Yosua 18:1-28

  • Wɔkyɛɛ asaase a aka no wɔ Silo (1-10)

  • Benyamin agyapade (11-28)

18  Afei Israel asafo no nyinaa kohyiae wɔ Silo,+ na wosii ahyiae ntamadan no wɔ hɔ,+ efisɛ afei de, na asaase no abedi wɔn nsam.+  Nanso na aka Israel mmusuakuw ason a wɔnkyɛɛ wɔn agyapade mmaa wɔn.  Enti Yosua bisaa Israelfo no sɛ: “Mobɛtwentwɛn mo nan ase akosi da bɛn na moakɔfa asaase a Yehowa mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no?+  Munyi mmarima baasa mfi abusuakuw biara mu mma me na mensoma wɔn; ɛsɛ sɛ wɔkɔfa asaase no so na wosusuw na wohu nea abusuakuw biara benya, na wɔsan ba me nkyɛn.  Wɔnkyɛ asaase no mu ason mfa.+ Yuda bɛka n’asaase so wɔ anaafo,+ na Yosef fi nso aka wɔn asaase so wɔ atifi.+  Mo de, monkyekyɛ asaase no mu ason, na monkyerɛw ho nsɛm mmrɛ me wɔ ha, na mɛbɔ ntonto+ wɔ ha wɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn anim ama mo.  Na Lewifo no de, wɔremma wɔn mo asaase no bi,+ efisɛ wɔn agyapade ne Yehowa asɔfodi.+ Gad ne Ruben ne Manase abusuakuw fã+ no nso anya wɔn agyapade dedaw wɔ Yordan agya wɔ apuei fam, nea Yehowa akoa Mose de maa wɔn no.”  Enti mmarima no sɔree sɛ wɔrekɔ, na Yosua hyɛɛ wɔn a wɔrekosusuw asaase no sɛ: “Monkɔ na monkɔfa asaase no so; munsusuw na monsan mmra me nkyɛn, na mɛbɔ ntonto wɔ ha wɔ Yehowa anim wɔ Silo ama mo.”+  Na mmarima no siim kɔfaa asaase no so susuwii, na wɔkyekyɛɛ mu ason; emu biara ne ne nkurow, na wɔkyerɛwee wɔ nhoma mu. Afei wɔsan baa Yosua nkyɛn wɔ Silo asoɛe hɔ. 10  Na Yosua bɔɔ ntonto maa wɔn wɔ Silo wɔ Yehowa anim.+ Ɛhɔ na Yosua kyɛɛ asaase no maa Israelfo no maa obiara nyaa ne kyɛfa.+ 11  Wɔbɔɔ ntonto maa Benyamin abusuakuw no nyaa wɔn asaase sɛnea wɔn mmusua te. Wɔn asaase no da Yuda asefo+ ne Yosef asefo+ no ntam. 12  Atifi fam no, wɔn hye no fi Yordan ho foro kɔfa Yeriko+ nkoko so wɔ atifi, na ɛforo kɔfa bepɔw no so wɔ atɔe kɔpem Bet-Awen+ sare so. 13  Na ɔhye no toa so fi hɔ kɔfa Lus (ɛno ara ne Betel).+ Ɛfa Lus nkoko a ɛwɔ anaafo no ho; na esian kɔfa Atarot-Adar+ wɔ bepɔw a ɛwɔ Anaafo Bet-Horon+ anaafo fam no so. 14  Ɔhye no fi bepɔw a ɛwɔ Bet-Horon anim wɔ anaafo no so kɔntɔn fa atɔe fam kɔ anaafo; na ɛkɔpem Kiriat-Baal, kyerɛ sɛ, Kiriat-Yearim,+ Yuda kurow bi. Eyi ne atɔe fam hye no. 15  Anaafo fam hye no fi Kiriat-Yearim ano noho, na ɔhye no toa so kɔ atɔe; na ɛkɔ Neftoa asuti ho.+ 16  Ɔhye no sian kɔfa bepɔw a ɛne Hinom Ba Bon+ di nhwɛanim no ho pɛɛ. Saa bepɔw yi kɔ ara kodu Refaim+ Bon* no atifi fam. Na ɔhye no sian kɔfa Hinom Bon mu kɔ Yebusifo+ koko so wɔ anaafo fam, na esian kɔ En-Rogel.+ 17  Na afei ɛkɔ atifi fam, na ɛkɔfa En-Semes kɔ Gelilot a ɛwɔ Adumim koko+ no anim, na esian kɔ Ruben ba Bohan bo+ no ho. 18  Na ɛtoa so kɔ atifi fam kɔfa Araba koko no anim sian kɔ Araba. 19  Ɔhye no toa so kɔ Bet-Hogla+ koko so wɔ atifi fam. Na ano kɔpem baabi a Nkyene Po*+ no didi kɔ asaase mu wɔ atifi fam wɔ Yordan anaafo no. Eyi ne anaafo fam hye no. 20  Asaase no hye a ɛda apuei fam no ne Yordan. Eyi ne agyapade a wɔde maa Benyamin asefo sɛnea wɔn mmusua te; n’afã nyinaa ahye ne no. 21  Nkurow a ebedii Benyamin abusuakuw no nsam sɛnea wɔn mmusua te no ni: Yeriko, Bet-Hogla, Emek-Kesis, 22  Bet-Araba,+ Semaraim, Betel,+ 23  Awim, Para, Ofra, 24  Kefa-Amoni, Ofni, ne Geba;+ nkurow 12 ne ɛho nkuraa. 25  Gibeon,+ Rama, Beerot, 26  Mispe, Kefira, Mosa, 27  Rekem, Yirpeel, Tarala, 28  Sela,+ Ha-Elef, Yebusi, kyerɛ sɛ, Yerusalem,+ ne Gibea+ ne Kiriat; nkurow 14 ne ɛho nkuraa. Eyi ne Benyamin asefo agyapade sɛnea wɔn mmusua te.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Asaasetraa.”
Kyerɛ sɛ, Ɛpo a Awu.