Yosua 17:1-18

  • Manase agyapade wɔ atɔe fam (1-13)

  • Wɔmaa Yosef asefo asaase no bi kaa ho (14-18)

17  Na ntonto no+ yii Manase+ abusuakuw no de maa wɔn, efisɛ ɔno ne Yosef ba panyin.+ Manase ba panyin Makir+ a ɔyɛ Gilead papa no nyaa Gilead ne Basan+ efisɛ na ɔyɛ ɔsabarima.  Na ntonto no yii Manase asefo a aka no nso de maa wɔn sɛnea wɔn mmusua te: Abiesar+ mma ne Helek mma ne Asriel mma ne Sekem mma ne Hefer mma ne Semida mma. Eyinom ne Yosef ba Manase asefo mma mmarima no, sɛnea wɔn mmusua te.+  Nanso Manase ba Makir ba Gilead ba Hefer ba Selofehad+ de, na onni ɔbabarima biara; ne mma nyinaa yɛ mmea. Ne mma mmea no din ni: Mahla, Noa, Hogla, Milka, ne Tirsa.  Na wɔbaa ɔsɔfo Eleasar+ ne Nun ba Yosua ne mpanyimfo no nkyɛn bɛkae sɛ: “Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn agyapade wɔ yɛn nua mmarima mu.”+ Enti ɔmaa wɔn agyapade wɔ wɔn papa nua mmarima mu sɛnea Yehowa kae no.+  Manase san nyaa nsaase du; ɛsono Gilead ne Basan asaase a ɛwɔ Yordan agya* no,+  efisɛ Manase mma mmea no nyaa agyapade sɛnea ne mma mmarima nyaa agyapade no, na Gilead asaase no bɛyɛɛ Manase asefo nkae no agyapade.  Manase hye no fi Aser kɔ Mikmetat,+ wɔ Sekem+ anim. Ɔhye no fi hɔ fa anaafo* kɔ En-Tapuafo asaase so.  Tapua+ asaase no bedii Manasefo nsam, nanso Tapua kurow a ɛwɔ Manase hye so no yɛ Efraim asefo dea.  Ɔhye no sian kɔ Kana Subon no ho, subon no anaafo fam. Ná Efraim nkurow no bi wɔ Manase nkurow no mu,+ na na Manase hye no wɔ subon no atifi, na ano kɔpem po no ano.+ 10  Anaafo yɛ Efraim dea na atifi nso yɛ Manase dea; ne hye kɔpem ɛpo no ano.+ Wɔne* Aser bɔ hye wɔ atifi na wɔne* Isakar nso bɔ hye wɔ apuei. 11  Nea Manase nyae wɔ Isakar ne Aser nsaase so ne Bet-Sean ne ɛho nkuraa, Yibleam+ ne ɛho nkuraa, Dor+ mu nnipa ne ɛho nkuraa, En-Dor+ mu nnipa ne ɛho nkuraa, Taanak+ mu nnipa ne ɛho nkuraa, ne Megido mu nnipa ne ɛho nkuraa, nkurow abiɛsa a egu nkoko so. 12  Nanso Manase asefo antumi anko amfa nkurow yi, na Kaananfo kɔɔ so tenaa asaase no so.+ 13  Bere a Israelfo ho yɛɛ den no, wɔmaa Kaananfo no yɛɛ nkoadwuma,+ nanso wɔantu wɔn amfi hɔ korakora.+ 14  Na Yosef asefo no kobisaa Yosua sɛ: “Adɛn nti na woabɔ ntonto ama yɛn* asaase baako pɛ,+ na woatwa asaase baako ama yɛn sɛ yɛn agyapade? Yɛyɛ ɔman kɛse, na Yehowa ahyira yɛn abedu sesɛɛ.”+ 15  Ɛnna Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ woyɛ ɔman kɛse saa a, ɛnde foro kɔ kwae a ɛwɔ Perisifo ne Refaimfo asaase so no,+ na kobu hɔ fa, efisɛ bepɔw so asaase a ɛwɔ Efraim no+ sua ma wo.” 16  Na Yosef asefo no kae sɛ: “Bepɔw no sua ma yɛn, na Kaananfo a wɔte bon no mu nyinaa,* wɔn a wɔte Bet-Sean+ ne ɛho nkuraa mu ne wɔn a wɔte Yesreel Bon mu*+ no wɔ nteaseɛnam+ a sekan tuatua ho.”* 17  Enti Yosua ka kyerɛɛ Yosef fi, Efraim ne Manase sɛ: “Woyɛ ɔman kɛse na wo ho yɛ den yiye. Ɛnyɛ asaase baako pɛ na wubenya,+ 18  na mmom bepɔw no so nso bɛyɛ wo dea.+ Ɛwom sɛ ɛyɛ kwae de, nanso bu fa, na ɛhɔ na w’asaase no ano bɛpem. Kaananfo no ho yɛ den na wɔwɔ nteaseɛnam a sekan tuatua ho* de, nanso wubetu wɔn afi hɔ.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Kyerɛ sɛ, Yordan apuei fam anaa owiapuei.
Nt., “nifa so.”
Kyerɛ sɛ, Manasefo anaa Manasefo asaase ne.
Kyerɛ sɛ, Manasefo anaa Manasefo asaase ne.
Nt., “me.”
Anaa “asaasetraa no so nyinaa.”
Anaa “Asaasetraa so.”
Anaa “nnade nteaseɛnam.”
Anaa “nnade nteaseɛnam.”