Yosua 13:1-33

  • Asaase a wonnya nko mfae (1-7)

  • Wɔkyekyɛɛ asaase a ɛwɔ Yordan apuei fam no (8-14)

  • Ruben agyapade (15-23)

  • Gad agyapade (24-28)

  • Manase agyapade wɔ apuei fam (29-32)

  • Yehowa ne Lewifo agyapade (33)

13  Saa bere yi, na Yosua mfe akɔ anim, na na wabɔ akwakoraa.+ Na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo mfe akɔ anim na woabɔ akwakoraa, nanso asaase a aka a ɛsɛ sɛ wofa* no so.  Asaase a aka no ni:+ Filistifo ne Gesurfo+ mpɔtam hɔ nyinaa  (efi Nil fã* a ɛda Egypt apuei* kosi Ekron hye so wɔ atifi fam, baabi a na wobu no sɛ Kaananfo asaase no);+ nsaase a na Filistifo ahemfo baanum+ di so yi ka ho—Gasa, Asdod,+ Askelon,+ Gat,+ ne Ekron;+ ɛnna Awim+  wɔ anaafo; Kaananfo asaase nyinaa; Meara a ɛyɛ Sidonfo asaase+ kosi Afek, kɔpem Amorifo hye so;  Gebalfo+ asaase ne Lebanon apuei fam nyinaa, efi Baal-Gad wɔ Hermon Bepɔw ase de kosi Lebo-Hamat;*+  wɔn a wɔtete bepɔw so nyinaa, efi Lebanon+ kosi Misrefot-Maim;+ ne Sidonfo+ nyinaa. Metu wɔn afi Israelfo anim.*+ Hwɛ sɛ wode bɛka Israel agyapade ho, sɛnea meka kyerɛɛ wo no.+  Afei kyɛ asaase yi ma mmusuakuw akron no ne Manase abusuakuw fã no sɛ wɔn agyapade.”+  Manase abusuakuw no fã a aka no ne Rubenfo ne Gadfo kɔfaa wɔn agyapade a Mose de maa wɔn wɔ Yordan agya wɔ apuei fam no, sɛnea na Yehowa akoa Mose de ama wɔn dedaw no:+  efi Aroer+ a ɛwɔ Arnon Bon*+ ano ne kurow a ɛwɔ bon no mfinimfini ne Medeba Bepɔw so asaase tratraa no nyinaa so de kosi Dibon; 10  ne Amorifo hene Sihon a odii ade wɔ Hesbon no nkurow nyinaa, kosi Ammonfo hye so;+ 11  Gilead, ne Gesurfo ne Maakatfo+ nsaase, ne Hermon Bepɔw nyinaa ne Basan+ nyinaa de kosi Saleka;+ 12  ne Og a odii ade wɔ Astarot ne Edrei no ahemman a ɛwɔ Basan nyinaa. (Refaimfo a na wɔaka no, na Og ka ho.)+ Mose dii wɔn so nkonim tuu wɔn fii hɔ.*+ 13  Nanso Israelfo antu Gesurfo ne Maakatfo;*+ mmom Gesurfo ne Maakatfo te Israelfo mu besi nnɛ. 14  Lewi abusuakuw no nko ara na wamma wɔn agyapade.+ Afɔre a wɔde ogya hyew ma Israel Nyankopɔn Yehowa no, ɛno ne wɔn agyapade,+ sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.