Yosua 19:1-51

  • Simeon agyapade (1-9)

  • Sebulon agyapade (10-16)

  • Isakar agyapade (17-23)

  • Aser agyapade (24-31)

  • Naftali agyapade (32-39)

  • Dan agyapade (40-48)

  • Yosua agyapade (49-51)

19  Afei ntonto+ a ɛto so abien no kɔ maa Simeon, kyerɛ sɛ, Simeon abusuakuw no,+ sɛnea wɔn mmusua te. Ná wɔn agyapade no wɔ Yuda asaase so.+  Ná wɔn agyapade no ne Beer-Seba,+ Saba, Molada,+  Hasar-Sual,+ Bala, Esem,+  Eltolad,+ Betul, Horma,  Siklag,+ Bet-Makabot, Hasar-Susa,  Bet-Lebaot+ ne Saruhen; nkurow 13 ne ɛho nkuraa.  Ain, Rimon, Eter, ne Asan+—nkurow anan ne ɛho nkuraa;  ɛne nkuraa a atwa nkurow yi ho ahyia nyinaa de kosi Baalat-Beer ne Rama wɔ anaafo. Eyi ne Simeon abusuakuw no agyapade sɛnea wɔn mmusua te.  Yuda agyapade no bi na wɔde maa Simeon asefo no, efisɛ na Yuda agyapade no so dodo ma wɔn. Enti Simeon asefo nyaa agyapade wɔ Yuda asaase so.+ 10  Ntonto+ a ɛto so abiɛsa no kɔ maa Sebulon+ asefo sɛnea wɔn mmusua te. Ná wɔn agyapade no hye kosi Sarid. 11  Wɔn hye no foro fa atɔe fam kɔ Mareal de kosi Dabeset, na ɛkɔpem subon a ɛne Yokneam di nhwɛanim no. 12  Efi Sarid kɔfa apuei* kɔ Kislot-Tabor hye so, na efi hɔ kɔfa Daberat+ foro kɔ Yafia. 13  Efi hɔ toa so fa apuei* kɔ Gat-Hefer+ ne Et-Kasin. Na ekyim kɔ Rimon, na ɛtoa so kɔ Nea. 14  Ɔhye no kɔntɔn fa atifi kɔ Hanaton, na ano kɔpem Yifta-El Bon mu, 15  ne Katat, Nahalal, Simron,+ Yidala, ne Betlehem;+ nkurow 12 ne ɛho nkuraa. 16  Eyi ne Sebulon asefo agyapade sɛnea wɔn mmusua te.+ Eyinom ne nkurow no ne ɛho nkuraa. 17  Ntonto+ a ɛto so anan no kɔ maa Isakar,+ Isakar asefo sɛnea wɔn mmusua te. 18  Wɔn asaase no hye kɔfa Yesreel,+ Kesulot, Sunem,+ 19  Hafraim, Sihon, Anaharat, 20  Rabit, Kision, Ebes, 21  Remet, En-Ganim,+ En-Hada, ne Bet-Pases. 22  Na ɔhye no san kɔfa Tabor,+ Sahasuma, ne Bet-Semes, na wɔn hye no ano kɔpem Yordan ho; nkurow 16 ne ɛho nkuraa. 23  Eyi ne Isakar abusuakuw no agyapade sɛnea wɔn mmusua te;+ nkurow no ne ɛho nkuraa. 