Yosua 15:1-63

  • Yuda agyapade (1-12)

  • Kaleb babea nyaa asaase (13-19)

  • Yuda nkurow (20-63)

15  Asaase a wɔbɔɔ ntonto de maa+ Yuda abusuakuw mu mmusua no, ɔhye no kɔfa Edom,+ Sina sare so, kosi Negeb anaafo.  Wɔn hye a ɛda anaafo no fi Nkyene Po* no ano noho,+ efi baabi a ɛpo no didi kɔ asaase mu a ani kyerɛ anaafo fam no.  Ɛkɔfa anaafo fam kɔ Akrabim koko+ so kosi Sina, na efi anaafo foro kɔfa Kades-Barnea+ twam kɔ Hesron, foro kɔfa Adar kɔntɔn kɔ Karka.  Afei etwam kɔ Asmon+ kɔfa Egypt Subon+ no ho, na ɔhye no ano kɔpem Ɛpo no.* Eyi ne wɔn hye a ɛda anaafo fam no.  Wɔn hye a ɛda apuei no nam Nkyene Po* no ano de kosi Yordan agya. Na atifi fam hye no fi baabi a ɛpo no didi kɔ asaase mu wɔ Yordan agya no.+  Ɔhye no foro kɔfa Bet-Hogla+ twam kɔ Bet-Araba+ atifi, na ɛforo kɔ Ruben ba Bohan bo+ no ho.  Ɔhye no foro kɔfa Debir wɔ Akor Bon+ no mu,* na ɛdan kɔ atifi kodu Gilgal+ a ɛda Adumim koko anim wɔ subon no anaafo. Na ɔhye no twam kɔfa En-Semes+ nsu no ho kɔpem En-Rogel.+  Ɔhye no foro kɔfa Hinom Ba Bon*+ no ano kosi Yebusi+ koko no nkyɛnmu wɔ anaafo, kyerɛ sɛ, Yerusalem.+ Na bepɔw a ani kyerɛ Hinom Bon no atɔe fam wɔ Refaim Bon no atifi fam tɔnn no, ɔhye no foro kɔ n’atifi.  Ɔhye no fi bepɔw no atifi kɔ Neftoa asuti ho,+ na efi hɔ kɔfa nkurow a ɛwɔ Efron Bepɔw so no ho; na ɛtoa so kɔ Baala, kyerɛ sɛ, Kiriat-Yearim.+ 10  Ɔhye no kɔntɔn fi Baala wɔ atɔe kɔfa Seir Bepɔw ho, na ɛkɔ atifi fam kɔfa Yearim Bepɔw ho, kyerɛ sɛ, Kesalon; na esian kɔfa Bet-Semes+ kɔ Timna.+ 11  Ɔhye no kɔfa Ekron+ koko no nkyɛnmu wɔ atifi fam, na efi hɔ kɔ Sikeron twam kɔ Baala Bepɔw ho, na efi hɔ kɔ Yabneel; ɔhye no kɔpem ɛpo no ano. 12  Atɔe fam hye no ne Ɛpo Kɛse* no mpoano.+ Eyi ne Yuda asefo hye ano nyinaa, sɛnea wɔn mmusua te. 13  Yefune ba Kaleb+ de, ɔmaa no asaase wɔ Yuda asefo mu sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Yosua no; ɛno ne Kiriat-Arba (ná Arba yɛ Anak agya). Saa kurow yi ara ne Hebron.+ 14  Na Kaleb tuu Anak mma+ baasa no fii hɔ, Sesai ne Ahiman ne Talmai,+ Anak asefo. 15  Ofi hɔ foro kɔɔ Debirfo so.+ (Kan no, na wɔfrɛ Debir sɛ Kiriat-Sefer.) 16  Afei Kaleb kae sɛ: “Ɔbarima a obetumi ako afa Kiriat-Sefer no, mede me babea Aksa bɛma no aware.” 17  Ɛnna Kaleb nua Kenas+ ba Otniel+ kɔko fae. Enti Kaleb de ne babea Aksa+ maa no waree. 18  Bere a Aksa rekɔ fie no, otutu guu ne kunu asom sɛ ommisa asaase mfi ne papa hɔ. Ɛnna Aksa si fii n’afurum no so.* Na Kaleb bisaa no sɛ: “Ɛdɛn na wopɛ?”+ 19  Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mepa wo kyɛw, hyira me. Woadi kan ama me asaase wɔ anaafo.