+ 15  Afei Mose de Ruben abusuakuw no agyapade maa wɔn sɛnea wɔn mmusua te. 16  Wɔn asaase no fi Aroer a ɛwɔ Arnon Bon* ano ne kurow a ɛwɔ bon no mfinimfini ne Medeba Bepɔw so asaase tratraa no nyinaa so; 17  Hesbon ne ɛho nkurow+ a ɛwɔ bepɔw so asaase tratraa no so nyinaa, ne Dibon ne Bamot-Baal ne Bet-Baal-Meon+ 18  ne Yahas+ ne Kedemot+ ne Mefaat+ 19  ne Kiriataim ne Sibma+ ne Seret-Saha wɔ obon no mu* bepɔw so, 20  ne Bet-Peor ne Pisga mmepɔw ase+ ne Bet-Yesimot,+ 21  ne nkurow a ɛwɔ bepɔw so asaase tratraa no so nyinaa ne Amorifo hene Sihon a odii ade wɔ Hesbon+ no ahemman nyinaa. Mose dii ɔno ne Midian atitiriw yi nyinaa so nkonim:+ Ewi ne Rekem ne Sur ne Hur ne Reba.+ Wɔn na na wɔyɛ Sihon abirɛmpɔn* a wɔwɔ asaase no so. 22  Na Beor ba Baalam+ a nkurɔfo kɔ ne nkyɛn abisa+ no nso, Israelfo de sekan kum no kaa wɔn a wokunkum wɔn no ho. 23  Yordan na na ɛyɛ Ruben abusuakuw no hye; na asaase yi nyinaa bɛyɛɛ Ruben abusuakuw no agyapade sɛnea wɔn mmusua te, nkurow no ne nkuraa a ɛwowɔ ho nyinaa. 24  Afei Mose de Gad abusuakuw no, kyerɛ sɛ Gadfo, agyapade maa wɔn sɛnea wɔn mmusua te. 25  Wɔn hye fi Yaser+ ne Gilead nkurow no nyinaa ne Ammonfo+ asaase no fã kosi Aroer a ɛda Raba+ anim. 26  Afei efi Hesbon+ kɔ Ramat-Mispe ne Betonim, na ɛkɔfa Mahanaim+ kɔ Debir hye so. 27  Na obon no mu* nso, ɛfa Bet-Haram ne Bet-Nimra+ ne Sukot+ ne Safon, Hesbon hene Sihon+ ahemman a aka no, na ɛfa Yordan ho kɔpem Kineret Po*+ no ano wɔ Yordan apuei fam. 28  Eyi ne Gad abusuakuw no agyapade sɛnea wɔn mmusua te, nkurow no ne nkuraa a ɛwowɔ ho nyinaa. 29  Afei Mose de Manase abusuakuw fã no agyapade maa wɔn; ɔde maa Manase abusuakuw fã no sɛnea wɔn mmusua te.+ 30  Wɔn hye fi Mahanaim+ ne Basan nyinaa, kyerɛ sɛ, Basan hene Og ahemman nyinaa, ne Yair+ ntamadan nkurow a ɛwowɔ Basan nyinaa; nkurow no yɛ 60. 31  Na Gilead fã, ne Astarot ne Edrei+ nkurow a ɛwɔ Basan hene Og ahemman mu no kodii Manase ba Makir mma+ nsam, na ɛbɛyɛɛ Makir mma no mu fã dea, sɛnea wɔn mmusua te. 32  Eyi ne agyapade a Mose kyekyɛ maa wɔn wɔ Moab sare so wɔ Yordan agya, Yeriko apuei fam.+ 33  Nanso Lewi abusuakuw no de, Mose amma wɔn agyapade no bi.+ Israel Nyankopɔn Yehowa ne wɔn agyapade, sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “wokõ fa.”
Nt., “Egypt anim.”
Anaa “efi Sihor.”
Anaa “Hamat kwan ano.”
Anaa “Metu wɔn afi wɔn asaase so ama Israelfo.”
Anaa “Arnon Subon.”
Anaa “gyee wɔn asaase.”
Anaa “Israelfo annye Gesurfo ne Maakatfo asaase.”
Anaa “Arnon Subon.”
Anaa “asaasetraa no so.”
Kyerɛ sɛ, ahemfo a na wɔhyɛ Sihon ase.
Kyerɛ sɛ, Genesaret ɔtare, anaa Galilea Po.
Anaa “asaasetraa no so.”