Yosua 12:1-24

  • Ahemfo a wodii wɔn so nkonim wɔ Yordan apuei fam (1-6)

  • Ahemfo a wodii wɔn so nkonim wɔ Yordan atɔe fam (7-24)

12  Eyinom ne asaase no so ahemfo a Israelfo dii wɔn so faa wɔn nsaase wɔ Yordan agya wɔ apuei fam, efi Arnon Bon* ho+ kosi Hermon Bepɔw ho+ ne Araba nyinaa wɔ apuei fam no:+  Amorifo hene Sihon+ a na ɔte Hesbon no. Odii hene faa Aroer+ a ɛwɔ Arnon Bon*+ ho ne bon no mfinimfini ne Gilead fã kosi Yabok Bon* ho wɔ Ammonfo hye so.  Ɔsan nso dii hene wɔ Araba kosii Kineret* Po+ no ho wɔ apuei, ne Araba Po, kyerɛ sɛ, Nkyene Po* no ho wɔ apuei, Bet-Yesimot kwan so, de kɔ anaafo wɔ Pisga mmepɔw+ ase.  Wɔsan faa Basan hene Og asaase.+ Refaimfo a na wɔaka no, na ɔka ho,+ na ɔtenaa Astarot ne Edrei.  Odii hene wɔ Hermon Bepɔw so ne Saleka ne Basan+ nyinaa de kosii Gesurfo ne Maakatfo+ hye so ne Gilead fã kɔpem Hesbon hene Sihon asaase so.+  Yehowa akoa Mose ne Israelfo no dii wɔn so,+ na ɛno akyi no, Yehowa akoa Mose de wɔn asaase no maa Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fã no.+  Ahemfo yi na Yosua ne Israelfo no dii wɔn so wɔ Yordan atɔe fam, efi Baal-Gad+ a ɛwɔ Lebanon+ Bon mu kosi Halak Bepɔw+ a ɛne Seir+ di nhwɛanim no so. Ɛno akyi no, Yosua de wɔn asaase no maa Israel mmusuakuw no maa obiara nyaa ne kyɛfa.+  Saa nsaase no ne, bepɔw so nsaase ne Sefela ne Araba ne bepɔw ase ne sare so ne Negeb.+ Ɛha na na Hitifo ne Amorifo+ ne Kaananfo ne Perisifo ne Hiwifo ne Yebusifo no te.+ Ahemfo yi ni:   Baako ne Yeriko hene;+ baako ne Ai a ɛbɛn Betel no hene;+ 10  baako ne Yerusalem hene; baako ne Hebron hene;+ 11  baako ne Yamut hene; baako ne Lakis hene; 12  baako ne Eglon hene; baako ne Geser hene;+ 13  baako ne Debir+ hene; baako ne Geder hene; 14  baako ne Horma hene; baako ne Arad hene; 15  baako ne Libna+ hene; baako ne Adulam hene; 16  baako ne Makeda hene;+ baako ne Betel+ hene; 17  baako ne Tapua hene; baako ne Hefer hene; 18  baako ne Afek hene; baako ne Lasaron hene; 19  baako ne Madon hene; baako ne Hasor hene;+ 20  baako ne Simron-Meron hene; baako ne Aksaf hene; 21  baako ne Taanak hene; baako ne Megido hene; 22  baako ne Kedes hene; baako ne Yokneam+ a ɛwɔ Karmel no hene; 23  baako ne Dor a ɛwɔ Dor mmepɔw so+ no hene; baako ne Goiim a ɛwɔ Gilgal no hene; 24  baako ne Tirsa hene. Ahemfo no nyinaa yɛ 31.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Arnon Subon.”
Anaa “Arnon Subon.”
Anaa “Subon.”
Kyerɛ sɛ, Ɛpo a Awu.
Kyerɛ sɛ, Genesaret ɔtare, anaa Galilea Po.