Yosua 14:1-15

  • Wɔkyekyɛɛ asaase a ɛwɔ Yordan atɔe fam no (1-5)

  • Kaleb nyaa Hebron sɛ n’agyapade (6-15)

14  Eyi ne agyapade a Israelfo nyae wɔ Kaanan asaase so a ɔsɔfo Eleasar ne Nun ba Yosua ne Israel agyanom mmusua mu mpanyimfo kyɛ maa wɔn.+  Wɔbɔɔ ntonto de kyɛɛ agyapade no+ maa mmusuakuw akron ne fã no,+ sɛnea na Yehowa nam Mose so ahyɛ no.  Ná Mose de mmusuakuw abien ne fã no agyapade ama wɔn dedaw wɔ Yordan agya.*+ Lewifo de, wamma wɔn agyapade no bi wɔ wɔn mu.+  Wɔfaa Yosef asefo sɛ mmusuakuw abien,+ Manase ne Efraim.+ Wɔantwa asaase no bi amma Lewifo no, gye nkurow+ a wɔbɛtena mu ne ɛho nsaase a wɔn nyɛmmoa bedidi so na wɔde wɔn nneɛma agu so.+  Enti Israelfo no kyekyɛɛ asaase no sɛnea na Yehowa ahyɛ Mose no.  Afei Yuda mmarima baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal,+ na Kenisini Yefune ba Kaleb+ ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara wunim asɛm a Yehowa ka faa me ne wo ho+ kyerɛɛ nokware Nyankopɔn nipa Mose+ wɔ Kades-Barnea.+  Bere a Yehowa akoa Mose somaa me fii Kades-Barnea sɛ menkɔhwɛ asaase no,+ na madi mfe 40, na mesan bae de asɛm a ɛwom biara bɛtoo n’anim.*+  Me nuanom a me ne wɔn kɔe no maa nnipa no koma tui;* nanso me de, mede me koma nyinaa* dii Yehowa me Nyankopɔn akyi.+  Saa da no, Mose kaa ntam sɛ: ‘Asaase a wode wo nan sii so no bɛyɛ wo ne wo mma agyapade daa, efisɛ wode wo koma nyinaa adi Yehowa me Nyankopɔn akyi.’+ 10  Na sɛnea Yehowa hyɛɛ bɔ no,+ wama matena ase+ mfe 45 ni, efi bere a Yehowa hyɛɛ Mose bɔ no, bere a na Israelfo nam sare so no.+ Ɛnnɛ meda so te ase, na madi mfe 85. 11  Ɛnnɛ meda so wɔ ahoɔden te sɛ da a Mose somaa me no. Ahoɔden a na mewɔ saa bere no, seesei saa ara na ɛte; metumi de akɔ ɔko asan de ayɛ nneɛma foforo. 12  Enti fa asaase a ɛwɔ bepɔw so a Yehowa hyɛɛ ho bɔ saa da no ma me. Ɛwom, saa da no wotee sɛ Anakfo+ wɔ hɔ, na wɔwɔ nkurow akɛse a wɔabɔ ho ban.+ Nanso minim sɛ Yehowa bɛka me ho,+ na mɛpam wɔn* sɛnea Yehowa kae no.”+ 13  Enti Yosua hyiraa Yefune ba Kaleb, na ɔde Hebron maa no sɛ n’agyapade.+ 14  Ɛno nti na ɛde besi nnɛ, Hebron yɛ Kenisini Yefune ba Kaleb agyapade no, efisɛ ɔde ne koma nyinaa dii Israel Nyankopɔn Yehowa akyi.+ 15  Kan no, na wɔfrɛ Hebron sɛ Kiriat-Arba+ (ná Arba yɛ Anakfo mu ɔkatakyi). Na wɔanko wɔ asaase no so bio.+

Ase Hɔ Nsɛm

Kyerɛ sɛ, Yordan apuei fam anaa owiapuei.
Nt., “asɛm a ɛwɔ me komam biara bɛtoo n’anim.”
Nt., “maa nnipa no koma nanee.”
Nt., “koma mũ; koma mua.”
Anaa “metu wɔn.”