Yosua 22:1-34

  • Mmusuakuw a ɛwɔ apuei fam san kɔɔ wɔn fie (1-8)

  • Wosii afɔremuka wɔ Yordan ho (9-12)

  • Wɔkyerɛɛ nea enti a wosii afɔremuka no (13-29)

  • Wosiesiee asɛm no (30-34)

22  Afei Yosua frɛɛ Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fã no,  na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moadi nea Yehowa akoa Mose hyɛɛ mo nyinaa so,+ na me nso, nea mahyɛ mo nyinaa, moadi so.+  Bere tenten yi nyinaa, moannyaw mo nuanom hɔ de besi nnɛ;+ na moadi Yehowa mo Nyankopɔn ahyɛde so.+  Afei Yehowa mo Nyankopɔn ama mo nuanom ahome, sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.+ Enti mubetumi asan akɔ mo ntamadan mu, asaase a Yehowa akoa Mose de maa mo wɔ Yordan agya* no so.+  Na monhwɛ nni ahyɛde ne Mmara a Yehowa akoa Mose de maa mo no so.+ Nea ɛbɛma moayɛ saa ne sɛ mobɛdɔ Yehowa mo Nyankopɔn,+ mobɛfa n’akwan nyinaa so,+ mubedi n’ahyɛde so,+ mode mo ho bɛbata ne ho,+ na mode mo koma nyinaa ne mo kra* nyinaa asom no.”+  Afei Yosua hyiraa wɔn, na ogyaa wɔn kwan, na wɔkɔɔ wɔn ntamadan mu.  Mose maa Manase abusuakuw fã no agyapade wɔ Basan,+ na abusuakuw no fã a aka no ne wɔn nuanom nso, Yosua maa wɔn asaase wɔ Yordan atɔe fam.+ Afei nso, bere a Yosua regya wɔn kwan ama wɔakɔ wɔn ntamadan mu no, ohyiraa wɔn,  na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa ahonyade ne nyɛmmoa ne dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne kɔbere ne nnade ne ntaade bebree nkɔ.+ Na mo ne mo nuanom nkyɛ nneɛma a munya fii mo atamfo hɔ wɔ ɔko mu no.”+  Afei Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fã no ne Israelfo a aka no dii mpaapaemu, na wofii Silo a ɛwɔ Kaanan asaase so, na wɔsan kɔɔ Gilead asaase so,+ asaase a Yehowa nam Mose so ka ma wɔde maa wɔn sɛ wɔn agyapade a wɔbɛtena so no.+ 10  Bere a woduu Yordan mantam mu wɔ Kaanan asaase so no, Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fã no sii afɔremuka wɔ Yordan ho. Ná ɛyɛ afɔremuka kɛse paa. 11  Akyiri yi, Israelfo a aka no tee sɛ wɔreka sɛ:+ “Hwɛ! Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fã no asi afɔremuka wɔ Yordan mpɔtam, Kaanan hye so, wɔ Israelfo no afã hɔ.” 12  Bere a Israelfo no tee no, Israel asafo no nyinaa boaboaa wɔn ho ano wɔ Silo+ sɛ wɔne wɔn rekɔko. 13  Na Israelfo somaa ɔsɔfo Eleasar ba Finehas+ kɔɔ Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fã no nkyɛn wɔ Gilead asaase so. 14  Ná mpanyimfo du ka ne ho; woyii ɔpanyin baako fii Israel agyanom abusuakuw biara mu. Ná wɔn mu biara da n’agyanom fi ano, Israel apem apem* mu.+ 15  Bere a woduu Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fã no nkyɛn wɔ Gilead asaase so no, wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 16  “Yehowa asafo no nyinaa se yemmisa mo sɛ, ‘Adɛn nti na moayɛ adebɔne yi+ atia Israel Nyankopɔn? Moasi afɔremuka de atew atua atia Yehowa, na monam so atwe mo ho afi Yehowa ho ɛnnɛ da yi.+ 17  Bɔne a yɛyɛe wɔ Peor no, ɛno ara nnɔɔso mma yɛn anaa? Ɛkɔfaa ɔhaw baa Yehowa asafo so, na ɛde besi nnɛ nyinaa, yɛntetew yɛn ho mfii ɔhaw no ho.+ 18  Ɛnna nnɛ nso mopɛ sɛ modan fi Yehowa akyi? Sɛ motew atua tia Yehowa nnɛ a, ɔkyena ne bo befuw Israel asafo no nyinaa.