Yosua 4:1-24

  • Abo a wɔde bɛyɛ nkae (1-24)

4  Bere a ɔman no nyinaa twaa Yordan wiei no, Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ:  “Yi mmarima 12 fi ɔman no mu, abusuakuw biara mu ɔbarima baako,+  na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Momfa abo 12 mfi Yordan mfinimfini, baabi a na asɔfo no nan sisi no,+ na momfa ntwa nkogu baabi a mobɛsoɛ anadwo yi.’”+  Enti Yosua frɛɛ mmarima 12 a oyii wɔn fii Israelfo mu no, abusuakuw biara mu ɔbarima baako,  na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsen nkodi Yehowa mo Nyankopɔn Adaka no anim nkɔ Yordan mfinimfini, na obiara mfa ɔbo baako nto n’abati, sɛnea Israel mmusuakuw dodow te,  na ɛnyɛ adanse mma mo. Na sɛ akyiri yi mo mma bisa mo sɛ, ‘Mode abo yi reyɛ dɛn?’ a,+  monka nkyerɛ wɔn sɛ: ‘Yordan nsu no twae wɔ Yehowa apam adaka no anim.+ Bere a adaka no twaa Yordan no, Yordan nsu no twae. Na abo yi bɛma Israelfo akae saa asɛm yi daa.’”*+  Enti Israelfo no yɛɛ nea Yosua kae no pɛpɛɛpɛ, na wɔsesaw abo 12 fii Yordan mfinimfini, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Yosua no. Abo no dodow ne Israel mmusuakuw no dodow yɛ pɛ. Wɔde twa kɔɔ baabi a wɔbɛsoɛ anadwo no, na wɔde koguu hɔ.  Afei nso, Yosua hyehyɛɛ abo 12 wɔ Yordan mfinimfini, baabi a asɔfo a na wɔso apam adaka no de wɔn nan sisii no.+ Na abo no wɔ hɔ de besi nnɛ. 10  Asɔfo a wɔso Adaka no kɔɔ so gyinaa Yordan mfinimfini kosii sɛ wowiee nea Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no sɛ wɔnyɛ no nyinaa; wɔyɛɛ nea na Mose aka akyerɛ Yosua no nyinaa. Saa bere no nyinaa, na ɔman no retwa Yordan no ntɛmntɛm. 11  Bere a ɔman no nyinaa twa wiei pɛ, asɔfo no nso de Yehowa Adaka no twae wɔ ɔman no anim.+ 12  Na Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fã no de wɔn akode twa kodii Israelfo a aka no anim,+ sɛnea Mose ka kyerɛɛ wɔn no.+ 13  Asraafo bɛyɛ 40,000 a wokurakura akode rekɔ ɔko na wotwae wɔ Yehowa anim kɔɔ Yeriko sare so. 14  Saa da no, Yehowa yɛɛ Yosua kɛse wɔ Israelfo nyinaa anim,+ na wobuu no paa* ne nkwa nna nyinaa sɛnea na wobu Mose paa no.+ 15  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: 16  “Ka kyerɛ asɔfo a wɔso Adanse Adaka+ no sɛ womfi Yordan mu.” 17  Enti Yosua ka kyerɛɛ asɔfo no sɛ: “Mumfi Yordan mu mmra.” 18  Bere a asɔfo a wɔso Yehowa apam adaka no+ fii Yordan mfinimfini bae a wɔn nan kaa asaase a ɛso awo no, Yordan nsu no san bae, na eyiri bu faa ne kɔn so+ sɛnea na ɛte kan no. 19  Bosome a edi kan no da a ɛto so du na ɔman no fii Yordan mu, na wɔbɛsoɛɛ Gilgal+ wɔ Yeriko apuei fam hye so. 20  Abo 12 a wɔfa fii Yordan mu no, Yosua de besisii Gilgal.+ 21  Ɛnna ɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Sɛ ɔkyena bi mo mma bisa wɔn papanom sɛ, ‘Abo yi nso kyerɛ dɛn?’ a,+ 22  monka nkyerɛ mo mma no sɛ, ‘Israelfo faa asaase a ɛso awo so na etwaa Yordan.+ 23  Yehowa mo Nyankopɔn maa Yordan nsu no yowee kosii sɛ wɔn nyinaa twae, sɛnea Yehowa mo Nyankopɔn maa Ɛpo Kɔkɔɔ no yowee wɔ yɛn anim kosii sɛ yetwae no.+ 24  Ɔyɛɛ saa na ama asaase so aman nyinaa ahu sɛ Yehowa tumi sõ,+ na ama mo nso moasuro Yehowa mo Nyankopɔn daa.’”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Na abo yi bɛyɛ nkae ama Israelfo daa.”
Nt., “wosuroo no.”