa maa asukɔtweaa akɛse fii soro beguu wɔn so de koduu Aseka ma wowuwui. Nokwasɛm ne sɛ, wɔn a asukɔtweaa no kunkum wɔn no dɔɔso sen wɔn a Israelfo de sekan kunkum wɔn no. 12  Ɛda a Yehowa yɛɛ Amorifo pasaa wɔ Israelfo anim no, saa da no na Yosua ka kyerɛɛ Yehowa wɔ Israelfo anim sɛ: “Owia, gyina dinn+ wɔ Gibeon so,+Ɔsram nso, gyina dinn wɔ Ayalon Bon mu!”* 13  Enti owia gyinae dinn, na ɔsram nso gyinaa faako kosii sɛ ɔman no tuaa n’atamfo ka. Wɔakyerɛw eyi ho asɛm wɔ Yasar nhoma no mu,+ ɛnte saa? Owia gyinae dinn wɔ wim, na bɛyɛ da mũ nyinaa ampere ne ho ankɔtɔ. 14  Ɛda yi so bi mmae da—n’anim oo, n’akyi oo, ebi nsii da—sɛ Yehowa betie onipa saa,+ efisɛ na Yehowa reko ama Israel.+ 15  Afei Yosua ne Israelfo nyinaa san baa asoɛe hɔ wɔ Gilgal.+ 16  Saa bere yi, na ahemfo baanum no aguan akɔhyɛ Makeda+ ɔbodan no mu. 17  Ɛnna nkurɔfo bɛka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Wɔahu sɛ ahemfo baanum no aguan akɔhyɛ Makeda+ ɔbodan no mu.” 18  Ɛnna Yosua kae sɛ: “Mumpia abo akɛse nkata ɔbodan no ano na momma mmarima nwɛn wɔn. 19  Na mo a moaka no de, munnnyina, na mmom muntiw mo atamfo no nkunkum wɔn. Munni kan nkunkum wɔn a wodi akyi no.+ Mommma wonnwura wɔn nkurow mu, efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn de wɔn ahyɛ mo nsa.” 20  Yosua ne Israelfo no kunkum dɔm kɛse paa maa nkurɔfo no sae, gye wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu a woguan kɔɔ nkurow a wɔabɔ ho ban mu no. Ɛno akyi no, 21  ɔman no nyinaa san baa Yosua nkyɛn asomdwoe mu wɔ Makeda asoɛe hɔ. Na obiara ampɛ ne ho asɛm anka asɛm bi* antia Israelfo no. 22  Afei Yosua kae sɛ: “Mummue ɔbodan no ano na munyi ahemfo baanum no mfi ɔbodan no mu mmrɛ me.” 23  Enti woyii ahemfo baanum yi fii ɔbodan no mu brɛɛ no: Yerusalem hene, Hebron hene, Yamut hene, Lakis hene, ne Eglon hene.+ 24  Bere a wɔde ahemfo yi brɛɛ Yosua no, ɔfrɛɛ Israel mmarima nyinaa, na ɔka kyerɛɛ asraafo mpanyimfo a wɔne no kɔe no sɛ: “Mommra anim. Momfa mo nan nsisi ahemfo yi kɔn akyi.” Na wɔbae de wɔn nan besisii wɔn kɔn akyi.+ 25  Ɛnna Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnsuro, na mommmɔ hu.+ Munnya akokoduru na momma mo ho nyɛ den, na sɛɛ na Yehowa bɛyɛ mo atamfo a mo ne wɔn redi ako nyinaa.”+ 26  Afei Yosua bobɔɔ wɔn kunkum wɔn, na ɔde wɔn sensɛn nnua anum so kosii anwummere. 