* Fa Gulot-Maim* nso ma me ɛ.” Enti ɔde Gulot Atifi ne Gulot Anaafo maa no. 20  Eyi ne agyapade a wɔde maa Yuda abusuakuw no sɛnea wɔn mmusua te. 21  Yuda abusuakuw no nkurow a ɛda anaafo fam a ɛbɛn Edom hye so+ pɛɛ no ne: Kabseel, Eder, Yagua, 22  Kina, Dimona, Adada, 23  Kedes, Hasor, Yitnan, 24  Sif, Telem, Bealot, 25  Hasor-Hadata, ne Keriot-Hesron, kyerɛ sɛ, Hasor, 26  Amam, Sema, Molada,+ 27  Hasar-Gada, Hesmon, Bet-Pelet,+ 28  Hasar-Sual, Beer-Seba,+ Bisiotia, 29  Baala, Yim, Esem, 30  Eltolad, Kesil, Horma,+ 31  Siklag,+ Madmana, Sansana, 32  Lebaot, Silhim, Ain, ne Rimon;+ nkurow 29 ne ɛho nkuraa. 33  Sefela+ nso, nkurow a na ɛwɔ hɔ ne: Estaol, Sora,+ Asnah, 34  Sanoa, En-Ganim, Tapua, Enam, 35  Yamut, Adulam,+ Soko, Aseka,+ 36  Saaraim,+ Aditaim, ne Gedera, ne Gederotaim;* nkurow 14 ne ɛho nkuraa. 37  Senan, Hadasa, Migdal-Gad, 38  Dilean, Mispe, Yokteel, 39  Lakis,+ Boskat, Eglon, 40  Kabon, Lamam, Kitlis, 41  Gederot, Bet-Dagon, Naama, ne Makeda;+ nkurow 16 ne ɛho nkuraa. 42  Libna,+ Eter, Asan,+ 43  Yifta, Asnah, Nesib, 44  Keila, Aksib, ne Maresa; nkurow akron ne ɛho nkuraa. 45  Ekron ne ɛho nkurow ne nkuraa; 46  efi Ekron kɔ atɔe fam nsaase a ɛwɔ Asdod ne ɛho nkuraa nyinaa. 47  Asdod+ ne ɛho nkurow ne nkuraa; Gasa+ ne ɛho nkurow ne nkuraa, de kosi Egypt Subon no, ne Ɛpo Kɛse* no, ne ɛho mantam nyinaa.+ 48  Na bepɔw so nkurow Samir, Yatir,+ Soko, 49  Dana, Kiriat-Sanna, kyerɛ sɛ, Debir, 50  Anab, Estemo,+ Anim, 51  Gosen,+ Holon, Gilo;+ nkurow 11 ne ɛho nkuraa. 52  Arab, Duma, Esan, 53  Yanim, Bet-Tapua, Afeka, 54  Humta, Kiriat-Arba, kyerɛ sɛ, Hebron,+ ne Sior; nkurow akron ne ɛho nkuraa. 55  Maon,+ Karmel, Sif,+ Yuta, 56  Yesreel, Yokdeam, Sanoa, 57  Kain, Gibea, ne Timna;+ nkurow du ne ɛho nkuraa. 58  Halhul, Bet-Sur, Gedor, 59  Maarat, Bet-Anot, ne Eltekon; nkurow asia ne ɛho nkuraa. 60  Kiriat-Baal, kyerɛ sɛ, Kiriat-Yearim,+ ne Raba; nkurow abien ne ɛho nkuraa. 61  Sare so nkurow nso ne: Bet-Araba,+ Midin, Sekaka, 62  Nibsan, Nkyene Kurow, ne En-Gedi;+ nkurow asia ne ɛho nkuraa. 63  Na Yebusifo+ a na wɔte Yerusalem+ no de, Yudafo no antumi antu wɔn amfi hɔ;+ na Yebusifo ne Yudafo tenaa Yerusalem de besi nnɛ.

Ase Hɔ Nsɛm

Kyerɛ sɛ, Ɛpo a Awu.
Kyerɛ sɛ, Ɛpo Kɛse, Mediterranea.
Kyerɛ sɛ, Ɛpo a Awu.
Anaa “Asaasetraa no so.”
Anaa “Asaasetraa.”
Kyerɛ sɛ, Mediterranea Po.
Ebetumi nso akyerɛ, “Aksa bɔɔ ne nsam bere a ɔte afurum no so no.”
Anaa “Negeb.”
Ɛkyerɛ, “Asɛn (Nkankyee) a Nsu Wom.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Gedera ne ne nguammuw.”
Kyerɛ sɛ, Mediterranea Po.