Yosua 21:1-45

  • Lewifo nkurow (1-42)

    • Nea wɔde maa Aaron asefo (9-19)

    • Nea wɔde maa Kohatfo a wɔaka (20-26)

    • Nea wɔde maa Gersonfo (27-33)

    • Nea wɔde maa Merarifo (34-40)

  • Yehowa bɔhyɛ nyinaa baa mu (43-45)

21  Afei Lewifo agyanom mmusua mu mpanyimfo no baa ɔsɔfo Eleasar+ ne Nun ba Yosua ne Israel mmusuakuw agyanom mmusua mu mpanyimfo nkyɛn,  na wɔka kyerɛɛ wɔn wɔ Silo+ wɔ Kaanan asaase so sɛ: “Yehowa nam Mose so kae sɛ wɔmma yɛn nkurow a yɛbɛtena mu ne nsaase a yɛn nyɛmmoa bedidi so.”+  Enti Israelfo no yii nkurow yi ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so fii wɔn agyapade mu de maa Lewifo no,+ sɛnea Yehowa kae no.+  Na ntonto no bɔɔ Kohatfo mmusua no,+ na Lewifo a wɔyɛ ɔsɔfo Aaron asefo no nam ntonto so nyaa nkurow 13 fii Yuda abusuakuw+ ne Simeon abusuakuw+ ne Benyamin abusuakuw+ no hɔ.  Na Kohatfo a aka no, wɔnam ntonto so maa wɔn nkurow du fii mmusua a ɛwɔ Efraim abusuakuw+ ne Dan abusuakuw ne Manase abusuakuw fã no+ hɔ.  Na wɔnam ntonto so maa Gersonfo+ no nkurow 13 fii mmusua a ɛwɔ Isakar abusuakuw ne Aser abusuakuw ne Naftali abusuakuw ne Manase abusuakuw fã a ɛwɔ Basan no hɔ.+  Na Merarifo+ mmusua no nyaa nkurow 12 fii Ruben abusuakuw ne Gad abusuakuw ne Sebulon abusuakuw no hɔ.+  Enti Israelfo nam ntonto so de nkurow yi ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so maa Lewifo no, sɛnea Yehowa nam Mose so kae no.+  Na wɔde Yuda abusuakuw ne Simeon abusuakuw nkurow a wɔabobɔ din yi mae,+ 10  na ebedii Aaron mma a wofi Kohatfo mmusua mu a wɔyɛ Lewifo no nsam, efisɛ wɔn na ntonto a edi kan no kɔ maa wɔn. 11  Na wɔde Kiriat-Arba+ (ná Arba yɛ Anak agya), kyerɛ sɛ, Hebron,+ a ɛwɔ Yuda mmepɔw mu ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so maa wɔn. 12  Na kurow no ho nsaase ne ɛho nkuraa de, wɔde maa Yefune ba Kaleb sɛ n’agyapade.+ 13  Na ɔsɔfo Aaron mma no, wɔde guankɔbea kurow a sɛ obi kum onipa a obeguan akɔ hɔ maa wɔn.+ Ɛno ne Hebron+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so. Wɔsan maa wɔn Libna+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, 14  Yatir+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, Estemoa+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, 15  Holon+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, Debir+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, 16  Ain+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, Yuta+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne Bet-Semes ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so. Wonyaa nkurow akron fii mmusuakuw abien yi hɔ. 17  Nea wonyae wɔ Benyamin abusuakuw hɔ ni: Gibeon+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, Geba ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so,+ 18  Anatot+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne Almon ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow anan. 19  Nkurow a Aaron asefo a wɔyɛ asɔfo no nyae nyinaa yɛ nkurow 13 ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so.+ 20  Na wɔnam ntonto so maa Kohatfo mmusua a aka a wɔyɛ Lewifo no nso nyaa nkurow fii Efraim abusuakuw no nkyɛn. 21  Wɔde guankɔbea kurow a sɛ obi kum onipa a obeguan akɔ hɔ maa wɔn.+ Ɛno ne Sekem+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so a ɛwɔ Efraim mmepɔw so, ɛne Geser+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, 22  Kibsaim ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne Bet-Horon+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow anan. 23  Nea wonyae wɔ Dan abusuakuw hɔ ni: Elteke ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, Gibeton ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, 24  Ayalon+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne Gat-Rimon ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow anan. 25  Nea wonyae wɔ Manase abusuakuw fã hɔ ni: Taanak+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne Gat-Rimon ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow abien. 26  Nkurow a Kohatfo mmusua a aka no nyae nyinaa yɛ nkurow du ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so. 27  Nea Gersonfo+ a wofi Lewifo mmusua mu no nya fii Manase abusuakuw fã no hɔ ni: Guankɔbea kurow a sɛ obi kum onipa a obeguan akɔ hɔ. Ɛno ne Golan+ a ɛwɔ Basan ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne Beestera ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow abien. 28  Nea wonyae wɔ Isakar abusuakuw no hɔ ni:+ Kision ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, Daberat+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, 29  Yamut ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne En-Ganim ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow anan. 30  Nea wonyae wɔ Aser abusuakuw hɔ ni:+ Misal ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, Abdon ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, 31  Helkat+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne Rehob+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow anan. 32  Nea wonyae wɔ Naftali abusuakuw hɔ ni: Guankɔbea kurow+ a sɛ obi kum onipa a obeguan akɔ hɔ. Ɛno ne Kedes+ a ɛwɔ Galilea ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ɛne Hamot-Dor ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne Kartan ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow abiɛsa. 33  Nkurow a Gersonfo mmusua no nyae nyinaa yɛ nkurow 13 ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so. 34  Lewifo a na wɔaka ne Merarifo mmusua no.+ Nea wonyae wɔ Sebulon abusuakuw hɔ ni:+ Yokneam+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, Karta ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, 35  Dimna ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne Nahalal+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow anan. 36  Nea wonyae wɔ Ruben abusuakuw hɔ ni: Beser+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, Yahas ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so,+ 37  Kedemot ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne Mefaat ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow anan. 38  Nea wonyae wɔ Gad abusuakuw hɔ ni:+ Guankɔbea kurow a sɛ obi kum onipa a obeguan akɔ hɔ. Ɛno ne Ramot a ɛwɔ Gilead+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ɛne Mahanaim+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, 39  Hesbon+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, Yaser+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow no nyinaa yɛ anan. 40  Lewifo mmusua a na wɔaka a wɔyɛ Merarifo mmusua no, nkurow a wonyae nyinaa yɛ 12. 41  Nkurow a Lewifo no nyae wɔ Israelfo asaase so nyinaa yɛ nkurow 48 ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so.+ 42  Ná nsaase a mmoa bedidi so atwa nkurow yi mu biara ho ahyia; saa na na nkurow yi nyinaa te. 43  Enti asaase a Yehowa kaa Israel agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no nyinaa, ɔde maa Israelfo no,+ na wɔfa tenaa so.+ 44  Afei nso, baabi a wɔwɔ biara no, Yehowa maa wɔn asomdwoe sɛnea ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wɔn agyanom no,+ na wɔn atamfo no mu biara antumi annyina wɔn anim.+ Yehowa de wɔn atamfo nyinaa hyɛɛ wɔn nsa.+ 45  Nneɛma pa a Yehowa de hyɛɛ Israelfo* bɔ no nyinaa, baako mpo anka mu; ne nyinaa baa mu.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Israel fi.”