Yosua 20:1-9

  • Guankɔbea nkurow (1-9)

20  Na Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ:  “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, ‘Munyi guankɔbea nkurow+ a menam Mose so kaa ho asɛm kyerɛɛ mo no,  na sɛ obi kum obi na wanhyɛ da anaa ne nsa pa na okum* obi* a, waguan akɔ hɔ. Ɛbɛyɛ guankɔbea ama mo afi nea wɔakum no no busuani* nsam.+  Onguan nkɔ nkurow yi baako mu+ na onkogyina kurow no pon ano.+ Afei ɔmfa n’asɛm nto kurow no mu mpanyimfo anim, na wɔmfa no nkɔ kurow no mu nkɔma no baabi na ɔne wɔn ntena.  Sɛ nea wɔakum no no busuani taa no so kɔ hɔ a, ɛnsɛ sɛ wɔde nea wakum nipa no ma no, efisɛ ne nsa na ɛpa ma okum* ne yɔnko no; ná ɔntan no dedaw.+  Ɔntena kurom hɔ nkosi sɛ obegyina asafo no anim ama wɔadi n’asɛm,+ na ɔntena hɔ nkosi sɛ ɔsɔfo panyin a ɔwɔ hɔ saa bere no bewu.+ Ɛno ansa na nea wakum nipa no betumi asan akɔ kurow a oguan fii mu no mu; obetumi akɔ ne kurom ne ne fi.’”+  Enti wohyiraa nkurow yi so:* Kedes+ a ɛwɔ Galilea wɔ Naftali mmepɔw mu; Sekem+ a ɛwɔ Efraim mmepɔw mu; ne Kiriat-Arba,+ kyerɛ sɛ, Hebron, wɔ Yuda mmepɔw mu.  Yordan mpɔtam wɔ Yeriko apuei nso, woyii Beser+ a ɛwɔ sare so no fii Ruben abusuakuw mu. Ná saa sare no wɔ bepɔw so asaase tratraa no so. Woyii Ramot+ a ɛwɔ Gilead fii Gad abusuakuw mu, ɛnna woyii Golan+ a ɛwɔ Basan fii Manase abusuakuw mu.+  Eyinom ne nkurow a woyi maa Israelfo nyinaa ne ahɔho a wɔabɛsoɛ wɔn mu no, na sɛ obi kum obi* na wanhyɛ da a, waguan akɔ hɔ,+ na nea wɔakum no no busuani* no ankum no kosi sɛ obegyina asafo no anim ama wɔadi n’asɛm.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ná onnim na okum.”
Anaa “ɔkra bi.”
Anaa “mogya ho weredifo.”
Anaa “ná onnim na okum.”
Anaa “wɔyɛɛ nkurow yi kronkron.”
Anaa “ɔkra bi.”
Anaa “mogya ho weredifo.”