Yosua 16:1-10

  • Yosef mma mmarima agyapade (1-4)

  • Efraim agyapade (5-10)

16  Asaase a wɔnam ntonto so+ de maa Yosef+ asefo no, efi Yordan a ɛbɛn Yeriko kosi Yeriko nsu ho wɔ apuei; ɛkɔfa sare a efi Yeriko foro kɔ Betel mmepɔw mu no so.+  Asaase no san kɔfa Betel a ɛwɔ Lus twam kɔ Arkifo hye so wɔ Atarot,  afei esian kɔ atɔe kɔfa Yafletfo hye so de kosi Anaafo Bet-Horon+ hye so, na efi hɔ kɔ Geser+ kɔpem ɛpo no ano.  Na Yosef asefo,+ Manase ne Efraim, nyaa wɔn asaase.+  Asaase a Efraim asefo nyae sɛnea wɔn mmusua te ni: Wɔn agyapade no hye a ɛwɔ apuei no fi Atarot-Adar+ de kosi Atifi Bet-Horon,+  na ɔhye no kɔfa po no ano. Atifi fam nso, na ɔhye no fa Mikmetat,+ na ɛkɔntɔn fa apuei kɔ Taanat-Silo, na ɛtoa so wɔ apuei hɔ kodu Yanoa.  Afei esian fi Yanoa kɔ Atarot ne Naara, na ɛkɔfa Yeriko+ kɔ Yordan ano.  Ɔhye no fi Tapua+ toa so kɔ atɔe kodu Kana Subon ho, na ɛkɔpem po no ano.+ Eyi ne Efraim abusuakuw no agyapade sɛnea wɔn mmusua te.  Efraim asefo nyaa nkurow nso wɔ Manase agyapade mu,+ nkurow ne ɛho nkuraa nyinaa. 10  Nanso wɔampam Kaananfo a na wɔwɔ Geser no,+ enti Kaananfo kɔɔ so tenaa Efraimfo mu de besi nnɛ,+ na wɔde wɔn yɛɛ nkoadwuma.+

Ase Hɔ Nsɛm