+ 19  Sɛ asaase a wɔde ama mo no na ɛho agu fĩ a, ɛnde muntwa mmra Yehowa asaase so,+ baabi a Yehowa som ntamadan si no,+ na mommɛtena yɛn nkyɛn. Monntew atua nntia Yehowa, na munnsi afɔremuka foforo nnka Yehowa yɛn Nyankopɔn afɔremuka no ho, na amma yɛannan atuatewfo.+ 20  Bere a Sera ba Akan+ faa nneɛma a wɔkae sɛ wɔnsɛe no no, ɛnyɛ Israel asafo no nyinaa na ɛho abufuw baa wɔn so?+ Ɔno nko ara anwu wɔ ne bɔne no ho.’”+ 21  Ɛnna Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fã no ka kyerɛɛ wɔn a wɔdeda Israel apem apem* ano no sɛ:+ 22  “Anyame mu Nyankopɔn Yehowa!* Anyame mu Nyankopɔn Yehowa!+ Ɔno na onim, na Israel nso behu. Yehowa, sɛ yɛatew atua anaa yɛayɛ adebɔne bi atia wo a, ɛnde, nnye yɛn nnɛ da yi. 23  Sɛ yesii afɔremuka fae sɛ yɛde retwe yɛn ho afi Yehowa ho, na yɛabɔ ɔhyew afɔre, aduan afɔre, ne asomdwoe afɔre wɔ so a, ɛnde Yehowa bɛtwe yɛn aso.+ 24  Ɛnte saa. Mmom biribi foforo nti na yɛyɛɛ eyi. Yɛkae wɔ yɛn tirim sɛ, ‘Daakye bi, mo mma bebisa yɛn mma sɛ: “Dɛn na mo ne Israel Nyankopɔn Yehowa wɔ yɛ? 25  Yehowa de Yordan ayɛ ɔhye ato yɛne mo Rubenfo ne Gadfo ntam. Munni kyɛfa biara wɔ Yehowa mu.” Ɛba saa a, mo mma bɛma yɛn mma agyae Yehowa som.’* 26  “Enti yɛkae sɛ: ‘Momma yɛnyɛ ho biribi ɔkwan biara so; momma yensi afɔremuka. Yɛremmɔ ɔhyew afɔre anaa afɔre foforo biara wɔ so, 27  na mmom ɛbɛyɛ adanse wɔ yɛne mo ne yɛn asefo* a wɔbɛba wɔ yɛn akyi no ntam+ sɛ yɛde yɛn hyew afɔre ne yɛn asomdwoe afɔre ne afɔre foforo a aka bɛba Yehowa anim abɛsom no,+ na ɔkyena bi mo mma anka ankyerɛ yɛn mma sɛ: “Munni kyɛfa biara wɔ Yehowa mu.”’ 28  Enti yɛkae sɛ, ‘Sɛ ɛba sɛ ɔkyena bi wɔka saa kyerɛ yɛne yɛn asefo* a, yɛbɛka sɛ: “Monhwɛ Yehowa afɔremuka sɛso a yɛn agyanom yɛe. Ɛnyɛ ɔhyew afɔre anaa afɔre foforo biara nti na wɔyɛe, na mmom wɔyɛe sɛ ɛnyɛ adanse wɔ yɛne mo ntam.”’ 29  Ɛmpare yɛn sɛ yɛbɛtew atua atia Yehowa na yɛatwe yɛn ho afi Yehowa ho+ akosi afɔremuka foforo na yɛabɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre anaa afɔre foforo biara wɔ so bere a Yehowa yɛn Nyankopɔn afɔremuka a esi ne som ntamadan anim no wɔ hɔ!”+ 30  Bere a ɔsɔfo Finehas ne asafo no mu mpanyimfo ne wɔn a wɔdeda Israel apem apem* ano a wɔka ne ho no tee asɛm a Ruben asefo ne Gad asefo ne Manase asefo kae no, ɛtɔɔ wɔn asom.+ 31  Enti ɔsɔfo Eleasar ba Finehas ka kyerɛɛ Ruben asefo ne Gad asefo ne Manase asefo no sɛ: “Ɛnnɛ yɛahu sɛ Yehowa wɔ yɛn ntam, efisɛ moanyɛ eyi sɛ mode resɔre atia Yehowa. Seesei Yehowa rentwe Israelfo aso.”* 32  Afei ɔsɔfo Eleasar ba Finehas ne mpanyimfo no ne Rubenfo ne Gadfo no dii mpaapaemu wɔ Gilead asaase so, na wɔsan baa Israelfo a aka no nkyɛn wɔ Kaanan asaase so bɛbɔɔ wɔn amanneɛ. 33  Asɛm no tɔɔ Israelfo no asom. Enti Israelfo no yii Onyankopɔn ayɛ, na wɔanka bio sɛ wɔne Rubenfo ne Gadfo bɛkɔ akɔko na wɔasɛe asaase a wɔte so no. 34  Na Rubenfo ne Gadfo no too afɔremuka no din,* efisɛ “ɛyɛ adanse wɔ yɛn ntam sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no.”

Ase Hɔ Nsɛm

Kyerɛ sɛ, Yordan apuei fam.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “mmusua mmusua.”
Anaa “mmusua mmusua.”
Anaa “Tweaduampɔn Nyankopɔn Yehowa.”
Nt., “Yehowa suro.”
Nt., “awo ntoatoaso.”
Nt., “awo ntoatoaso.”
Anaa “mmusua mmusua.”
Anaa “moagye Israelfo afi Yehowa nsam.”
Sɛ wohwɛ nkyerɛkyerɛmu a wɔde mae no a, ɛbɛyɛ sɛ wɔtoo afɔremuka no din Ɔdansefo.