Yosua 3:1-17

  • Israelfo twaa Asubɔnten Yordan (1-17)

3  Ɛnna Yosua sɔree anɔpatutuutu, na ɔne Israelfo* nyinaa tu fii Sitim+ kɔɔ Yordan ano. Wɔdaa hɔ maa ade kyee ansa na wɔretwa.  Nnansa akyi no, mpanyimfo no+ faa nkurɔfo no mu wɔ asoɛe hɔ nyinaa,  na wɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Sɛ muhu sɛ Lewifo asɔfo no so Yehowa mo Nyankopɔn apam adaka no a,+ ɛhɔ ara, mumfi baabi a mowɔ no na munni akyi.  Nanso momma kwan bɛyɛ basafa 2,000* nna mo ne apam adaka no ntam; mommmɛn ho, na ɛbɛma moahu ɔkwan a mobɛfa so, efisɛ momfaa ɔkwan no so da.”  Afei Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Montew mo ho,*+ efisɛ ɔkyena, Yehowa bɛyɛ anwonwade wɔ mo mu.”+  Ɛnna Yosua ka kyerɛɛ asɔfo no sɛ: “Momfa apam adaka no,+ na munni ɔman no anim.” Enti wɔfaa apam adaka no dii ɔman no anim.  Na Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Ɛnnɛ da yi, mefi ase ayɛ wo kɛse wɔ Israelfo nyinaa anim,+ na wɔahu sɛ sɛnea midii Mose akyi no,+ saa ara na medi w’akyi.+  Fa ahyɛde yi ma asɔfo a wɔso apam adaka no sɛ: ‘Sɛ mudu Yordan nsu no ano a, munnyina Yordan no mu dinn.’”+  Ɛnna Yosua ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Mommra ha na mummetie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm.” 10  Na Yosua kae sɛ: “Eyi na mode behu sɛ Onyankopɔn teasefo bi wɔ mo mu.+ Ɔbɛpam Kaananfo ne Hitifo ne Hiwifo ne Perisifo ne Girgasifo ne Amorifo ne Yebusifo afi mo anim.+ 11  Hwɛ! Asaase nyinaa Wura no apam adaka redi mo anim akɔ Yordan mu. 12  Afei munyi mmarima 12 mfi Israel mmusuakuw no mu, abusuakuw biara mu ɔbarima baako,+ 13  na sɛ asɔfo a wɔso asaase nyinaa Wura, Yehowa, Adaka no de wɔn nan si Yordan nsu no mu ara pɛ, nsu a ɛtene fi atifi no betwa, na agyina faako te sɛ ɔfasu.”+ 14  Enti bere a ɔman no tu fii wɔn ntamadan mu a wɔrekotwa Yordan no, asɔfo a wɔso apam adaka+ no dii ɔman no anim. 15  (Edu bere a wotwa hwiit a, saa bere no nyinaa Yordan yiri ma ebu fa ne kɔn so.)+ Na bere a asɔfo a wɔso Adaka no duu Yordan nsu no ano a wɔde wɔn nan sii nsu no mu ara pɛ, 16  nsu a ɛtene fi atifi no nyinaa begyinaa faako. Ɛkɔɔ soro te sɛ ɔfasu wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kurow bi a ɛbɛn Saretan. Ɛnna nea ɛtene kɔ Araba Po a ɛno ara ne Nkyene Po* no mu no nso twae. Etwae koraa maa ɔman no faa baabi a ɛne Yeriko di nhwɛanim no twae. 17  Na asɔfo a wɔso Yehowa apam adaka no kɔɔ so gyinaa hɔ dinn wɔ asaase a ɛso awo so+ wɔ Yordan mfinimfini kosii sɛ Israel man no nyinaa faa asaase a ɛso awo so+ twaa Yordan wiei.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “Israel mma.”
Bɛyɛ mita 890 (anm. 2,920). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “Monyɛ mo ho kronkron.”
Kyerɛ sɛ, Ɛpo a Awu.