27  Bere a owia kɔtɔe no, Yosua ka ma wokoyii wɔn fii nnua no so,+ na wɔkɔtow wɔn guu ɔbodan a woguan kɔhyɛɛ mu no mu. Na wɔde abo akɛse guu ɔbodan no ano, na ɛwɔ hɔ de besi nnɛ da yi. 28  Saa da no, Yosua faa Makeda,+ na ɔtwee sekan wɔ kurow no so. Okum kurom hɔ hene ne emu nnipa* nyinaa. Wannyaw obiara wɔ hɔ.+ Sɛnea ɔyɛɛ Yeriko hene no, saa ara na ɔyɛɛ Makeda hene+ nso. 29  Afei Yosua ne Israelfo nyinaa fii Makeda kɔɔ Libna, na wɔne Libnafo kɔkoe.+ 30  Na Yehowa de kurow no ne ɛhɔ hene+ nso hyɛɛ Israel nsa, na wɔtwee sekan wɔ kurow no so kunkum nnipa* a wɔwɔ hɔ nyinaa. Wɔannyaw obiara wɔ hɔ. Sɛnea wɔyɛɛ Yeriko hene no,+ saa ara na wɔyɛɛ kurom hɔ hene no nso. 31  Ɛno akyi no, Yosua ne Israelfo nyinaa fii Libna kɔɔ Lakis.+ Wɔkɔsoɛɛ hɔ, na wɔne wɔn koe. 32  Yehowa de Lakis hyɛɛ Israel nsa, na da a ɛto so abien no, wɔfaa kurow no. Afei wɔtwee sekan wɔ kurow no so kunkum nnipa* a wɔwɔ hɔ nyinaa,+ sɛnea wɔyɛɛ Libna no. 33  Ɛnna Geser hene+ Horam foro kɔe sɛ ɔrekɔboa Lakis. Nanso Yosua kum ɔne ne nkurɔfo nyinaa, na wannyaw obiara. 34  Ɛnna Yosua ne Israelfo nyinaa fii Lakis kɔɔ Eglon.+ Wɔkɔsoɛɛ hɔ, na wɔne wɔn koe. 35  Wɔfaa kurow no saa da no, na wɔtwee sekan wɔ so. Wokunkum nnipa* a wɔwɔ hɔ nyinaa saa da no, sɛnea wɔyɛɛ Lakis no.+ 36  Afei Yosua ne Israelfo nyinaa fii Eglon foro kɔɔ Hebron+ ne wɔn kɔkoe. 37  Wɔfaa kurow no ne ne nkuraa nyinaa, na wɔtwee sekan wɔ so. Wokum ɔhene no ne nnipa* a wɔwɔ hɔ nyinaa. Wɔannyaw obiara wɔ hɔ. Sɛnea ɔsɛee Eglon no, saa ara na ɔsɛee kurow no ne emu nnipa* nyinaa. 38  Awiei koraa no, Yosua ne Israelfo nyinaa de wɔn ani kyerɛɛ Debir,+ na wɔne wɔn kɔkoe. 39  Ɔfaa kurow no ne ɛhɔ hene ne nkuraa a ɛwowɔ hɔ nyinaa. Na wɔtwee sekan wɔ so kunkum nnipa* a wɔwɔ hɔ nyinaa.+ Wannyaw obiara.+ Sɛnea ɔyɛɛ Hebron ne Libna ne ne hene no, saa ara na ɔyɛɛ Debir ne ne hene. 40  Enti Yosua kõ faa nsaase a ɛwɔ bepɔw so ne Negeb ne Sefela+ ne nkoko ase no nyinaa, na okunkum wɔn ahemfo nyinaa. Wannyaw obiara; ɔsɛee biribiara a ɛhome+ sɛnea Israel Nyankopɔn Yehowa kae no.+ 41  Na Yosua kõ faa asaase no nyinaa fii Kades-Barnea+ kosii Gasa,+ ne Gosen+ asaase nyinaa de kɔpem Gibeon.+ 42  Yosua faa ahemfo yi nyinaa ne wɔn nsaase wɔ bere koro mu, efisɛ Israel Nyankopɔn Yehowa ko maa Israel.+ 43  Afei Yosua ne Israelfo nyinaa san kɔɔ asoɛe hɔ wɔ Gilgal.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “Nyi wo nsa mfi wo nkoa so.”
Anaa “Asaasetraa so!”
Nt., “ansew ne tɛkrɛma.”
Anaa “akra.”
Anaa “akra.”
Anaa “akra.”
Anaa “akra.”
Anaa “akra.”
Anaa “akra.”
Anaa “akra.”