24  Ntonto+ a ɛto so anum no kɔ maa Aser+ abusuakuw no sɛnea wɔn mmusua te. 25  Ná wɔn hye ne Helkat,+ Hali, Beten, Aksaf, 26  Alamelek, Amad, ne Misal. Ɛkɔ atɔe kɔfa Karmel+ ne Sihor-Libnat, 27  na ɛsan kɔfa apuei kɔ Bet-Dagon kosi Sebulon ne Yifta-El Bon mu wɔ atifi; ɛkɔ Bet-Emek ne Neiel, na efi hɔ kɔ Kabul wɔ benkum so, 28  na ɛkɔfa Ebron, Rehob, Hamon, ne Kana, na ekodu Sidon+ Kɛse. 29  Na ɔhye no dan kɔfa Rama kɔ ara kodu Tiro+ kurow a wɔabɔ ho ban no mu. Afei ɛdan kɔ Hosa, na ɛkɔ kɔpem ɛpo no wɔ Aksib mpɔtam, 30  Uma, Afek,+ ne Rehob;+ nkurow 22 ne ɛho nkuraa. 31  Eyi ne Aser abusuakuw no agyapade sɛnea wɔn mmusua te.+ Eyinom ne nkurow no ne ɛho nkuraa. 32  Ntonto+ a ɛto so asia no kɔ maa Naftali asefo, Naftali asefo no, sɛnea wɔn mmusua te. 33  Wɔn hye no fi Helef kɔfa Saananim dua kɛse no+ ho kɔ Adami-Nekeb ne Yabneel kosi Lakum; na ano kɔpem Yordan. 34  Ɔhye no dan kɔ atɔe kɔfa Asnot-Tabor, na efi hɔ kɔ Hukok kosi Sebulon wɔ anaafo, ne Aser wɔ atɔe, ne Yuda wɔ Yordan apuei fam. 35  Nkurow a wɔabɔ ho ban no ne Sidim, Ser, Hammat,+ Rakat, Kineret, 36  Adama, Rama, Hasor,+ 37  Kedes,+ Edrei, En-Hasor, 38  Yiron, Migdal-El, Horem, Bet-Anat, ne Bet-Semes;+ nkurow 19 ne ɛho nkuraa. 39  Eyi ne Naftali abusuakuw no agyapade sɛnea wɔn mmusua te;+ nkurow ne ɛho nkuraa. 40  Ntonto+ a ɛto so ason no kɔ maa Dan+ abusuakuw no sɛnea wɔn mmusua te. 41  Wɔn agyapade no hye fa Sora,+ Estaol, Ir-Semes, 42  Saalabin,+ Ayalon,+ Yitla, 43  Elon, Timna,+ Ekron,+ 44  Elteke, Gibeton,+ Baalat, 45  Yehud, Bene-Berak, Gat-Rimon,+ 46  Me-Yarkon ne Rakon, na ɔhye no kɔfa Yopa+ anim. 47  Nanso na Danfo asaase sua ma wɔn dodo.+ Enti wɔforo kɔe ne Lesemfo+ kɔkoe, na wɔfaa kurow no, na wɔtwee sekan sɛee no. Afei wɔfae na wɔtenaa hɔ, na wɔsesaa kurow no din Lesem de wɔn agya Dan din too so, enti wɔfrɛɛ no Dan.+ 48  Eyi ne Dan abusuakuw no agyapade sɛnea wɔn mmusua te. Eyinom ne nkurow no ne ɛho nkuraa. 49  Enti wɔkyekyɛɛ asaase no wiei sɛnea n’ahye no te de yɛɛ agyapade. Afei Israelfo maa Nun ba Yosua agyapade wɔ wɔn mu. 50  Sɛnea Yehowa kae no, wɔde kurow a obisae no maa no. Ɛno ne Timnat-Sera+ a ɛwɔ Efraim mmepɔw mu no. Ɔkyekyee kurow no, na ɔtenaa mu. 51  Eyinom ne agyapade a ɔsɔfo Eleasar ne Nun ba Yosua ne Israel agyanom mmusua mu mpanyimfo bɔɔ ntonto wɔ Silo+ kyekyɛ maa wɔn.+ Wɔyɛɛ saa wɔ Yehowa anim wɔ ahyiae ntamadan no ano.+ Enti wowiee asaase no kyekyɛ.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “owiapuei.”
Anaa “owiapuei.”