Yosua 2:1-24

  • Yosua somaa akwansrafo baanu kɔɔ Yeriko (1-3)

  • Rahab de akwansrafo no siei (4-7)

  • Wɔhyɛɛ Rahab bɔ (8-21a)

    • Wɔde hama kɔkɔɔ yɛɛ adanse (18)

  • Akwansrafo no san kɔɔ Yosua nkyɛn (21b-24)

2  Afei Nun ba Yosua somaa mmarima baanu kodɛɛ fii Sitim+ sɛ akwansrafo.* Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔhwɛ sɛnea asaase no te, ɛnkanka Yeriko kurow no.” Enti wosiim kɔe, na wokoduu tuutuuni bi a ne din de Rahab+ fi, na wɔsoɛɛ hɔ.  Na nkurɔfo kɔka kyerɛɛ Yeriko hene sɛ: “Hwɛ! Israelfo mmarima bi awia wɔn ho aba ha anadwo yi rebɛhwɛ sɛnea yɛn asaase yi te.”  Ɛnna Yeriko hene soma kɔka kyerɛɛ Rahab sɛ: “Yi mmarima a wɔabɛsoɛ wo fi ha no bra, na wɔawia wɔn ho aba ha sɛ wɔrebɛhwɛ sɛnea yɛn asaase no nyinaa te.”  Nanso ɔbea no de mmarima baanu no siei. Ɛnna ɔkae sɛ: “Ampa, mmarima no baa me nkyɛn, nanso minnim baabi a wofi.  Esum durui a wɔrebɛto kurow no pon mu no, mmarima no pue kɔe, nanso minnim baabi a wɔfae. Monyɛ ntɛm nni wɔn akyi, na mobɛto wɔn.”  (Nso na ɔde wɔn kɔ ɔdan no atifi de wɔn akosie asaawa nnua bi a wɔahyehyɛ wɔ atifi hɔ no mu.)  Enti ɔhene nkurɔfo no de wɔn ani kyerɛɛ baabi a wotwa Yordan no,+ na wodii wɔn akyi. Bere a ɔhene nkurɔfo no pue kɔe ara pɛ na wɔtoo kurow no pon mu.  Ansa na mmarima a wɔwɔ ɔdan no atifi bɛda no, ɔbea no foro kɔɔ wɔn nkyɛn.  Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Minim sɛ Yehowa de asaase yi bɛma mo,+ na mo ho hu atɔ yɛn so.+ Mo nti, asaase yi sofo nyinaa abɔ hu,+ 10  efisɛ yɛate sɛnea Yehowa maa Ɛpo Kɔkɔɔ no yowee wɔ mo anim bere a mufi Egypt reba no,+ ne nea mode yɛɛ Amorifo ahemfo baanu, Sihon+ ne Og+ a mosɛee wɔn wɔ Yordan agya* no. 11  Bere a yɛtee no, yɛn koma tui,* na mo nti obiara abɔ hu, efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn yɛ ɔsoro a ɛwɔ soro ne asaase a ɛwɔ fam yi Nyankopɔn.+ 12  Afei mesrɛ mo, monka me ntam Yehowa din mu sɛ, ɔdɔ a enni huammɔ a mada no adi akyerɛ mo nti, mo nso mobɛda ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ me papa fifo. Na momma me adanse* a ɛkyerɛ sɛ mubedi mo asɛm so. 13  Munnye me papa ne me maame ne me nua mmarima ne me nua mmea ne wɔn fifo nyinaa. Munnye yɛn na yɛanwuwu.”*+ 14  Ɛnna mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ́ mubewu de, anka yɛde yɛn nkwa* betwa so! Sɛ moamma obiara anhu nea enti a yɛbaa ha, na Yehowa de asaase yi ma yɛn a, yɛn nso yɛbɛda ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ mo na yɛadi mo nokware.” 15  Afei ɔbea no maa wɔn hama ma wɔde faa mfɛnsere mu sii fam, efisɛ na ne dan si kurow no fasu so. Ɔfasu no so na na ɔte.+ 16  Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ bepɔw so na momfa mo ho nsie nnansa, na wɔn a wɔrehwehwɛ mo no anhu mo. Sɛ wɔn a wɔrehwehwɛ mo no san ba a, na moakɔ mo kwan.” 17  Ɛnna mmarima no nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ ntam a woama yɛaka yi bɛyɛ adwuma a,+ 18  yɛba asaase yi so a, gye sɛ yehu sɛ wode hama kɔkɔɔ yi asɛn mfɛnsere a worema yɛafa mu yi ho. Ma wo papa ne wo maame ne wo nuanom ne wo papa fifo nyinaa mmɛka wo ho wɔ ofie ha.+ 19  Obiara a obefi wo fi yi mu akɔ abɔnten no, sɛ owu a, ɔno ara na ayɛ,* na yɛrenni fɔ. Na obiara a ɔbɛtena wo nkyɛn wɔ ofie ha de, sɛ bɔne bi to no a,* ɛnde yebedi fɔ.* 20  Na sɛ woma obi hu nea enti a yɛbaa ha a,+ ɛnde yɛrenni fɔ wɔ ntam a woama yɛaka yi ho.” 21  Ɛnna ɔbea no kae sɛ: “Nea moaka yi, ɛmmra mu saa.” Afei ogyaa wɔn kwan ma wɔkɔe. Na ɔde hama kɔkɔɔ no sɛn mfɛnsere no ho. 22  Enti wofii hɔ kɔɔ bepɔw so, na wɔtenaa hɔ nnansa kosii sɛ wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn no san bae. Wɔhwehwɛɛ akwan no nyinaa so, nanso wɔanhu wɔn. 23  Afei mmarima baanu no sian fii bepɔw no so, na wotwaa nsu no baa Nun ba Yosua nkyɛn, na wɔbɛkaa nea ɛtoo wɔn no nyinaa kyerɛɛ no. 24  Na wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Yehowa de asaase no nyinaa ahyɛ yɛn nsa.+ Na yɛn nti, asaase no sofo nyinaa abɔ hu.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Kyerɛ sɛ, nkurɔfo a wɔsoma wɔn kodɛɛ ma wɔkɔhwɛ sɛnea baabi te na wɔbɛka.
Kyerɛ sɛ, Yordan apuei fam anaa owiapuei.
Nt., “yɛn koma nanee.”
Anaa “momma me sɛnkyerɛnne a edi mu.”
Anaa “Munyi yɛn kra mfi owu mu.”
Anaa “yɛn kra.”
Nt., “ne mogya begu ɔno ara ne ti so.”
Anaa “sɛ obi de ne nsa ka no a.”
Nt., “ne mogya bɛba yɛn ti so.”